Sankɔhwɛ a Ɛboa ma Wonya Anisɔ
1 Sankɔhwɛ a etu mpɔn boa ma ofiewura nyin nkakrankakra ma ɔbɛyɛ gyidini. Nyansahyɛ a eye a ɛsɛ sɛ woma ɛtra w’adwenem bere a woresan akɔsra wɔn a wɔada anigye adi no bi ne nea ɛwɔ he?
2 Nea edi kan koraa no, siesie wo ho yiye. Ɛsɛ sɛ wufi eyi ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam wɔn a wɔdaa anigye adi no ho kyerɛwtohɔ a edi mu a wobɛyɛ so. Kyerɛw ofiewura no din, asɛm a mobɔɔ ho nkɔmmɔ, nea ɔyɛe wɔ ho, ne nhoma biara a wode mae. Afei hwɛ w’afie afie kyerɛwtohɔ kratasin no mu ansa na woasan akɔ ne nkyɛn, na fa mpaebɔ susuw nea wobɛka no ho.
3 Afei woasiesie wo ho awie. Dɛn na wubetumi aka? Sɛ wode asemmisa bi gyaw ofiewura no wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, mubetumi agyina saa asɛmti no so abɔ nkɔmmɔ bere a woasan akɔ hɔ no. Sɛ nhwɛso no, sɛ na nsrahwɛ a edi kan no fa Onyankopɔn Ahenni mu nhyira horow ho a, wubetumi abisa sɛ “Dɛn nti na Onyankopɔn ma nsɛmmɔnedi ho kwan?”
Sɛ wosan kɔ hɔ na woda wo ho adi wie a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Bere a yɛbɔɔ nkɔmmɔ nnaano no, yesusuw nea enti a Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ma nsɛmmɔnedi pii ho kwan nnɛ no ho. So woasusuw wo bio?” [Twɛn ma ommua.] So wususuw sɛ Onyankopɔn dwen adesamma ho ampa? [Twɛn ma ommua.] Susuw nea Bible no ka wɔ Yohane 3:16 ho.” Bere a woakenkan nkyekyem no awie no, wubetumi atwe adwene asi Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ti 8 no afã horow pɔtee bi a ɛka nea enti a Onyankopɔn ma nsɛmmɔnedi ho kwan nnɛ ho asɛm no so.
4 Asemmisa foforo a ɛkanyan adwene a wubetumi agyaw wɔ wo nsrahwɛ a edi kan no mu ne: “So na Onyankopɔn pɛ sɛ onipa tra ase daa a, dɛn nti na nnipa nyinyin na wowuwu?” Bere a woasan akɔ hɔ no, wubetumi akyerɛ wɔn mmuae a Bible no de ma wɔ saa nsemmisa no ho wɔ Romafo 5:12. Bere a woakenkan kyerɛwsɛm no awie no, twe adwene si nkyekyem a edi kan wɔ So Asetra Yi Ara na Ɛwɔ Hɔ nhoma no kratafa 35 a ɛka ade titiriw nti a onipa nyin na owu ho asɛm no so.
5 Sɛ mobɔɔ akwan a wɔfa so hu nokware som ho nkɔmmɔ wɔ wo nsrahwɛ a edi kan no mu, na wode Mankind’s Search for God nhoma no mae a, asemmisa a eye a wubetumi agyina so ayɛ wo sankɔhwɛ no ne sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na ɔsom pii bae?” Sɛ wosan kɔ hɔ a, mubetumi aka nhoma no ti 2 mu nsɛm pɔtee bi ho asɛm.
6 Kɔkɔbɔ bi ni. Hwɛ yiye wɔ nsɛm a wubisa bere a woasan akɔ hɔ no ho. Bisa a wubebisa sɛ “So wokenkan nhoma a mede maa wo no?” anaa “Wokae me?” anaa “Wokae nea yɛbɔɔ ho nkɔmmɔ bere a mebaa ha nnaano no?” taa ma ofiewura no yɛ basaa. Nsemmisa a ɛte saa no ntaa nsow aba pa. Ɔkwan foforo so no, da adamfofa su adi, yɛ fakaa, na nkyɛ. Su horow yi bɛma nkrasɛm no ayɛ anigye.
7 Wubetumi afa eyi ne akwan afoforo so akanyan anisɔ wɔ anigyefo komam. Dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛyɛ sankɔhwɛ biako dapɛn biara? Fa atifi hɔ nyansahyɛ ahorow a eye no di dwuma, na hwehwɛ adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw a wɔbɛboa wo. W’anigye bɛyɛ kɛse bere a woboa ma anigye a wodi kan nya no yɛ kɛse denam sankɔhwɛ a etu mpɔn a woyɛ so no.