Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 9/1 kr. 14-19
  • Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ So Bere Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ So Bere Nyinaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yebenya Asasesin “Foforo”
  • Di Adanse Fefeefe
  • Wɔn a Wonwiinwii
  • Asɛnnennen a Ɛne Anibiannaso ho Dwuma a Yebedi
  • Hwɛ a Yɛbɛhwɛ Ma Aba Awiei
  • Mommmrɛ Papayɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Ma W’asɛnka Adwuma Ntu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Wɔ Asasesin A Yɛtaa Yɛ Mu Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Momma Yennya Tema Mma Yɛn Atiefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 9/1 kr. 14-19

Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ So Bere Nyinaa

“Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa. Tra nneɛma yi mu, efisɛ ɛnam eyi a wobɛyɛ no so na wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.”​—1 TIMOTEO 4:16, NEW WORLD TRANSLATION.

1. Dɛn nti na eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase brɛoo wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu?

MPREMPREN Yehowa rema wɔn a wɔte sɛ nguan no anoboaboa no akɔ so ntɛmntɛm. Ɛnde nokwarem no, eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo tɔ wɔn bo ase brɛoo wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu. (Yesaia 60:8, 22; Mateo 24:14; 28:19, 20) Ɛho hia sɛ yɛyɛ ade ma ɛne nea Onyankopɔn reyɛ wɔ yɛn bere yi mu no hyia. Bere a awiei no bɛn kɛse no, yɛbɛsan akɔ nkurɔfo a wɔte yɛn mpɔtam hɔ no nkyɛn mpɛn pii. Nokwarem no, adansedi adwuma kɛse a adawurubɔfo ne akwampaefo pii reyɛ no ama wiase nyinaa asɛnka adwuma no renya nkɔanim mprempren. Anoboaboa adwuma a ɛyɛ anigye yi bɛkɔ so anya nkɔanim.​—Yesaia 60:11; fa toto Dwom 126:5, 6 ho.

2. (a) Sɛnea Yesaia 40:28-31 kyerɛ no, he na yebetumi anya ahoɔden a yehia no afi na ama yɛawie Ahenni asɛnka adwuma no? (b) Ntease pa bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ba yɛn ho so wɔ sɛnea yɛbɛma yɛn som adwuma no atu mpɔn wɔ saa bere yi mu no ho?

2 Sɛ anka yɛbɛte nka sɛ ‘yɛabrɛ’ esiane sɛ yɛtaa yɛ nsasesin bi mu adwuma nti no, momma yenhu sɛ eyi ne bere a ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma yɛn ‘ahoɔden a ɛdɔɔso’ a yehia no na yɛde awie adwuma no. (Yesaia 40:28-31; 1 Yohane 5:14) Ampa, wɔaboaboa “nguan foforo” a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” no mufo ɔpepem pii ano dedaw. Nanso nea na bere bi etumi boa nnipa binom no rentumi mmoa afoforo a wɔda so ara wɔ yɛn nsasesin no mu no. (Adiyisɛm 7:9, 10; Yohane 10:16) Enti, ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani kũ sɛnea yɛn som adwuma no tu mpɔn no ho kɛse.

3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama anigye foforo aba yɛn asɛnka adwuma no mu?

3 Bere a yɛasan ahyɛ yɛn bo a yɛasi no mu den bio no, yebetumi de yɛn adwene asi nnam a yɛbɛyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no so. Eyi betumi ama yɛasan anya anigye wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu. Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? Ɛdenam ‘yɛn ani a yɛbɛma aba yɛn ho ne yɛn nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa’ no so, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛyɛ yɛn som adwuma no te sɛ biribi a yɛyɛ daa ara kwa. (1 Timoteo 4:16) Ɛsɛ sɛ yɛn ano ka nea ɛsen “ayeyi afɔre” a yɛbɔ ara kwa. (Hebrifo 13:15) Ɛsɛ sɛ yɛde ahokokwaw yɛ yɛn adwuma no. (Mmebusɛm 22:29) Ɛnde nea ɛho hia ne ahokokwaw a yɛde bɛyɛ yɛn asasesin mu adwuma. Yɛn som adwuma no afã horow bi a ɛho hia sɛ ‘yɛma yɛn ani ba so’ no ni.

Sɛnea Yebenya Asasesin “Foforo”

4. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya asasesin “foforo” wɔ yɛn asafo no asasesin no mu?

