Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/88 kr. 1-2
  • Wie Wo Som Koraa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wie Wo Som Koraa
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐNEA WƆDE AFIE AFIE KYERƐWTOHƆ NO DI DWUMA YIYE
  • Wowɔ W’ankasa Asasesin?
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Bere a Yɛnto Nkurɔfo Wɔ Fie
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • So Wubenya Asasesin a Wɔde Ama Wo no So Mfaso?
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woyɛ Wɔn a na Wonni Fie no ho Kyerɛwtohɔ?
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 10/88 kr. 1-2

Wie Wo Som Koraa

1 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ . . . asuafo . . . , na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mat. 28:19, 20) Wɔn a wɔyɛ Yesu nokware asuafo nnɛ no de anigye yɛ saa nkwagye adwuma yi ho ade. Wobetumi aka afa nnipa pii ho sɛnea na ɛte wɔ Paulo ho no sɛ ‘wɔrehwie wɔn agu sɛ nsa afɔre.’ (Fil. 2:17, NW.) Wɔn nhwɛso a ɛhyɛ gyidi den no hyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yennwie yɛn som no koraa.​—2 Tim. 4:5; Heb. 13:7.

2 Nanso, ɛtɔ mmere bi a nnipa pii a yɛnto wɔn wɔ fie bere a yɛkɔ hɔ no siw mmɔden a yɛde nnamyɛ bɔ sɛ yebedi obiara a ɔwɔ asasesin no mu adanse no ano. Nea ɛka ho no, asafo ahorow bi wɔ nsasesin a ɛsoso yiye. Eyi ma ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ nsasesin no mu adwuma daa, wɔbɛsan akɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nkyɛn sɛnea ɛsɛ, anaasɛ wɔbɛsan akɔ wɔn a na wonni fie no nkyɛn. Dɛn na wubetumi ayɛ de awie wo som no koraa? So woasɔ ahwɛ sɛ wode w’ani besi w’asasesin no faako a ɛsow aba kɛse no so? Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ eyinom mu adwuma fefeefe mpɛn pii wɔ afe no mu, bere a wohwɛ sɛ woakɔ asasesin a wɔde ahyɛ wo nsa no mu nyinaa anyɛ yiye koraa no pɛnkoro afe no mu.

SƐNEA WƆDE AFIE AFIE KYERƐWTOHƆ NO DI DWUMA YIYE

3 Ɛho hia sɛ yɛyɛ afie afie kyerɛwtohɔ a eye na yɛde di dwuma akyiri yi. Sɛ yɛansan ankɔ faako a na obiara nni fie no a, ɔkwan bɛn so na yebetumi awie yɛn som adwuma no koraa? Sɛ yɛankɔsra anigyefo a yɛanya wɔn na yɛne wɔn amfi Bible adesua ase a, so yebetumi aka ampa sɛ yɛreyɛ yɛn asasesin mu adwuma fefeefe? Saa nsemmisa yi ho mmuae si hia a ɛho hia sɛ yɛde afie afie kyerɛwtohɔ di dwuma pa no so dua. Nea eye kyɛn so ne sɛ wobɛyɛ kyerɛwtohɔ abien a wode biako yɛ anigyefo a wunyaa wɔn de na foforo no nso yɛ faako a na obiara nni fie no de.

4 Adawurubɔfo binom ahu sɛ eye sɛ wɔsan kɔ wɔn a wɔanto wɔn fie no hɔ ansa na wɔafi asasesin no mu. Nea san a wɔsan ba wɔ dɔnhwerew biako anaa abien akyi no betumi de aba ne sɛ wɔbɛto obi wɔ fie hɔ na wɔama no nhoma anaasɛ wɔafi Bible adesua ase mpo. Wɔ asafo ahorow a wɔn nsasesin susuae fam no, saafo yi a wɔsan ba wɔ dɔnhwerew biako anaa abien akyi bɛto wɔn no ma wɔtrɛw asasesin a wɔwɔ no mu na ɛma wotumi yɛ mu adwuma yiye.

5 Adawurubɔfo a wontumi nsan nkɔ ntɛm ara no betumi de wɔn a wɔanto wɔn fie kyerɛwtohɔ no ama adesua sohwɛfo no ma wakyekyɛ ama adawurubɔfo afoforo. Wobetumi ayɛ eyi ho adwuma kama faako a asafo ahorow no wɔ dapɛn mfinimfini, dapɛn awiei, ne anwummere asɛnka akuw horow no. Nokwarem no, adawurubɔfo binom bɛpɛ sɛ wɔde wɔn afie afie kyerɛwtohɔ no sie na wɔsan kɔsra bere a wɔrekɔ sukuu, adwuma, anaasɛ wɔrekodi gua anaasɛ bere a wɔrekodi nneɛma afoforo bi a ɛho hia ho dwuma no ne bere a wofi mmeae a ɛtete sɛɛ resan aba fie no. Asafo bi a wɔhyɛɛ anuanom nkuran ma wɔyɛɛ eyi no nyaa nnepa a efii mu bae, na wonyaa anigyefo wɔ asasesin no fã bi a wɔ bere a atwam mu no na ɛnsow aba no mu.

6 Yɛn som adwuma no wɔ afã ahorow. Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nanso yɛn adwuma no botae ne sɛ ‘yɛbɛka asɛm no.’ (2 Tim. 4:2) Nnepa befi “asɛm” no mu aba ama wɔn a wotie no. (Sef. 2:2, 3) Ɛho da so ara hia sɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin no mu no nya hokwan de ‘bɔ Yehowa din.’ (Rom. 10:11-13) Momma yɛnnyere yɛn ho dennen na yɛmfa hokwan biara nwie yɛn som no koraa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena