Ma W’asɛnka Adwuma Ntu Mpɔn
1 Wim duru sum, na dede bi a ɛyɛ hu mu yɛ den. Omununkum bi a ɛte sɛ wusiw sian ba fam. Ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ mmoadabi dɔm ɔpepem pii a wɔrebɛsɛe asase pasaa! Saa tebea yi a odiyifo Yoel kaa ho asɛm no anya ne mmamu nnɛ wɔ Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo, nnipakuw kɛse no, asɛnka adwuma no mu.
2 May 1, 1998, Ɔwɛn-Aban kratafa 11, nkyekyem 19, kae sɛ: “Onyankopɔn mmoadabi dɔm a wɔwɔ hɔ nnɛ no adi adanse fefeefe wɔ Kristoman ‘kurow’ mu. (Yoel 2:9) . . . Wɔda so ara di akwanside nyinaa so, na wɔhyɛn nnipa ɔpepem pii afie mu, kasa kyerɛ ebinom nso wɔ telefon so, na wɔfa akwan biara a wobetumi so ne nkurɔfo kasa bere a wɔka Yehowa asɛm no.” So ɛnyɛ hokwan kɛse sɛ yɛreyɛ adwuma a Onyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnyɛ yi bi?
3 Nea ɛnte sɛ mmoadabi ankasa a wɔn botae ne sɛ wobedidi amee nkutoo no, yɛn, sɛ́ Yehowa asomfo no, yedwen nkurɔfo a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no nkwa ho kɛse. Yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo ma wosua Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛyɛ anigye no ho ade, na ɛka wɔn ma wotu anammɔn a ɛde wɔn bɛkɔ daa nkwa mu. (Yoh. 17:3; 1 Tim. 4:16) Enti, yɛpɛ sɛ yetu mpɔn wɔ ɔkwan a yɛfa so yɛ yɛn asɛnka adwuma no mu. Wɔ ɔkwan biara a yɛfa so ka asɛm no mu no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛreyɛ no wɔ ɔkwan ne bere a ɛbɛma asow aba pa mu. Esiane sɛ ‘wiase yi su resesa’ nti, ɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛfa so ka asɛm no mu na ama yɛahu sɛ yɛresow aba sɛnea yebetumi.—1 Kor. 7:31.
4 Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛfa akwan horow so akɔ nkurɔfo nkyɛn no, afie afie adwuma no da so ara yɛ yɛn asɛnka adwuma no fã titiriw. So wotaa hu sɛ ɛyɛ a nkurɔfo nni fie anaa wɔada bere a wokɔ wɔn nkyɛn no? Hwɛ sɛnea ɛhaw adwene, esiane sɛ wuntumi nka asɛmpa no nkyerɛ wɔn nti! Wobɛyɛ dɛn atumi adi saa haw yi ho dwuma?
5 Yɛ Fakaa na Da Ntease Adi: Wɔ afeha a edi kan no mu Israel no, na apofofo kɔ po anadwo. Dɛn nti na na wɔkɔ anadwo? Ɛwom sɛ na anadwo nyɛ bere a eye ma wɔn paa de, nanso na ɛyɛ bere a eye sen biara a ɛbɛma wɔayi mpataa pii. Na ɛyɛ bere a woyi mpataa sen biara. Bere a June 15, 1992 Ɔwɛn-Aban no reka saa adwuma yi ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhwɛ yɛn asasesin no mu tebea, na sɛnea yɛbɛka no no, yɛakoyi nam, bere a nnipa no mu fã kɛse wɔ fie na wobetie asɛm no.” Yɛahwɛ nkurow akɛse mu asetra yiye ahu sɛ wɔ mmeae pii no, sɛ yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn Memeneda ne Kwasida anɔpatutu a, ebia yɛbɛto wɔn wɔ fie de nanso ɛyɛ a wɔn ani ntaa nnye ho sɛ yɛbɛsra wɔn saa bere no. Sɛ eyi te saa wɔ baabi a mote a, so mubetumi ayɛ nsakrae wɔ bere a mode kɔ nkurɔfo nkyɛn no mu na moakɔ wɔn nkyɛn akyiri yi anɔpa anaa awia bere mpo? Eyi yɛ ɔkwampa a yebetumi afa so ama yɛn asɛnka adwuma no atu mpɔn kɛse, na yɛnam so ada tema a ɛyɛ nokware Kristofo dɔ ho adanse no adi akyerɛ yɛn afipamfo.—Mat. 7:12.