4 Momma yɛnhwɛ tebea no wɔ ɔkwan pa so. Wɔ mmeae ahorow pii no, nsasesin foforo anaasɛ nea wɔntaa nyɛ mu adwuma biara nni hɔ. Ɛnde dɛn nti na wonyɛ asasesin “foforo” wɔ mo asafo no asasesin no mu? Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, sɛ yɛtaa kɔ nkurɔfo nkyɛn a, yɛrentumi nyɛ yɛn ho te sɛ nea yɛnkɔɔ saa ofi no mu da denam asɛm a yɛtaa ka wɔ apon ano nkutoo no a yɛbɛka no so. Ɛda adi sɛ sɛ yɛayɛ asasesin no mu adwuma mpɛn pii a, ofiewura no behu yɛn. Reasoning From the Scriptures nhoma no de nnianim nsɛm a yebetumi de adi dwuma wɔ yɛn som adwuma no mu bɛboro 40 ma. Ɛsɛ sɛ yesiesie nnianim nsɛm no yiye sɛ biribi foforo a ɛkanyan anigye denam nsɛm a asisi wɔ faako a yɛte no a nkurɔfo ani gye ho a yɛde bɛtoam no so. Sɛ anka yɛbɛte nka sɛ yɛnam wɔn nkyɛn a yɛtaa kɔ no so haw wɔn no, ɛho hia sɛ yenya adwempa na yɛma yɛn asasesin no yɛ “foforo” denam nsɛm a etu mpɔn a yɛbɛka no so. Nanso sɛ afiewuranom nna adamfofa su adi a, so eyi betumi aboa?

5. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama adamfofa su a na wonyi no adi kan no ho aba yɛn mfaso? (b) Dɛn na woahu sɛ etumi di dwuma yiye wɔ faako a wote no? (d) Dɛn nti na asɛm a wotie ne nkamfo pa tumi boa?

5 Kan su bi a na ofiewura bi wɔ no betumi ama woanya adwene a ɛnteɛ wɔ ne nkyɛn a wokɔ bio no ho. Nanso dɛn nti na womma saa nimdeɛ no ho mma wo mfaso? Ɔkwan bɛn so? Ebia denam nsrahwɛ a edi kan no ho asɛm a wobɛka na woatoa so aka nea ɔkae wɔ nsrahwɛ a atwam no mu no so. Wubetumi aka sɛ: “Mema wo akye, Owura Addo!” Sɛ ɛte sɛ nea ɛfata a, wubetumi de aka ho sɛ: “Wo ho te dɛn?” Afei wubetumi aka sɛ: “Bere a mebaa ha wɔ dapɛn a atwam no mu no, woka kyerɛɛ me sɛ w’asɔre no di wo honhom fam ahiade nyinaa ho dwuma na woyɛ emuni a wode wo ho hyɛ ne dwumadi ahorow mu. Sɛ obi a meyɛ wo fipamfo a me nso mibu nyamesom aniberesɛm no, mɛpɛ sɛ mibisa sɛ dɛn na w’asɔre no ka wɔ anidaso a ɛfa nkwa a yebenya wɔ nuklea mfe yi mu no ho?” Afei ma ɔnka nkyerɛ wo. Kamfo ofiewura no bere a wubetumi ayɛ saa wɔ nokwarem no. N’asɛm a wubetie na woakamfo no no betumi ama wasakra ne su. Nkurɔfo taa pene nsrahwɛ foforo so sɛ wɔn ankasa nso betumi akasa bi a. Nokwarem no, wobɛpɛ sɛ wosakra w’asɛm no ma ɛfa nea ofiewura no ka no ho.

6. Ɔkwan bɛn so na yebetumi atete afiewuranom ma wɔahwɛ kwan sɛ yɛbɛkɔ so aba wɔn nkyɛn daa? (b) Nsɛntitiriw bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi nkonim? (d) Dɛn na mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin no mu?

