Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/90 kr. 1-4
  • Yɛn Nnamyɛ Sɛ Asomfo A Yɛbɛma Anya Nkɔanim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Nnamyɛ Sɛ Asomfo A Yɛbɛma Anya Nkɔanim
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • GYINA ASƐNNENNEN NO ANO
  • MOMMA YƐMFA NYƐ YƐN BOTAE
  • Ma Wo Ho Nkokwaw Wɔ Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Asɛnka Nhyiam Horow
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ So Bere Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nea Yɛbɛyɛ Ama Yɛn Ahenni Asɛnka Atu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 2/90 kr. 1-4

Yɛn Nnamyɛ Sɛ Asomfo A Yɛbɛma Anya Nkɔanim

1 Esiane sɛ Ahenni nneɛma di kan wɔ yɛn asetra mu nti, ɛsɛ sɛ biribi kanyan yɛn ma yɛbɔ mmɔden wɔ ɔsom adwuma no mu sɛ yɛn adwuma a yɛapaw. (Marko 13:10) Ɛmfa ho sɛ bere tenten bɛn na yɛde aka asɛm no, yɛpɛ sɛ yɛkɔ so nya nkɔanim wɔ yɛn nnamyɛ sɛ asomfo no mu. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?

2 Nnipa pii a wɔadi yiye wɔ nnwuma ahorow mu no kɔ so yɛ wɔn nimdeɛ ne nnamyɛ foforo daa. Ebia na wɔn asetrade gyina so. Sɛ́ asomfo a yefi yɛn ahonim mu yɛ ade no, ɛho hia sɛ yɛyere yɛn ho nya nkɔanim wɔ tumi a yetumi yɛ asuafo, na yɛkyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no mu. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan afoforo a nnipa ahorow pii ani gye ho.​—Mat. 28:19, 20.

GYINA ASƐNNENNEN NO ANO

3 Mprempren a Yehowa reyɛ wɔn a wɔte sɛ nguan no anoboaboa no ntɛmntɛm yi, yɛn mu pii rekɔ yɛn afipamfo nkyɛn ntoatoaso. Adawurubɔfo pii a ɛte saa no adansedi dwumadi a anya nkɔanim no kanyan wiase no nyinaa. Esiane yɛn dwumadi a anya nkɔanim no nti, ebia nsɛm a na yɛka bere bi a na etu mpɔn no renyɛ nea nnipa a yehyia wɔn no ani gye ho bio. Wɔ Ghana no, esiane tebea a yɛwom no nti, ɛho hia sɛ yetumi hu akwan ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a yebetu mpɔn wɔ asɛmpa no a yɛbɛka akyerɛ afoforo no mu. Ebia ɛho behia sɛ yenya nkɔanim wɔ sɛnea yɛn som adwuma no tu mpɔn no mu.

4 Ɛho hia sɛ yekura adwempa mu bere a yɛne nkurɔfo kasa no sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ nnam ampa wɔ yɛn adwuma no mu. Nyansahyɛ ahorow a eye a wɔde ama wɔ September 1, 1988 Ɔwɛn-Aban mu no a yɛde bedi dwuma pa no betumi aboa yɛn wɔ eyi mu. Sɛ nhwɛso no, kratafa 15, nkyekyem 6, ka sɛnea wobɛda wo ho adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye na adwempa wom so wɔ asasesin no mu wɔ faako a wokɔ hɔ dapɛn biara na wonim wo yiye mu no ho asɛm. Amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛnea wobɛkɔ obi a ɔka kyerɛɛ wo dapɛn a etwaam no sɛ, “Mede me ho hyɛ m’asɔre dwumadi ahorow mu, na edi me honhom mu ahiade nyinaa ho dwuma” no nkyɛn no wɔ kratafa 15, nkyekyem 5.

5 So woaka ofie Bible adesua a wɔde ma kwa ho asɛm tee wɔ w’asasesin no mu? So woyɛ nsasesin a nnwuma ahorow wom a w’asafo no wɔ no mu adwuma? So wutumi di adanse mmorɔn so wɔ mmere a ɛfata na ɛsow aba mu? Ɔkwan biara so no, ti nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ September 1, 1988 Ɔwɛn-Aban mu no mu. Nyansahyɛ ahorow a ɛte sɛɛ a yɛde bedi dwuma no betumi aboa yɛn ma yɛanya nkɔanim wɔ yɛn nnamyɛ sɛ asomfo no mu.

6 Nea ɛka nnam a yɛbɛyɛ no ho ne sɛ yɛbɛyɛ adwuma fefeefe. (Efe. 6:13) Ma w’ani nna hɔ sɛ wubehu faako a nea ɛboro abusua biako te wɔ ofi bi mu no. Ebinom tete boys’ quarters, faako a anka wɔde kar si, anaasɛ mmeae afoforo a sɛ wufi ɔpon ano a wunhu tee. Bisa hwehwɛ abusua no mufo ahorow​—obi a ne mfe akɔ anim a ɛnyɛ nea ɔbɛba abebue ɔpon anaasɛ obi a ebia ɔkɔ adwuma bere a wotaa kɔ ofi no mu no. Ebetumi aba sɛ ɛdenam bere foforo a wobɛsan akɔ so no, wubetumi ato abusua no mufo afoforo. Mpɛn pii no, anwummere adansedi ma wonya hokwan ahorow a ɛte saa.

MOMMA YƐMFA NYƐ YƐN BOTAE

7 Yɛn nnamyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu a yebenya mu nkɔanim no yɛ botae a ɛsom bo a yɛn mu pii betumi adu ho. Egye mpaebɔ a efi komam ne ahosiesie a wodi kan yɛ. Bere a yɛn nnamyɛ wɔ asɛnka mu no nyin no, yebetumi aboa obi nso ma wanya nkɔanim a ɛte saa ara.​—Gal. 6:6.

8 Kae, “ahohiahia kɛse” no remma yɛn ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mma awiei. (Mat. 24:21) Yɛhwɛ kwan sɛ yɛde mfe pii bɛboa wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu no ma wɔasua Yehowa akwan. Akyinnye biara nni ho sɛ anigye a yebenya wɔ Mfirihyia Apem Adedi no mu no bɛyɛ kɛse bere a yehu sɛ wɔn a yɛakyerɛkyerɛ wɔn no de nokwaredi brɛ wɔn ho ase ma Kristo nniso no. Ɛdenam yɛn nnamyɛ wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu a yɛbɛma anya nkɔanim so no, yebetumi ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu​—ma ɛde nidi abrɛ Yehowa na ayi no ayɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena