Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔahu Yɛn Nhoma Ahorow no so Mfaso
1 “Onyankopɔn Asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wom.” (Heb. 4:12) Esiane sɛ yɛn nhoma ahorow a egyina Bible so no boa nkurɔfo ma wonya Onyankopɔn Asɛm mu tumi mu mfaso nti, yɛde kanyan Bible no ho anigye bere a yedi adanse bɔnnɔ so anaa yɛkɔ afie afie no.
2 Nhoma a yɛde rema wɔ January mu ne nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a ɛdodow so anaasɛ wotintimii ansa na 1980 reba. Sɛ mowɔ saa nhoma no bi wɔ mo asafo mu a, siesie Ahenni nkrasɛm a wobɛka akyerɛ no ma ɛntwe adwene nsi nhoma a wode redi dwuma no mu asɛm pɔtee bi so. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?
3 Sɛnea Wubesiesie Wo Ho: Nea edi kan no, paw nhoma a wode di dwuma no mu asɛm bi a ɛda adi sɛ mo asasesin no mu nnipa komapafo ani begye ho. Afei, susuw asɛm bi a asi nnansa yi anaa nea nnipa dodow no ara ani gye ho a ebia wubetumi ne ofiewura no abɔ ho nkɔmmɔ tiawa ansa na woatwe n’adwene asi nhoma no mu asɛm a woapaw no so. Ebia kyerɛwsɛm bi a wɔaka emu asɛm anaa wɔabɔ din wom, na mubetumi akenkan afi Bible no anaa nhoma no mu tẽẽ de agyina wo nsɛm no akyi. Fa nhoma no ma wɔ ahotoso mu na yɛ ofie Bible adesua a wontua hwee no ho ɔyɛkyerɛ. Bɔ mmɔden sɛ wode asemmisa anaa asɛm bi a wubetumi agyina so ayɛ sankɔhwɛ begyaw no.
4 Asafo pii wɔ Your Youth—Getting the Best Out Of It ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No no bi wɔ hɔ. Sɛ mowɔ nhoma yi bi a, dɛn nti na wunsiesie wo ho sɛ wo ne mmofra a wuhyia wɔn wɔ asasesin no mu bɛbɔ nkɔmmɔ? Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkenkan nhoma a mfaso wɔ so yi mu biako. Sɛ wode Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu rema a, wubetumi afa ɔkwan a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no so, na woasiesie wo ho sɛ wo ne no besusuw Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ a wɔka ho asɛm wɔ Bible adesua nhoma a eye kyɛn so yi mu dodow biara ho.
5 Fa Mankind’s Search for God no ma: Ebia wubetumi atwe adwene asi atesɛm krataa mu anaa radio so asɛm bi a esi sɛnea nyamesom de ne ho hyehyɛ wiase nsɛm mu anaa ɛkyerɛ nkɛntɛnso a nyamesom anya wɔ nnipa asetra mu so dua so de afi nkɔmmɔbɔ ase.
Afei bisa asɛm te sɛ eyi:
◼ “Wususuw sɛ Onyankopɔn bu nyamesom nhyehyɛe ahorow a anya wiase nsɛm so nkɛntɛnso nnɛ no dɛn? [Ma ommua.] So ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ ɔsom ahorow yi nyinaa nkyerɛkyerɛ atitiriw di nsɛ kɛse, na ɛyɛ soronko koraa wɔ Bible mu nkyerɛkyerɛ ho?” Afei bue baabi a wɔahyehyɛ nsɛmti no wɔ hɔ no kyerɛ no, na kyerɛkyerɛ mu tiawa sɛ, sɛ ebia obi pɛ nyamesom anaa ɔmpɛ no, nyamesom nkɛntɛnso a ano yɛ den reka n’asetra. Da no adi sɛ obetumi asua biribi afi hu a obehu nea enti a adesamma afa akwan horow pii so ahwehwɛ Onyankopɔn, na wonhu sɛnea wobetumi ahu nokware som no mu.
6 Ɛtɔ da bi a, ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata kɛse sɛ wobɛma no nsɛmma nhoma anaa kratawa. Yɛwɔ ntease pii nti a ɛsɛ sɛ yɛde anigye ne nnamyɛ hyɛ afoforo nkuran ma wɔkenkan nhoma ahorow yi sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi ahu Onyankopɔn Asɛm mu tumi wɔ wɔn asetra mu denam n’akwankyerɛ a wobedi akyi no so.