Fa Yɛn Nhoma Ahorow no Di Dwuma Yiye
1. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ nneɛma a Yehowa de ma yɛn no ho anisɔ de asuasua Yesu?
1 Bere a Yesu maa nnipadɔm aduan dii anwonwakwan so wiei no, ɔhwɛ ma wɔsesaw nea ɛkae no. (Mat. 14:19-21) Sɛnea Yesu kyerɛɛ Yehowa nsiesie ho anisɔ no yɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yedi akyi na ‘yɛkyerɛ nneɛma’ a Yehowa nam “ofiehwɛfo nokwafo” no so de ma yɛn no ‘ho anisɔ.’—Kol. 3:15; Luka 12:42; Mat. 24:45-47.
2. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛn nsɛmma nhoma ammɔ ampee so?
2 Nsɛmma Nhoma: Nsɛmma nhoma betumi abɔ apee so wɔ yɛn dan mu. Sɛ nsɛmma nhoma taa ka wɔ yɛn bag mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛtew dodow a yegye no so. Nsɛmma nhoma a akyɛ nso ɛ? Sɛ nsɛmma nhoma no akyɛ mpo a, emu nsɛm no da so ara som bo. Sɛ yɛwɔ nsɛmma nhoma pii wɔ yɛn ho a, ebia ɔsom adwuma sohwɛfo no anaa ɔpanyin foforo betumi aboa yɛn ma yɛahu ɔkwampa a yɛbɛfa so de ama.
3, 4. Sɛ yekogye nhoma wɔ Ahenni Asa so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwene mu?
3 Nhoma Afoforo: Sɛ wɔsakra nhoma a yɛde bɛma no a, di kan hwɛ sɛ wunni bi wɔ fie ansa na woakogye foforo wɔ Ahenni Asa so. Hwɛ sɛ wubegye dodow a wode bɛkɔ asɛnka wɔ dapɛn no mu nkutoo, na sɛ ɛsa a, woakogye foforo.
4 Nhoma a yɛn ankasa kogye sua no de, ɛsɛ sɛ wugye nea wuhia no nkutoo. Kyerɛw wo din ne asafo a wowom no din wɔ faako a wɔagyaw ama wo wɔ nhoma no mu no. Ɛno bɛboa wo ma woahwɛ wo nhoma no so yiye. Sɛ wowɔ Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM so no bi na wode wo nsɛmma nhoma horow a wugye no asie a, ɛho renhia sɛ wokra Watchtower ne Awake! bound volume no bi.
5. Sɛ yɛde yɛn nhoma ahorow rema a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem, na akwan bɛn na yebetumi afa so aka ntoboayi nhyehyɛe ho asɛm?
5 Nhoma Ahorow a Yɛde Ma: Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn nhoma bɛma wɔn a wofi komam kyerɛ ho anigye no nkutoo. Ɛsɛ sɛ woma ɛtena w’adwenem sɛ, yɛn na ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yetua nhoma horow a ɛsom bo a yɛde kɔ asɛnka no ho ka. Nanso, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka akyerɛ afiewuranom sɛ wɔwɔ hokwan sɛ woyi ntoboa de boa wiase nyinaa adwuma no. Sɛ nhwɛso no, sɛ wode nhoma rema wɔn a wɔkyerɛ ho anigye no a, wubetumi aka sɛ: “Sɛ w’ani gye ho sɛ wobɛkenkan yɛn nhoma yi a, yɛde bɛma wo. Ɛwom sɛ yɛntɔn yɛn nhoma no de, nanso yegye ntoboa kakra a woyi sɛ yɛmfa nyɛ adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no.”
6. Dɛn nti na yɛn nhoma ahorow no som bo ma yɛn saa, na dɛn na eyi bɛka yɛn ma yɛde ayɛ?
6 Yesu nam anwonwakwan so maa nnipa aduan, nanso mpɛn pii no, na ɛyɛ honhom fam aduan na ɔde ma wɔn. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.” (Mat. 4:4) Yɛn nhoma ahorow no kyerɛkyerɛ Bible mu nokware a ebetumi ama afoforo anya daa nkwa. (Yoh. 17:3) Ɛnsɛ sɛ yɛma ɛsɛe, efisɛ ɛsom bo paa!