Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
1 Ɔmansin nhyiam dwumadi foforo a ebefi ase February no bɛkyerɛkyerɛ asɛmti a ɛne “Nya Ɔma Mu Anigye Kɛse” mu. (Aso. 20:35) Wɔkyerɛ anigye ase sɛ tebea a “yiyedi ne akomatɔyam wom.” Nnipa pii de anigye hokwan biara a wonya wɔ asetra mu no di dwuma, na sɛ wɔyɛ saa a, ɛntaa ntra hɔ nkyɛ. Ɛno nyɛ nokware anigye. Nanso, Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi anya mfaso daa. (Yes. 48:17; 1 Yoh. 2:17) Ɔmansin nhyiam dwumadi foforo no besi sɛnea ma a yɛbɛma wɔ honhom fam no bɛma yɛanya anigye kɛse no so dua.
2 Yebesua akwan horow a mfaso wɔ so a yebetumi de yɛn ho ama wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɔkasa ahorow a ahwɛfo akwantufo bɛma no bi nsɛmti ne: “Ahonyade a Ɛnteɛ a Yɛde Bɛfa Nnamfo,” “Kyerɛ Obu Ma Onyankopɔn Nsiesiei a Ɛne ‘Akyɛde Wɔ Nnipa Mu’” ne “Nya Nokware Anigye Afã Horow Mu Kyɛfa.” Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ wɔ nhyiam no ase no ka kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo ne wɔn ahyia asusuw asubɔ ho nsɛmmisa ho. Abusuabɔ a ɛho tew mu a wɔn a wɔabɔ wɔn asu foforo no bɛsom Yehowa no bɛma wɔanya anigye kɛse.
3 Yehowa tumidi a yebegye atom wɔ ɔkwan a ɛfata so no nso de nokware anigye ne ahobammɔ ba. Ɛho hia sɛ nnipa nyinaa hu eyi. Enti ɔmansin nhyiam no baguam ɔkasa no bɛkyerɛkyerɛ asɛmti a ɛne “Wo Ne Onyankopɔn Nkurɔfo a Wɔwɔ Anigye Nyɛ Biako” mu. Hwɛ hu sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn a wɔakyerɛ nokware no ho anigye nyinaa sɛ wommetie ɔkasa yi. Wonnyaa nokware ahobammɔ ne anigye a ɛtra hɔ daa wɔ nnipa nniso ase wɔ saa wiase yi a ɛda Satan tumi mu yi mu. (Ɔsɛnk. 8:9) Nanso, hwɛ anigye a wobenya bere a wɔne Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ anigye bɔ no!—Dw. 144:15b.
4 Ɛmfa ho nhyehyɛe yi tebea a ɛresɛe no, anigye Nyankopɔn no renni wɔn a wonya anigye kɛse wɔ ma a wɔma wɔ honhom fam ho no huammɔ da. (1 Tim. 1:11) Ɔmansin nhyiam dwumadi foforo no bɛma eyi ada adi sɛ ɛyɛ nokware. Mma ɛmmpa wo ti so!