6 Wonam nea woka no so betumi atete ofiewuranom ma wɔahwɛ kwan sɛ yɛbɛba wɔn nkyɛn daa. Bɔ mmɔden na ka sɛ: “Hello, Owurayere Opoku! Wo ho te dɛn nnɛ? Wɔ sra a yɛresrasra wɔn a wɔte mpɔtam ha yi mu no, yɛreka . . . ” Anaa, wubetumi aka sɛ: “Mema wo akye! Yɛreyɛ yɛn dapɛn dapɛn nsrahwɛ no. Eye sɛ yɛasan aba. W’afipamfo no ani agye asɛm foforo a yɛresusuw ho wɔ nsrahwɛ yi mu no ho.” Afei toa so. Eyi nso ma asasesin no yɛ “foforo” ma wo. Sɛnea wobɛka asɛm no ankasa betumi ayɛ soronko kakra wɔ ɔman a wɔte mu no mu, nanso eyi ma adwene titiriw a ɛwom no da adi. Dɛn nti na womfa nni dwuma kɛse na ayɛ mfaso ama wo?

7. (a) Bere a Adansefo binom refi ofiewura no nkyɛn akɔ no, ɔkwan bɛn so na wosiesie ofiewura no ma nsrahwɛ foforo? (b) Wɔ eyi mu no dɛn na mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin no mu?

7 Sɛnea ɛbɛyɛ a Adansefo binom besiesie ofiewura no ama nsrahwɛ a edi hɔ no, wɔatumi de asɛm yi adi dwuma ma asow aba: “Yɛhwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ yɛbɛsan abɛsra wo bio.” Ɛdefa wɔn a na mfiase no wɔmpɛ sɛ wɔne wo bɛkasa no ho no, wubetumi aka sɛ: “M’ani agye yɛn nkɔmmɔbɔ no ho. Nokwarem no, wodaa nsɛntitiriw a eye bi adi. Eyi gyee simma kakraa bi de, nanso anyɛ yiye koraa no, yɛanka nsɛmmɔne a yetumi te wɔ bere biara mu no ho asɛm. Nokwarem no, eye.” Akyinnye biara nni ho sɛ wobenya akwan foforo a wobɛfa so ne afiewuranom akasa. Sɛnea ɛte biara no, bɔ mmɔden boa ɔmanfo no na wɔampow yɛn daa nsrahwɛ no denam nsɛm pa ne nsɛm a etu mpɔn a wobɛka ne adamfofa su a wobeyi adi akyerɛ so.

Di Adanse Fefeefe

8, 9. Nyansahyɛ ahorow bɛn na wɔde ama wɔ wɔn a wɔsɛ a wɔbɛhwehwɛ wɔn no ho?

8 Ade foforo a yebetumi ama yɛn ani aku ho a ɛbɛma yɛn anigye ayɛ kɛse ne wɔn a wɔsɛ a yɛbɛhwehwɛ wɔn fefeefe no. (Asomafo no Nnwuma 8:25; 20:24) Sɛ nhwɛso no, ebia onua bi bebisa ɔbarima a ɔwɔ fie hɔ no ase sɛ ɔbea anaasɛ abofra bi ba ɔpon no ano dapɛn awiei anaasɛ anwummere a. Ebia ɔyere no na yɛakasa akyerɛ no mpɛn pii. Enti yɛnam abusua no ti a yɛbɛkasa akyerɛ no so betumi afi ase foforo wɔ ofi bi mu. Yebetumi ama asɛm no afa no ho na yɛaka nsɛm te sɛ nea edi so yi, “Dɛn na wususuw sɛ ɛbɛma w’abusua no anya daakye a ɛyɛ anigye?” anaasɛ “Hyɛ sɛnea Bible no ma abusua mu biakoyɛ nya nkɔso no nsow.” Kamfo ɔbarima no wɔ nsusuwii pa a ebia ɔda no adi no ho.

9 Ɔkwan foforo a wobɛfa so anya asasesin “foforo” ne sɛ wobɛhwehwɛ abusua mufo a wɔte faako​—nanabea, wɔfaase, anaasɛ onua bi a ɔkɔ sukuu ne akummaa a ɔkɔ adwuma wɔ dapɛn no mu. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ​—sukuufo, adwumayɛfo a wɔyɛ ahokwafo, akunafo ne afoforo nkyɛn. Eyi nso boa ma yɛtrɛw asasesin a yɛwɔ no mu.

10. Ɔkwan foforo bɛn na yɛbɛfa so atrɛw yɛn afie afie asasesin no mu, na dɛn na ebinom ayɛ na ama wɔakɔ wɔn a wɔyɛ adwuma anadwo no nkyɛn?

10 Ɔkwan foforo a wobɛfa so atrɛw afie afie asasesin mu ne sɛ yebegyae emu adwumayɛ wɔ mmere horow bi mu bere a yɛde yɛn ho hyɛ yɛn som adwuma no afã afoforo mu no. Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛdannan nea yɛyɛ no mu no, yebetumi ayɛ asasesin no mu adwuma na yɛatwe adwene asi abusua ofie Bible adesua a wontua hwee wɔ ho no so tee. Yebetumi anya nnipa binom a wonni fie bere a yɛkɔ wɔn fi no wɔ wɔn adwuma mu. Adanse a wodi wɔ mmeae a nnwuma wɔ no betumi asow aba kɛse. Sɛ yɛyɛ borɔn so adansedi wɔ bere a ɛfata na ɛsow aba mu a, yebetumi akɔ nnipa yi mu binom nkyɛn. Wɔ Canada no, adwumayɛfo a wɔyɛ adwuma anadwo mũ nyinaa wɔ petrol station, aguadidan ne ahohɔdan ahorow a emu adwumayɛfo wɔ adagyew wɔ saa bere no mu a wɔn ani taa gye ho sɛ wobenya biribi akenkan no nkyɛn a akwampaefo kɔ no asow aba pa. Nokwarem no, ɛho behia sɛ anuanom mmea titiriw kwati mmeae ahorow bi anadwo.

11. (a) Dɛn na Adansefo binom reyɛ wɔ faako a nnipa pii nni fie wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no? (b) Tumi bɛn na nsi a wɔsan de kɔ wɔn a wɔanto wɔn wɔ fie nkyɛn no betumi anya wɔ yɛn asasesin no so, na dɛn na efi ɔsom adwuma no mu ba?

11 Na wɔn a wonni fie bere a yɛkɔ hɔ no nso ɛ? Eyi nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma no fefeefe. Adansefo binom de wɔn afie afie kyerɛwtohɔ a wɔhwɛ so yiye no di dwuma wɔ wɔn afie afie adwuma no akyi pɛɛ na wɔsan kɔ mmeae ahorow a na nnipa no nni fie saa da no anɔpa no. Ɛtaa yɛ nea na afiewuranom no asan aba fie anaasɛ wɔn a wɔkɔ adwuma anadwo no anyan wɔ saa bere no mu. Wɔ mmeae pii no, nnipa no mu ɔha biara mu 50 anaa nea ɛboro saa nni fie awia. Enti yebetumi ama saa asasesin no ayɛ kɛse denam afie a yɛanto nnipa wom no mu a yɛbɛsan akɔ wɔ mmere ahorow bi mu kosi sɛ yebehu obi wɔ fie no so. Akwampaefo ne adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw gye tom sɛ nnam a yɛde yɛ afie a yɛanto nnipa wom no mu adwuma no sow aba pa sen bere a yedi kan yɛ asasesin no mu adwuma no. Ɛda adi sɛ yebenya nhyira horow pii denam yɛn ani a yɛbɛma aba yɛn som adwuma no fã yi so no so.​—Mmebusɛm 10:22.

Wɔn a Wonwiinwii

12. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn bere a nkurɔfo nwiinwii sɛ yɛtaa ba wɔn nkyɛn dodo no? Dɛn ntia?

12 Dɛn na yebetumi aka akyerɛ wɔn a wonwiinwii sɛ yɛtaa ba wɔn nkyɛn dodo no? Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ yɛda nhumu adi. (Mateo 7:12) Wɔ wɔn fam no, ɛte sɛ nea ɛnkyɛ koraa na yɛasan aba. Nanso eye sɛ yɛbɛkae sɛ wɔ mfe pii a atwam no mu mpo no na nkurɔfo ka sɛ ‘Wobaa ha wɔ dapɛn a etwaam no mu,’ bere a yenim yiye sɛ yɛkɔɔ hɔ wɔ bɛyɛ asram asia anaa nea ɛboro saa a atwam no mu no. Afei nso, wɔn nkyɛn a yɛtaa kɔ no betumi akanyan wɔn anigye. Wɔ Guadeloupe no, ɔbarima bi tuu mmirika dii Ɔdansefo bi akyi na ɔkae sɛ: “Mahwɛ wo adapɛn pii. Mentaa ntie Adansefo no, nanso mepɛ sɛ mihu nea enti a motaa srasra nkurɔfo no!” Bible adesua foforo fii mu bae.

13, 14. Ɔkwan bɛn so na yɛn mfɛfo gyidifo binom redi nsɛm ho dwuma bere a afiewuranom nwiinwii no?

13 Anuanom binom afi ayamye mu aka da pɔtee a wɔkɔɔ anwiinwiifo no nkyɛn akyerɛ wɔn na wɔde nsɛmma nhoma a aba foforo no bi ma wɔn na wɔma emu da hɔ pefee sɛ nsɛm a ɛwom no ne nea na ɛwɔ nea yɛwɔ bere a yɛbaa hɔ wɔ bere a atwam no mu no nyɛ pɛ. Bere a yɛne afiewuranom a wɔte saa no susuw nsɛm ho no, yebetumi aka sɛ ebia wɔn nsa aka atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma ahorow pii fi bere a yɛbaa hɔ wɔ bere a atwam no mu no mu nanso ɛnyɛ nea eyinom kura nsɛmpa bere nyinaa. Yebetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ yɛde asɛmpa rebrɛ wɔn na nsrahwɛ no yɛ tiatiaa. Nanso sɛ ofiewura bi nni adagyew a, yebetumi aka sɛ: “Sɛ eyi nyɛ bere pa a metumi ne wo akasa a, metumi abehu wo wɔ yɛn nsrahwɛ a edi hɔ wɔ dapɛn a edi hɔ anaa nea ɛte saa no mu.”

14 Dɛn bio na yebetumi aka? Eyi gyina ofiewura no su ne obu a wɔtaa hwɛ kwan wɔ faako a yɛte no so. Onuawa bi a ɔwɔ Japan no kyerɛkyerɛ sɛnea yɛtaa kɔ nkurɔfo nkyɛn no mu sɛ: “Television bɔ ɔkwan a ahum nam so no ho amanneɛ mpɛn pii na ɛtaa ti amanneɛbɔ no mu mpɛn pii na ama ayɛ mfaso ama wɔn a ebia wɔante nea edi kan no. Wɔyɛ eyi efisɛ nkwa ho asɛm wom. Wɔkɔ so de amanneɛbɔ no ma mpɛn pii bere a ahum no rebɛn kɛse no. Enti, bere a Harmagedon ahum no rebɛn no, ɛsɛ sɛ wɔka kɔkɔbɔ nsɛm no kyerɛ mpɛn pii sɛnea wobetumi na ama wɔagye nnipa nkwa.” Nokwarem no, yɛde ayamye ne koma pa na ɛbɛka saa asɛm no a yɛwɔ anidaso sɛ yebedu otiefo no komam.

Asɛnnennen a Ɛne Anibiannaso ho Dwuma a Yebedi

15. (a) Dɛn na ebetumi ayɛ asɛnnennen kɛse bere a yɛtaa yɛ yɛn asasesin bi mu adwuma no? (b) Dɛn nti na nnipa no mu binom yɛ anibiannaso?

15 Bere a sɛnea yɛsrasra nkurɔfo no nya nkɔanim no, asɛnnennen a ɛreyɛ kɛse ne anibiannaso a yɛtaa hyia no. Nanso nneɛma a ɛde anibiannaso ba no mu binom mu a yɛbɛhwehwɛ no betumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛahyɛ no nsow sɛ yebetumi adu saa nnipa yi mu binom komam. Wɔn anibiannaso no betumi ada wɔn abasamtu ne anidaso a wonni no adi. Ebia wɔbɛte nka sɛ ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so afi mprempren wiase tebea no mu na wosusuw sɛ wobebu wɔn bra wɔ ɔkwan a eye sen biara a wobetumi so. Afoforo nso ahaw esiane sɛ nyamesom akannifo mu binom de wɔn ho hyɛ amammuisɛm mu, wobu ɔbra bɔne, anaasɛ wontumi nhyɛ mmara pɔtee bi ntia aguamammɔ nti. Enti saa afiewuranom yi ayɛ basaa na wɔtra ase ma nnɛ nkutoo.

16. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adu obi a ɔyɛ anibiannaso no komam?

16 Yenim sɛ Kristofo asomfo a wodi kan no tumi dii su koro yi ara so efisɛ nkurɔfo bi kae sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (1 Korintofo 15:32) Enti, yenim sɛ yekura asɛm a ɛho hia sɛ nnipa a wɔte saa no te. Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi adu wɔn komam? Ɔkwan biako ne sɛ yɛde yɛn Bible nhoma ahorow no bɛsan ahyɛ yɛn bag mu, na yɛbɛma wɔahu sɛ yɛyɛ saa. Afei yebetumi abisa wɔn nsɛm a yɛasusuw ho yiye te sɛ nea edidi so yi: “So wususuw sɛ yɛwɔ nnɛ bere yi mu ɔhaw ahorow no ano aduru bi? So ɛkyerɛ sɛ nnipa nnya nnyaa ano aduru? So wususuw sɛ ɛsɛ sɛ yenya adwempa na yɛkɔ so hwehwɛ ano aduru?” Yebetumi aka akyerɛ afoforo sɛ: “Nokwarem no, wugye tom sɛ eye sɛ yɛbɛtra ase a yɛwɔ anidaso sen sɛ yenni nneɛma pa ho anidaso biara. Dɛn na wowɔ anidaso sɛ wubehu?” Yebetumi abisa sɛ: “Dɛn na w’ankasa wote nka sɛ ɛyɛ akwanside kɛse a ɛsen biara ma wiase nyinaa biakoyɛ ne asomdwoe?” Yebetumi abisa afoforo nso sɛ: “So wususuw sɛ nyamesom nyinaa te sɛ nea woaka ho asɛm no?” Nsemmisa a ɛte saa no taa ma afiewuranom kyerɛ wɔn adwene. Afei sɛ wɔma mmuae a, hwɛ sɛ wubetie. Yiw, ma wɔnka nea ɛwɔ wɔn komam mu no nkyerɛ wo. Wɔn mu pii ‘resi apini di akyide nyinaa a wɔyɛ mprempren no ho nkɔmmɔ.’​—Hesekiel 9:4.

17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de yɛn nhoma ahorow no ama nnipa binom bere a wodi kan ka sɛ wɔn ani nnye ho no?

17 Ɔkwan foforo a wobɛfa so adi anibiannaso ho dwuma ne sɛ wobɛhyɛ asɛm bi a ofiewura no kae anaasɛ anoyi bi a ɔde mae no nsow na wode nsɛmma nhoma bi anaasɛ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma bi a ɛka ho asɛm asan akɔ hɔ. Mfiase no ebia ɛbɛyɛ asɛm a ɛmfa nyamesom ho, te sɛ asɛm bi a ɛfa nkokoaa wu anaasɛ kwae a ase retɔre ho. Kyerɛkyerɛ mu sɛ na wo wuresusuw nea ofiewura no ani gye ho no ho na twe adwene si saa asɛm no so. Afei twe adwene si emu nsɛntitiriw so. Ɔbea bi a ɔpow yɛn nhoma no gyee nsɛmma nhoma wɔ anibu kakraa bi akyi. Dɛn ntia? Efisɛ Ɔdansefo no bisaa ɔbea no sɛ ebia onim sɛ woyi mmofra ɔpepem 55 gu afe biara anaa. Esiane sɛ asɛm yi a ɔbea no tee no maa ne ho dwiriw no nti, ɔkae sɛ wɔmfa nsɛmma nhoma a saa amanneɛbɔ no wom no mma no.

Hwɛ a Yɛbɛhwɛ Ma Aba Awiei

18, 19. (a) Nsɛntitiriw afoforo bɛn na ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn ani ba so’ bere a yɛyɛ yɛn som adwuma no? (b) Adwene a ɛnteɛ bɛn na nnipa binom kura wɔ yɛne yɛn gyidi ahorow no ho, na yebetumi abua wɔn dɛn?

18 Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ yenya nkurɔfo ho boasetɔ. Fa anigye kasa brɛoo. Yi ɔdɔ ne ayamye adi. (Galatifo 5:22, 23) Ansa na wobɛkɔ ofi a edi hɔ no mu no, susuw nea esii wɔ ofi a woadi kan akɔ mu no mu no ho na hwɛ baabi a wubetumi anya nkɔso. Da ntease adi efisɛ nnipa pii kura adwene a ɛnteɛ wɔ Yehowa Adansefo ho. Ebia wɔbɛka sɛ, ‘Momfa mo nhyɛ amammuisɛm ne ɔman nnwuma mu,’ ‘Mopow sraadi,’ anaasɛ ‘Mopaapae mmusua mu.’ Nanso saa su yi te sɛ nea wiase no yii no adi wɔ yɛn mfɛfo gyidifo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu ho. Da eyi adi kyerɛ ofiewuranom, na ebia fa nsɛm a wɔafa afi nhoma afoforo mu aka wɔ asɛmti “Neutrality” ase wɔ Reasoning nhoma no mu no di dwuma.

19 Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant kyerɛwee wɔ Kristofo a wodi kan no ho sɛ: “Wɔ Kristoni fam no, ne nyamesom yɛ biribi a atew ne ho afi amammui ho na ɛkorɔn sen no; obu a ɛsen biara no yɛ Kristo de na ɛnyɛ Kaesare de. . . . Wɔ ɔbosonsonni fam no, ɛte sɛ nea Kristoni ho a ɔtwe fi asase so nneɛma ho no te sɛ guan a oguan ɔman adwuma, ade a ɛma ɔman no su ne ɔpɛ yɛ mmerɛw. Tertullian tuu Kristofo fo sɛ wɔmpow sraadi; . . . Kristofo akannifo tuu wɔn fo sɛ wonkwati wɔn a wɔnyɛ Kristofo, wonkwati wɔn agumadi afahyɛ ahorow sɛ atirimɔdenne, ne wɔn agodibea ahorow sɛ faako a wɔyɛ aniwude. . . . Wɔbɔɔ Kristosom sobo sɛ ɛde mpaapaemu ba fie [bere a ɛsakra afoforo no].”​—Caesar and Christ, kratafa 647.

20, 21. (a) Dɛn na yɛpɛ sɛ yehu no yiye bere a nkurɔfo ntie asɛm no? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ‘yɛbrɛ’ na mmom yɛkɔ so yɛ yɛn adwuma pa a ɛne Ahenni asɛnka no?

20 Ɛmfa ho sɛ dɛn na yɛbɛka no, ebinom rentie. Nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ pow a wɔpow Ahenni asɛm no nti, na ɛnyɛ asɛm no a yɛantumi anka wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. (Luka 10:8-11; Asomafo no Nnwuma 17:32; Hesekiel 3:17-19) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa denam Onyankopɔn mmoa so na Yehowa bɛhwɛ ma adwuma no aba n’awiei.​—Fa toto Filipifo 1:6 ho.

21 Ɛnde momma yɛmfa ahotoso a edi mũ nkɔ so sɛ yebenya ‘pii ayɛ wɔ Awurade adwuma no mu a yenim sɛ yɛn brɛ nnyɛ ɔkwa.’ (1 Korintofo 15:58, NW) “Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa. Tra nneɛma yi mu efisɛ ɛnam eyi a wobɛyɛ no so na wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.” (1 Timoteo 4:16, NW) Nea ɛsen ne nyinaa no, “mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.”​—Galatifo 6:9.

So Wubetumi Akae?

◻ Akwan horow a wobɛfa so akura adwempa mu wɔ asasesin a wɔtaa yɛ mu adwuma no ho no bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwehwɛ wɔn a wɔsɛ no fefeefe?

◻ Ɔkwan bɛn so na yɛbɛbɔ mmɔden adi wɔn a wonwiinwii sɛ yɛtaa ba wɔn nkyɛn dodo no ho dwuma?

◻ Akwan horow bɛn so na yebetumi adi asɛnnennen a ɛne anibiannaso no ho dwuma?

◻ Dɛn na ɛbɛma yɛn som adwuma no atu mpɔn?

[Adaka wɔ kratafa 19]

BERE A ASASESIN MU ADWUMAYƐ NYA NKƆANIM NO,

“Ma w’ani mmra wo ho so” wɔ

◻ Ɔkwan a wofa so kɔ nnipa no nkyɛn ne nsɛm a woka kyerɛ a eye no ho

◻ Wɔn a wɔsɛ a wobɛhwehwɛ wɔn fefeefe no ho

◻ Boasetɔ a wonya wɔ wɔn a wonwiinwii no ho no ho

◻ Anibiannaso ne adwene a enhyia ho nsɛnnennen ho dwumadi no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena