Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
Mfaso pa bɛn na Yehowa a wo ne no nantew no ma wunya? Wobɛyɛ dɛn atumi ako atia sɔhwɛ a ɛbɛma woama nneɛma a ɛnyɛ teokrase de ho ahia wo asen Ahenni nneɛma wɔ w’asetra mu? (Mat. 6:33) So ɛyɛ den ma wo sɛ wubehu papa ne bɔne wɔ wiase a ɛma bɔne yɛ sɛ papa no mu? (Heb. 5:14) Wɔbɛka eyinom ho asɛm wɔ “Fa Onyankopɔn Akwan So na Ayɛ Mfaso Ama Wo Nnɛ” ɔmansin nhyiam a yebefi ase February 2000 no ase.—Dw. 128:1.
Biribi foforo a wɔbɛyɛ wɔ ɔmansin nhyiam yi ase Memeneda bɛyɛ Ɔsom Nhyiam nhwɛsode bi. Mo mansin sohwɛfo bɛka nea wɔbɛyɛ no akyerɛ asafo ahorow no na ama obiara atumi asiesie ne ho akɔ akonya dwumadi no mu kyɛfa akosi ase.
Ɔfã a wɔato din sɛ “Akwampaefo—Monhwɛ Mo Nantew Yiye” no bɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛda nyansa ne ntease adi na yɛtɔ bere a ɛfata de yɛ akwampae som adwuma no. (Efe. 5:15-17) “Hwɛ Yiye Wɔ Akwan a Ɛte sɛ Nea Ɛteɛ” ho no bɛkyerɛ yɛn sɛnea yebehu nea ɛsɔ Onyankopɔn ani wɔ yɛn asetra nyinaa mu. Ɔkasa a ɛne “Sɛnea Nkɔmhyɛ a Anya Mmamu Ka Yɛn” no bɛboa yɛn ma yɛde Onyankopɔn Asɛm ho dɔ ahyɛ yɛn adwenem ne yɛn komam ma. Baguam ɔkasa a ɛne “Onyankopɔn Akwan—Hwɛ Mfaso a Ɛwɔ So!” no besi mfaso pa a Yehowa trenee ahwehwɛde sodi ma yenya nnɛ no so dua.
So wopɛ sɛ wode nsu mu asubɔ kyerɛ wɔ baguam sɛ wopɛ sɛ wofa Onyankopɔn akwan so sɛ n’asomfo a wɔahyira wɔn ho so mu biako? Ɛnde wo ne ɔhwɛfo guamtrani no nkasa na ama wayɛ ho nhyehyɛe a ehia no.
Fa yɛ wo botae sɛ woremma ɔmansin nhyiam a ɛyɛ ne bere mu de yi mpa wo ti so. Kotie nnanu dwumadi no nyinaa, efisɛ “obiara a osuro Yehowa na ɔfa n’akwan so no wɔ anigye.”—Dw. 128:1, NW.