Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/90 kr. 1-2
  • Ma Wo Ho Nkokwaw Wɔ Wo Som Adwuma Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wo Ho Nkokwaw Wɔ Wo Som Adwuma Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUA Fl ONYANKOPƆN ASƐM MU
  • FA NYANSAHYƐ AHOROW DI DWUMA
  • Boa Afoforo Ma Wɔn Ho Nkokwaw Wɔ Onyankopɔn Asɛm a Yɛde Di Dwuma No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nya Nkɔso wɔ Asɛnka Adwuma no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Fa Ahokokwaw Ne Nnamyɛ Kyerɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • So Wukura Onyankopɔn Asɛm no Mu Pɛpɛɛpɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 7/90 kr. 1-2

Ma Wo Ho Nkokwaw Wɔ Wo Som Adwuma Mu

1 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ obi ho a ɔbɛma akokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu ho nkuran. Ɔkyerɛwee sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayeni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”​—2 Tim. 2:15.

2 Ahokokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu yɛ ade a wonya. Enti, ɛsɛ sɛ ‘yɛbɔ mmɔden’​—yere yɛn ho yiye​—sɛ yɛbɛyɛ asomfo a wɔn ho akokwaw a. Nanso dɛn na ɛbɛboa yɛn?

SUA Fl ONYANKOPƆN ASƐM MU

3 Kyerɛwnsɛm no ho nimdeɛ a yɛn ankasa yɛwɔ no ka yɛn mpɔntu sɛ asomfo no tẽẽ. Sɛ yenim nea Bible no kyerɛkyerɛ no yiye a, yebetu mpɔn kɛse wɔ ‘nokwasɛm no mu a yekura pɛpɛɛpɛ’ no mu. Enti ehia sɛ yeyi bere si hɔ de yɛ kokoam adesua.​—1 Tim. 4:15, 16.

4 Ɔkwan foforo a yɛbɛfa so ahu Onyankopɔn Asɛm ne sɛ ‘yɛde asoyɛ a ɛboro so’ betie ɔkyerɛkyerɛ a egyina Bible so a yɛn nsa ka wɔ asafo nhyiam ahorow ase no. (Heb. 2:1) Wɔka nsɛntitiriw a eye a yɛde bedi dwuma wɔ asɛnka mu ho asɛm wɔ baguam ɔkasa ahorow mu anaasɛ yebetumi anya afi Asafo Nhoma Adesua mu. Teokrase Ɔsom Sukuu no ma yenya ntetee a ɛsom bo a ɛbɛma yɛayɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw, na Ɔsom Nhyiam de nyansahyɛ ahorow a eye ne ɔyɛkyerɛ ahorow a wotumi de di dwuma a ɛbɛboa yɛn ma yɛn ho akokwaw kɛse sɛ asomfo ma. Nanso, sɛ yebenya mu mfaso a ɛsen biara a ehia sɛ yesiesie yɛn ho yiye, na yenya nhyiam ahorow no nyinaa mu kyɛfa nnamyɛ mu.

FA NYANSAHYƐ AHOROW DI DWUMA

5 Paulo ka kyerɛɛ asafo a ɛwɔ Filipi no sɛ wɔnyɛ nneɛma a wohuu wɔ ne ho no. (Fil. 4:9) Ehia sɛ yɛn nso yɛyɛ nneɛma a yɛnam Yehowa ahyehyɛde no so sua no. Sɛ nhwɛso no, yesuaa akwan a yebetumi afa so anya asasesin “foforo” wɔ mmeae a yɛtaa yɛ hɔ adwuma wɔ September 1, 1988 Ɔwɛn-Aban no nkratafa 14-19. Wɔ hia a ehia sɛ yenya ɔkwan foforo a ɛkanyan anigye, na eye, a yɛbɛfa so a wosii so dua akyi no, asɛm no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yensiesie ofiewura no adwene na ama wahwɛ kwan sɛ yɛbɛba ne nkyɛn daa. Wɔde afotu mae sɛ yɛnhwehwɛ wɔn a wɔsɛ no fefeefe, na yɛnhwehwɛ nnipa ahorow ahorow a wɔn nyinaa te faako. Ɛdenam nyansahyɛ ahorow yi a yɛde bedi dwuma so no, na yɛreyɛ nneɛma a yesua no, na na yɛrema yɛn ahokokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu no anya nkɔanim.

6 So yɛde Reasoning nhoma no di dwuma daa wɔ asɛnka mu? Nnianim nsɛm a wɔahyɛ ho nyansa, ne ɔfã nso a ɛka sɛnea yebebua wɔn a wobetumi asiw nkɔmmɔ kwan no betumi ama ɔkwan a yɛfa so di adanse no anya nkɔanim. Afei nso, Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ne sɛnea yɛde nhoma a yɛde ma wɔ ɔsram no mu bɛma a yebedi kan asua sɛnea yɛbɛyɛ no no bɛboa ma biribi pa afi yɛn som adwuma no mu aba.

7 Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya sɛnea wobɛma wo som adwuma anya nkɔanim ho nyansahyɛ afoforo a, kɔ ɔsom adwuma sohwɛfo anaa wo nhoma adesua sohwɛfo nkyɛn kobisa mmoa. Yɛn nyinaa betumi ama yɛn ho a akokwaw sɛ asomfo a ‘wokura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ no anya nkɔanim. Aka kakraa bi na Yehowa Nyankopɔn de nhyehyɛe bɔne yi aba awiei. Ansa na ɔbɛyɛ saa no, ɔpɛ a efi komam a yɛwɔ ne sɛ yɛbɛboa nnipa pii sɛnea yebetumi ma wɔanya nkwagye, na yɛnam saayɛ so de nidi abrɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa.​—Yoh. 15:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena