Wowɔ W’ankasa Asasesin?
1. Sɛ asafo bi wɔ asasesin a ɛsõ a, wɔbɛkyɛ no dɛn?
1 W’ankasa asasesin yɛ asasesin a wɔde ama wo. Ebetumi ayɛ baabi a ɛbɛn wo a wubetumi adu hɔ ntɛm na wo nkutoo anaa wo ne ɔdawurubɔfo foforo ayɛ mu adwuma. Mfaso wɔ so sɛ wo ne asafo no bebom ayɛ kuw adansedi, nanso sɛ wowɔ w’ankasa asasesin a woyɛ mu adwuma bere foforo a, wubetumi adi mu adanse fefeefe. Eyi boa asafo ahorow a wɔn asasesin sõsõ no titiriw.—Aso. 10:42.
2. Mfaso horow bɛn na ɛwɔ asasesin a w’ankasa wubenya so?
2 Ɛso Mfaso Horow: Ebinom ahu mfaso foforo a ɛwɔ so sɛ wogye asasesin a ɛbɛn wɔn adwumam ka asɛm no wɔ hɔ wɔ awia ahomegye bere mu anaa bere a wɔapɔn adwuma no akyi pɛɛ. Afoforo nso ani gye sɛ wobom sɛ abusua kɔ asɛnka wɔ wɔn mpɔtam bɛyɛ dɔnhwerew biako ansa na wɔakɔ Asafo Nhoma Adesua. Nea afi mu aba ne sɛ, wɔanya sankɔhwɛ ne Bible adesua wɔ baabi a ɛbɛn wɔn, na ama wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden ne wɔn sika adi dwuma yiye. Esiane sɛ yebetumi ayɛ pii wɔ bere tiaa mu nti, sɛ obiara wɔ n’ankasa asasesin a, ebetumi aboa ma afoforo ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bere ne bere mu anaa wɔayɛ daa akwampaefo mpo. Bio nso, w’ankasa asasesin a wobɛyɛ mu adwuma na woahu afiewuranom yiye no betumi ama wɔanya wo mu ahotoso na woasakra wo nsɛm mu ma afata wɔn tebea, na ama woayɛ asɛnka adwuma no yiye.
3. Osuahu bɛn na ɔkwampaefo bi a ogyee n’ankasa asasesin nyae?
3 Ɔkwampaefo bi a ɔmansin sohwɛfo hyɛɛ no nkuran sɛ onnye n’ankasa asasesin ka sɛ: “Mitiee afotu yi na ankyɛ na mibehuu afiewuranom a wɔwɔ m’asasesin mu no yiye ne wɔn faa nnamfo. Ná mekɔ hɔ bere a eye ma wɔn. Ɛno ama sankɔhwɛ a meyɛ no akɔ anim fi 35 akodu 80 bosome biara, na meyɛ Bible adesua ason.”
4. Wobɛyɛ dɛn anya w’ankasa asasesin ayɛ mu adwuma?
4 Sɛnea Wubenya Bi: Sɛ wopɛ sɛ w’ankasa wunya asasesin a, ka kyerɛ nea ɔhwɛ asasesin so no. Wubetumi ato nsa afrɛ ɔdawurubɔfo foforo ma wo ne no ayɛ adwuma, na woayɛ wɔn a wonto wɔn wɔ fie no ho kyerɛwtohɔ. Ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wode bosome anan bewie asasesin no mu adwuma. Sɛ ɛyɛ den sɛ wobɛyɛ saa a, wubetumi abisa wo Nhoma Adesua sohwɛfo anaa afoforo ma wɔaboa wo. Sɛ bosome anan no ba awiei a, wubetumi asan de asasesin a woawie mu adwuma no ama anaasɛ wubetumi abisa asan ayɛ mu adwuma bio. Nanso ɛnsɛ sɛ woyɛ asasesin koro no ara mu adwuma afebɔɔ, na mmom san fa kɔ sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo nso betumi agye. Sɛ wowɔ asafo a wonni asasesin kɛse a wubenya w’ankasa de a, wubetumi abisa wo nhoma adesua sohwɛfo no ma wama wo asasesin no fã bi.
5. Dɛn na ehia na yɛatumi adi ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ yɛnka asɛm no so?
5 Ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ yɛnka asɛmpa no “wɔ asase so nyinaa” no yɛ adwuma kɛse. (Mat. 24:14) Egye nhyehyɛe pa ne mmɔdenbɔ. Sɛ yɛyɛ yɛn ankasa asasesin mu adwuma de ka kuw adansedi ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛaka asɛmpa no akyerɛ nnipa dodow biara a yebetumi.