Fa Yɛn Nhoma Ahorow No Di Dwuma Yiye
1 Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no de nhoma ahorow pii ama yɛn na aboa yɛn wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu. (Mat. 28:19, 20) Ɛsɛ sɛ Asafo ti no nhoma ahorow no ho anisɔ a yɛwɔ no kanyan yɛn ma yɛde di dwuma yiye wɔ yɛn som adwuma no mu.
2 Bere a yɛreyɛ yɛn som adwuma no, yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn a wɔte sɛ nguan no ma wɔba nkwa kwan no so. Nhoma no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa. Sɛ yɛne onigyeni bi susuw Kyerɛwnsɛm no ho a, yebetumi ahu sɛ n’ani gye asɛmti pɔtee bi ho. Sɛ yenim nhoma ahorow no mu nsɛm a ɛsom bo no yiye a, yebetumi asakra asɛm a yɛka no na yɛde nhoma a ɛhyɛ da ka nneɛma a onipa a yɛne no rekasa no ani gye ho ho asɛm no ama no. Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ yɛde nhoma a ɛsɛ no san kɔ ne nkyɛn.
FA NEA WOHIA MA
3 Ɛdenam yɛn asasesin mu adwuma a yɛbɛyɛ no fefeefe so no, yebehu nnipa a wɔn ani gye Bible no ho ampa, a wɔpɛ sɛ wosua ho ade pii. Yɛn nhoma ahorow no mu biara betumi aboa wɔn ma wɔanya Bible no mu ntease. Nanso sɛ yɛne obi a onnye Bible no nni, na ogye di sɛ abirabɔ wɔ emu nsɛm mu, anaasɛ ɛne nyansahu nhyia a, ɛbɛfata sɛ yɛde Is the Bible Really the Word of God! ma no, sɛ mo asafo no wɔ bi a. Saa nhoma no kyerɛ sɛ nsɛm a nnipa ka tia Bible no nyinaa nyɛ nokware, na ɛde nea enti a ɛsɛ sɛ yegye Bible no tom sɛ Onyankopɔn Asɛm ho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ pefee ma. Anaasɛ wubetumi de Mankind’s Search for God nhoma no ama, bere a wode atiri 15 ne 16 adi dwuma no.
4 Nnipa pii hyia ɔhaw ahorow wɔ wɔn ankasa fie asetra mu. Ebia Bible no afotu anaasɛ sɛnea wɔde bedi dwuma ho nimdeɛ kakraa bi na wɔwɔ. Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa wɔn ma wɔagyina asetra mu ɔhaw ahorow ano, na wɔanya ano aduru a etumi yɛ adwuma no, yebetumi de Abusua Asetra nhoma no ama wɔn, anaasɛ ebia yebetumi atwe wɔn adwene asi Happiness nhoma no atiri 5 kosi 8 so. Ebia nneɛma rensakra ntɛm bere nyinaa, nanso yebetumi ada no adi sɛ Bible afotu yɛ adwuma ankasa.
5 Sɛ wokɔ nkurɔfo a wɔwɔ mma nkyɛn a, susuw nhoma ahorow a wɔhyɛɛ da yɛ maa mmofra a wode bɛma no ho. Ebia wubetumi de Young People Ask nhoma no adi dwuma. Adawurubɔfo pii aboa awofo ne mmofra nyinaa denam Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaasɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yebetie No a wɔde mae no so.
6 Nkratawa kura nyɛ den, na yebetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase bere a yɛkɔ afie afie, ne bere a yedi bɔnnɔ so adanse nso. Anidaso Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma adɔfo a Woawuwu yɛ kratawa a ɛma awerɛkyekye yiye, a ekura nsɛm a ɛsom bo. So wofa nkratawa ahorow pii hyɛ wo ho? So wowɔ nsɛm a woasiesie a wonam so de bɛkyerɛ?
7 Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo a, yɛpɛ sɛ yɛde nhoma pii a wɔde sua Bible a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ama no di dwuma yiye. (Mat. 24:45-47) Honhom fam aduan a abu so saa no da ayamye a Yehowa wɔ, ne sɛnea odwen adesamma nyinaa ho no adi.