6 Ɔsomafo Paulo kae yɛn wɔ Filipifo 4:5, NW, sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛma nnipa nyinaa hu yɛn ntease.’ Nea ɛne akwankyerɛ a efi honhom mu yi hyia no, yɛpɛ sɛ yɛkari pɛ na yɛda ntease adi bere a yɛde nsi ne anigye yɛ yɛn asɛnka adwuma no. Yɛmpɛ sɛ ‘yegyae gua so ne afie afie kyerɛkyerɛ,’ nanso yɛpɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛyɛ yɛn afie afie adwuma no wɔ mmere a ntease wom na ɛsow aba mu. (Aso. 20:20) Te sɛ afeha a edi kan no mu Israel apofofo no, mmere a eye a yebetumi ‘ayi mpataa’ pii na ɛho hia yɛn, na ɛnyɛ mmere a eye ma yɛn sen biara no.
7 Nsakrae bɛn na yebetumi ayɛ? Mpɛn pii no, yɛtaa yɛ asɛnka nhyiam Memeneda ne Kwasida anɔpa 8:30 anaa 9:00, na ɛno akyi no kuw no kɔyɛ afie afie adwuma wɔ asasesin no mu ntɛm ara. Nanso, mpanyimfo akuw bi ayɛ nhyehyɛe ama kuw no nya asɛnka adwuma no afã foforo te sɛ mmɔnten so adansedi, asasesin a nnwuma wom, anaa sankɔhwɛ ahorow mu kyɛfa ansa na wɔakɔ afie afie. Asafo afoforo de wɔn asɛnka nhyiam akɔ anim—anɔpa 10:00, 11:00, anaa awia 12:00. Ɛno akyi no, kuw no kɔyɛ afie afie adwuma tẽẽ, na wɔyɛ asɛnka adwuma no kosi awia. Wɔ aman bi mu no, ebia asɛnka nhyiam a wɔbɛyɛ no awia no bɛyɛ papa asen anɔpa. Nsakrae ahorow a ɛtete saa betumi ama afie afie adwuma no asow aba pii.
8 Da Nhumu Adi na Yɛ Anifere: Sɛ yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ afie afie a, yehu sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ akwan horow so wɔ asɛm a yɛka no ho. Ofiewuranom bi tie, afoforo yɛ anibiannaso, na ebia wɔn mu kakra bi bɛyɛ akyinnyegyefo anaa ntɔkwapɛfo. Ɛdefa wɔn a wogye akyinnye pɛ ntɔkwaw ho no, Reasoning From the Scriptures kae yɛn wɔ kratafa 7 sɛ, yɛnnhwehwɛ sɛ “‘yebedi nkonim wɔ akyinnye’ a yɛne nkurɔfo a wommu nokware no ‘gye’ no mu.” Sɛ ofiewura no yɛ ntɔkwapɛfo a, ɛyɛ papa sɛ yebefi hɔ. Ɛnsɛ sɛ yɛne nkurɔfo di anobaabae hyɛ wɔn sɛ wɔne yɛn nkasa anaasɛ wonnye yɛn nsusuwii ntom. Yɛmfa yɛn asɛm no nhyɛ nkurɔfo so. Ɛno bɛyɛ nea ntease nnim, na ebetumi de nsɛnnennen aba Adansefo foforo ne asɛnka adwuma no so.
9 Ansa na yebefi ase ayɛ asasesin bi mu adwuma no, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛhwɛ asasesin kratasin no so ahwɛ afie a emufo aka akyerɛ yɛn sɛ yɛmmma hɔ no nɔma. Sɛ ebi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ɔdawurubɔfo biara a ɔreyɛ adwuma wɔ saa borɔn no so no, baabi a ɛnsɛ sɛ ɔkɔ. Ɛnsɛ sɛ obiara yɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ saa afie yi mu bere a ɔsom adwuma sohwɛfo nka nkyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ hɔ no.—Hwɛ January 1994 Yɛn Ahenni Som, Asɛmmisa Afã.
10 Sɛ yɛda nhumu adi bere a yɛreyɛ afie afie adwuma a, yebetumi atu mpɔn kɛse. Sɛ worekɔ fie bi mu a, hwɛ nneɛma bi yiye. So wɔaka nkataanim no nyinaa agu so? So ɛhɔ ayɛ dinn? Eyi betumi akyerɛ sɛ ofie hɔfo reda. Ɛda adi sɛ, sɛ yɛsan kɔ hɔ akyiri yi a, yebetumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ a ɛbɛsow aba pii. Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ yesian ofie yi ho, na yɛkyerɛw ofie no nɔma to hɔ. Wubetumi asan akɔ ofie hɔ bio ansa na woafi asasesin no mu anaa wobɛyɛ kyerɛwtohɔ na woasan akɔ hɔ akyiri yi.
11 Tebea ahorow betumi asɔre bere a yɛnhyɛ da na yenyan obi anaa yɛhaw no no. Ebetumi ayɛ sɛ nea ne bo afuw mpo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn? Mmebusɛm 17:27 tu fo sɛ: “Nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.” Bere a yɛmpa kyɛw wɔ yɛn asɛnka adwuma ho no, ɛda adi sɛ yebetumi aka sɛnea ɛhaw yɛn sɛ yɛamma ne nkyɛn wɔ bere pa mu. Yebetumi abisa no nidi mu sɛ ebia bere foforo bɛyɛ papa ama no anaa, na yɛayɛ nhyehyɛe asan akɔ hɔ. Komam a yefi de nne bɔkɔɔ ka sɛnea yɛte nka sɛ yɛahaw obi ho asɛm no taa dwudwo onipa a ɔte saa no. (Mmeb. 15:1) Sɛ ofiewura bi ka kyerɛ yɛn sɛ ɔtaa yɛ adwuma anadwo a, yebetumi akyerɛw biribi wɔ asasesin kratasin no so na ama yɛakɔ hɔ bere a ɛfata mu akyiri yi.
12 Nhumu a yɛda no adi nso ho hia bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ yɛn asasesin mu adwuma fefeefe no. Esiane sɛ yɛnto nnipa pii wɔ fie wɔ bere a edi kan a yɛkɔ wɔn nkyɛn nti, ehia sɛ yɛbɔ mmɔden bio kɔ wɔn nkyɛn kɔka nkwagye asɛm no kyerɛ wɔn. (Rom. 10:13) Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a adawurubɔfo kɔ ofie biako mu mpɛn pii da koro sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka nnipa a wɔwɔ fie hɔ no. Afipamfo a wɔwɔ hɔ no hu eyi. Wobetumi anya adwene a ɛmfata sɛ Yehowa Adansefo ‘ba’ wɔn mpɔtam hɔ ‘bere nyinaa.’ Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati eyi?
13 Fa nhumu di dwuma. Sɛ woresan akɔ ofie bi a woanto obiara wom mu a, so nsɛnkyerɛnne bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ afei de obi wɔ fie hɔ? Sɛ wɔato pon no mu wɔ abɔnten a, ɛda adi sɛ onipa no nnya mmaa fie, na fie hɔ a wobɛkɔ no renyɛ nea mfaso wɔ so saa bere yi. Sɛ wokɔ hɔ toatoa so kakra wɔ mmere ahorow mu wɔ da no mu, te sɛ anwummere, na woanto obiara a, wubetumi de kratawa ahyɛ ɔpon no ase anifere mu, titiriw sɛ yɛtaa yɛ asasesin no mu adwuma sɛnea ɛfata a. Ebetumi aba sɛ yɛn nsa betumi aka onipa no bere foforo a yɛbɛyɛ asasesin no mu adwuma no.
14 Sɛ ewim tebea nyɛ papa a, ɛnsɛ sɛ yɛne ofiewura no bɔ nkɔmmɔ tenten wɔ ɔpon ano. Sɛ ɔma wo kɔ dan mu a, hwɛ yiye na woansɛe hɔ. Sɛ ɔkraman bi repɔ wo a, fa atɛmpa di dwuma. Sɛ woreyɛ adwuma wɔ afie a emu adan bobɔ ho mu a, kasa brɛoo, na nyɛ dede a ɛbɛhaw ofie hɔfo, na ama wɔahu sɛ woaba hɔ.
15 Yɛ W’ade Wɔ Ano Wɔ Ano Wɔ Nidi Mu: Sɛ yɛyɛ yɛn nhyehyɛe yiye a, yebetumi akwati sɛ yɛbɛkɔ akogyina asasesin bi mu akuwakuw akɛse ma nkurɔfo ahu yɛn. Sɛ adawurubɔfo akuw akɛse kɔboa wɔn ho ano wɔ afie bi anim a, ebetumi ama ehu aka ofiewuranom binom. Yɛmpɛ sɛ yɛma nkurɔfo te nka sɛ “yɛreto ahyɛ wɔn so.” Ɛyɛ papa sɛ yɛyɛ asasesin mu adwuma ho nhyehyɛe wɔ asɛnka nhyiam ase. Adawurubɔfo akuw a ɛyɛ nketewa te sɛ abusua bi, mma ofiewuranom mmɔ hu koraa, na ɛmma wɔnyɛ nsakrae pii bere a wɔreyɛ asasesin no mu adwuma no.
16 Yɛn ade a yɛbɛyɛ no wɔ ano wɔ ano no hwehwɛ sɛ awofo hwɛ wɔn mma nneyɛe yiye bere a wɔreyɛ adwuma wɔ asasesin no mu no. Ɛsɛ sɛ mmofra yi su pa adi bere a wɔne mpanyimfo kɔ ɔpon ano no. Ɛnsɛ sɛ wɔma mmofra di agoru anaasɛ wokyinkyin sɛnea wɔpɛ, ma ofie hɔfo anaa wɔn a wɔretwam adwene kɔ wɔn so sɛnea ɛmfata.
17 Ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ nso wɔ mmere a yɛde kodi nnɔkɔnnɔkɔwade no mu. Wɔkae wɔ June 1995, Yɛn Ahenni Som, kratafa 7 sɛ: “Sɛ yɛwɔ asɛnka mu na sɛ yegyinagyina kodi nnɔkɔnnɔkɔwade a, ebetumi asɛe bere a ɛsom bo. Nanso, sɛ wim yɛ hyew a, ahomegye bɛma yɛanya ahomeka na aboa yɛn ma yɛatoa so. Nanso, nnipa pii ani gye ho mmom sɛ wobedi nkurɔfo adanse a adagyew nnim sen sɛ wɔde bere a wɔde asi hɔ ama ɔsom adwuma no begyinagyina adi nnɔkɔnnɔkɔwade na wɔne anuanom abɔ fekuw.” Ɛwom sɛ gyina a obi begyina akɔpɛ biribi adi no yɛ n’ankasa asɛm de, nanso yɛahyɛ no nsow sɛ ɛtɔ mmere bi a anuanom ka osuahu ahorow a wɔanya wɔ anɔpa asɛnka mu ho asɛm gyegyeegye, na eyi betumi ama nidi a yɛn asɛnka adwuma no wɔ no ayera na asɛe sɛnea etu mpɔn no. Sɛ adawurubɔfo de nhumu di dwuma a, wobetumi akwati sɛ wɔbɛsɛe bere a wɔde yɛ asɛnka adwuma no bi sɛnea ɛnsɛ.
