Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/90 kr. 1-3
  • Ma W’ani Nna Hɔ Wɔ Bible Nhoma A Wode Bɛma Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’ani Nna Hɔ Wɔ Bible Nhoma A Wode Bɛma Ho
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA YƐDE REMA NO
  • YƐ OBI A OTUMI HU AKWAN HOROW
  • BƆNNƆ SO ADANSEDI
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhoma A Wɔde Bedi Dwuma Yiye So
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • So Ɛsɛ Sɛ Yɛde Nhoma Kyɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • So Wubu Yɛn Nhoma no sɛ Ɛsom Bo?
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyebɛ—Denam Bible Adesua So
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 2/90 kr. 1-3

Ma W’ani Nna Hɔ Wɔ Bible Nhoma A Wode Bɛma Ho

1 Aseda bɛn ara na yɛde ma wɔ Bible nhoma ahorow a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn daa no ho sɛɛ yi! Honhom mu aduan yi som bo kɛse ma yɛn. Sɛ yɛn nsa ka nhoma foforo bi a, yɛde ahopere buebue mu hwɛ. Afei, bere a yɛkenkan no yiye no, yenya ntease. Anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow no nyin.

2 Mfaso horow a yɛn ankasa nya no ka yɛn ma yɛka nnepa a yɛasua no kyerɛ afoforo. (Mat. 24:14) Yɛn ho pere yɛn sɛ yɛde Asafo ti no nhoma ahorow bɛmoma nnipa dodow biara a yebetumi. Eyi boa wɔn nso ma wosua nokware ahorow a ɛwɔ Bible nhoma ahorow a etumi kyerɛkyerɛ yi mu no. Sɛ yɛasiesie yɛn ho yiye na yɛn ani da hɔ sɛ yebedi kan ayɛ biribi na yɛde nhoma a yɛde rema mprempren no ama a, yebetumi aboa nnipa komapafo afoforo ma wɔadan aba Yehowa nkyɛn ma wɔabɛka yɛn ho wɔ ne som mu.

NEA YƐDE REMA NO

3 Wɔ February ne March mu no, yɛde nhoma a ekura nkratafa 192 no ahorow ahorow bɛma de agye bo a ɛwɔ Cost List so no fa. Nea ɛka nhoma ahorow yi ho ne nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1980 reba no. Asafo ahorow a wɔn nsa renka wɔn nhoma a wɔwɔ no betumi akra kakraa bi afi Asafo ti no hɔ mprempren. Daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw betumi agye nhoma ahorow no bi bo a wɔde ma amanfo no fa wɔ ɔsatu no mu. Wɔn a wɔaka nyinaa begye no bo a ɛwɔ Cost list so no fa.

YƐ OBI A OTUMI HU AKWAN HOROW

4 Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo pii rehu anifere akwan a wɔde bedi adanse bɔnnɔ so wɔ asasesin no mu a yɛn mprempren nsɛnnennen no mfa ho. Ɔkwan bi a ebinom de adi dwuma ma ayɛ yiye ni. Ebia wobɛpɛ sɛ wosɔ hwɛ.

5 Kɔ asasesin no mu baabi a ɛbɛn faako a onua bi te. Bisa nnipa a wɔwɔ hɔ no sɛ wonim faako a Asiamasi te anaa. Nea ɛbɛboa wɔn ma wɔahu no no, kyerɛ sɛ Asiamasi a wohwehwɛ no no yɛ Yehowa Adansefo mu biako. Sɛ́ nnipa no tumi kyerɛɛ wo ne fie anaa dabi no, da wɔn ase fɛfɛ na fa ka ho sɛ “ . . . Me nso meyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Ɛyɛ yɛn yaw sɛ yɛn mprempren tebea a migye di sɛ munim no nti, yentumi ne yɛn nnamfo mmɔ Bible mu nkɔmmɔ, na yɛn nnamfo no binom nso aka akyerɛ yɛn sɛ ɛyɛ wɔn yaw sɛ yentumi nsra wɔn. So na Adansefo no bi ba mo nkyɛn ansa na ɔhaw ahorow yi reba anaa?”

6 Eyi betumi ama woanya hokwan adi adanse a ɛsow aba. Ɛde gyina sɛnea onipa a wone no kasa no bɛyɛ n’ade afa so no, wubetumi de nhoma, anyɛ yiye koraa no kratawa, bi ama na woayɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe. Wufi hɔ a, sɛ wotumi kyerɛɛ wo Asiamasi fie a, kɔ hɔ bere tiaa bi. Ɛno akyi no, kɔ asasesin no fa foforo na fa ɔkwan koro no ara di dwuma na di adanse. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wode nhoma anaa ade biara a wowɔ no sie wɔ ɔkwan a ɛremma wonhu sɛ woreyɛ afie afie adwuma no so.

BƆNNƆ SO ADANSEDI

7 Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ hokwan ahorow a yebetumi de ama nhoma wɔ bɔnnɔ so adansedi mu nso ho. Susuw akwan a wobɛfa so adi ahɔho, abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, nnipa a yehyia wɔn bere a yedi gua, ne wɔn a yehyia wɔn bere a yefi ofi biako mu kɔ foforo mu wɔ asɛnka mu no adanse no ho. Di kan yɛ nhyehyɛe, na nya nhoma a wubetumi de ama mmere a ɛte sɛɛ mu bere biara a ɛbɛyɛ yiye no. Mpɛn pii no, ɛnyɛ den sɛ yɛde nhoma nketewa no biako anaa nea ɛboro saa bɛhyɛ yɛn ho. Yebetumi ayɛ nnepa pii denam bɔnnɔ so adansedi so.​—1 Pet. 3:15.

8 Yehowa ahyehyɛde no ama yɛn nhoma ahorow pii a ɛbɛma yɛakɔ so ayɛ den honhom mu na aboa yɛn ma yɛatrɛw asɛmpa no mu. Yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ wɔ hokwan ahorow a yɛde bɛma Bible nhoma mu no bɛboa yɛn ma yɛahyɛ Yehowa din anuonyam.​—Dw. 34:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena