So Wubenya Asasesin a Wɔde Ama Wo no So Mfaso?
1. Sɛ asafo bi asasesin sõ a, dɛn na wobetumi ayɛ na ama wɔayɛ ne nyinaa mu adwuma?
1 Sɛ asafo bi asasesin sõ a, wobetumi akyekyem ma ɔdawurubɔfo biara anya n’ankasa ne de. Eyi yɛ asafo no asasesin fã ketewaa bi a mpɛn pii no wɔakyerɛ wɔ Territory Map Card (S-12) no so. Eyi yɛ w’ankasa asasesin, na ebia wɔde bɛma wo wɔ baabi a ɛbɛn faako a wote no. Nhyehyɛe nhoma no kyerɛkyerɛ mu wɔ kratafa 103 sɛ: “W’ankasa asasesin a ɛwɔ beae a eye ma wo no bɛma woatumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma no. Afei nso, ebia wobɛpɛ sɛ woto nsa frɛ adawurubɔfo afoforo ma wɔne wo bɛyɛ w’asasesin no mu adwuma.”
2. Ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ w’ankasa asasesin mu adwuma de aka kuw adansedi ho?
2 Ɛma Woyɛ Pii Ka Kuw Adansedi Ho: Sɛ wugye w’ankasa asasesin a ɛbɛn w’adwuma mu a, ebia wubetumi ne ɔdawurubɔfo foforo bi a n’adwumam bɛn wo akɔ asɛnka awia ahomegye bere mu anaa ansa na moakɔ fie. Sɛ wugye asasesin a ɛbɛn wo fie a, wo ne w’abusua betumi akɔ anwummere adansedi wom a mommrɛ. Nanso, sɛ woankɔ asɛnka nhyiam a, ɛfata sɛ wobɔ Yehowa mpae de srɛ n’akwankyerɛ ansa na woafi asɛnka ase. (Filip. 4:6) Afei nso, ɛnsɛ sɛ wode bere no nyinaa yɛ w’ankasa asasesin mu adwuma a womfa wo ho nhyɛ mo asafo no kuw adansedi mu. Ne titiriw no, sɛ edu dapɛn awiei a anuanom pii hyiam kɔ asɛnka no a, eye paa sɛ wobɛboa w’asɛnka kuw no.
3. Mfaso horow bɛn na ɛwɔ w’ankasa asasesin a wubenya so?
3 Ɛso Mfaso: Sɛ wowɔ w’ankasa asasesin a, wutumi nya baabi kɔ asɛnka bere biara a wo bere nhyehyɛe bɛma wo kwan. Wubetumi de bere pii akɔ asɛnka a womfa bere pii ntwa kwan. Nhyehyɛe a ɛmma wɔnsɛe bere pii yi ma ebinom tumi yɛ akwampaefo aboafo anaa daa akwampaefo mpo. Esiane sɛ afiewuranom a wuhyia wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no te wo mpɔtam hɔ nti, ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wobɛyɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua. Anuanom pii ahu sɛ asɛnka a wɔkɔ wɔ wɔn ankasa asasesin mu no boa ma wohu afiewuranom yiye, na ɛma wonya wɔn mu ahotoso, titiriw bere a wubetumi ayɛ asasesin no mu adwuma mpɛn pii ansa na wode ama ma afoforo nso atumi agye ayɛ mu adwuma. So adwuma a wobɛyɛ wɔ w’ankasa asasesin mu no bɛboa wo ne w’abusua ma moatumi ayɛ mo som adwuma no pɛpɛɛpɛ?—2 Tim. 4:5.