18 Adawurubɔfo pii anya osuahu a ɛyɛ anigye wɔ nkurɔfo nkyɛn a wɔkɔ wɔ baabiara a wobehu wɔn no mu—mmɔnten so, mmeae a wɔde kar sisi, ne mmeae foforo. Ɛha nso, yɛpɛ sɛ yedi adanse fɛfɛ, ɛnyɛ nsɛm a yɛka so nko, na mmom denam ntease a yɛda no adi so nso. Ɛsɛ sɛ asafo biara mu adawurubɔfo hwɛ hu baabi a wɔn asasesin ano kɔka, na wɔammunkam nkurɔfo a wɔnam aguadibea anaa adwumayɛfo a wɔwɔ nnwuma te sɛ mmeae a wɔtɔn pɛtro a wɔyɛ adwuma nnɔnhwerew 24 no so. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛayɛ yɛn asɛnka adwuma no wɔ ano wɔ ano wɔ nidi mu no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma wɔ yɛn ankasa asasesin mu nkutoo, gye sɛ asafo foforo mu Ɔsom Boayikuw ne yɛn asafo mu de ayɛ nhyehyɛe pɔtee bi sɛ yɛnyɛ wɔn mmoa bi.—Fa toto 2 Korintofo 10:13-15 ho.
19 Asafo ahorow bi a wɔwɔ mmorɔn pii a wobetumi ayɛ mu baguam asɛnka no akyekyɛ saa mmorɔn yi mu ayɛ no nsasesin. Afei wɔma ɔdawurubɔfo biara anaa nnipakuw bi asasesin kratasin. Eyi ma wotumi yɛ mu adwuma yiye, na ɛmma adawurubɔfo pii nyɛ adwuma wɔ beae koro no ara wɔ bere koro mu, na eyi ne nnyinasosɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 14:40 no hyia sɛ: “Wɔnyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.”
20 Ɛsɛ sɛ yɛn ahosiesie yɛ nea nidi wom na ɛfata asomfo a Yehowa din da wɔn so. Ɛsɛ sɛ yɛn bag ne yɛn nhoma ahorow nso yɛ saa ara. Bag a atetew ne Bible a amoamoa anaa ayɛ fĩ anaasɛ Bible a nkrataa hyehyɛ mu hwanyann mfata Ahenni ho asɛm no. Wɔaka sɛ ntadehyɛ ne ahosiesie “yɛ ɔkwantiaa a nkurɔfo nam so hu nipa kõ a woyɛ ne wo gyinabea wɔ asetra mu.” Enti, ɛnsɛ sɛ yɛn ahosiesie yɛ basaa, na saa ara na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ kyenkyerenn anaa ɛtra so, na mmom ɛsɛ sɛ ‘ɛfata asɛmpa no’ bere nyinaa.—Fil. 1:27; fa toto 1 Timoteo 2:9, 10 ho.
21 Ɔsomafo Paulo ka wɔ 1 Korintofo 9:26 sɛ: “Mmirika a mitu yi, mintu no asunsumabo mu; kuturuku a meko yi, menko no sɛ nea ɔboro mframa.” Momma yensuasua Paulo, na yensi yɛn bo nyɛ asɛnka adwuma no wɔ ɔkwan a etu mpɔn na ɛsow aba so. Bere a yɛde nsi nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa sɛ Yehowa “mmoadabi dɔm” no mufo no, ɛmmra sɛ yɛde yɛn Kristofo ntease ne nhumu bedi dwuma de nkwagye asɛm no akɔ yɛn asasesin mufo nyinaa nkyɛn.