‘. . . Ɛbɛyɛ Dɛn Na Wɔbɛte?’
1 Ɛrenkyɛ na wiase nyinaa Ahenni dawurubɔfo a ɛsen biara a wɔayɛ pɛn no aba awiei. (Mat. 24:3, 14; Marko 13:10) Yɛn mmere yi yɛ nea anibere wom, na adeyɛ a egye ntɛmpɛ ho hia bere a yɛyɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no. Ɛsɛ sɛ yɛn som adwuma no yɛ nea enya nkɔso na emu trɛw, bere a ɛnyɛ ɔkwan a yɛfa so yɛ adwuma no nko ho na yesusuw na mmom dodow a yɛyɛ ho nso no. Dɛn ntia? Efisɛ ankorankoro ne mmusua pii da so ara wɔ yɛn asasesin no mu a wɔntee gyidi asɛm no. Esiane sɛ “gyidi no fi asɛnka mu” nti, hwɛ fata ara a asemmisa no fata sɛ: “Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?”—Rom. 10:14, 17.
2 Asafo ahorow pii wɔ asasesin a ɛhyɛ wɔn nsa a wɔntaa nyɛ mu adwuma. Ebia ɛwɔ akurase baabi a ɛhɔ ware anaasɛ kurow kɛse mu asasesin a ɛbɛn mu. Asasesin a ɛte sɛɛ mu adwuma a wɔbɛyɛ yɛ nea ebia ɛnyɛ mmɔdenbɔ ne bere pii nko na ebegye na mmom sika kakra nso. Sɛ mo asafo no wɔ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma sɛnea wɔhwehwɛ a, dɛn na mubetumi ayɛ de adi eyi ho dwuma? Ɔkwan bɛn so na asafo afoforo ne ahwɛfo akwantufo betumi aboa?
3 Esiane sɛ ɔpɛ bere reyɛ adu nti, ɛsɛ sɛ asafo ahorow de wɔn adwene si asasesin a wɔnyɛ mu adwuma nyinaa a wɔbɛyɛ mu adwuma no so. Ɔpɛ a emu yɛ den a wubenya sɛ wobɛyɛ adwumaden ne wo ho a wubedi kan asiesie no yiye ho hia. (Neh. 4:6; 1 Tim. 4:10) Nneɛma pa refi adanse a wɔde nsɛmma nhoma di anwummere ne ɛrekɔ anadwo no mu aba. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛbɔ Ahenni asɛm no ho dawuru wɔ asasesin no mu nyinaa ntɛm ara sɛnea ebetumi. Mubetumi ayɛ wɔn a wɔkyerɛ anigye no ho kyerɛwtohɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi adi akyi sɛnea ɛfata denam sankɔhwɛ anaa nkrataa kyerɛw so. Asafo no betumi ayɛ bɔs anaasɛ kar akuw horow ho nhyehyɛe na wɔayɛ da mũ no nyinaa asɛnka adwuma ho nhyehyɛe, ebia wɔ dapɛn awiei bi wɔ ɔsram no mu, ma wɔakɔyɛ adwuma wɔ asasesin a wɔnnyɛ mu adwuma yi mu. Mumfi ase ntɛm. Mubetumi asusuw kyerɛw nsɛm no ho na moasɔ ahwɛ bere a morekɔ wɔ kwan so no. Munsiesie awia aduan na momfa nkɔ na mode bere no adi dwuma yiye sɛnea mubetumi. Ebia ebinom betumi aboa, na wɔnam saa yɛ so akyɛ ka a wɔbɛbɔ no na anyɛ onipa biako bi nko so adesoa sɛnea ɛmfata. Hwɛ oye ara a eye sɛ ‘yɛbɛsom asɛmpa no fam’!—Fil. 2:22.
4 Pii wɔ hɔ a mubetumi ayɛ de aboa asafo ahorow a ɛwɔ mo mansin no mu anaasɛ nea ɛbɛn no nso. Ɛyɛ ɔmansin sohwɛfo no asɛyɛde sɛ obedi nneɛma ho dwuma na wahwɛ sɛ wɔayɛ asasesin no nyinaa mu adwuma. Sɛ wopɛ sɛ woboa a, bɔ mpanyimfo no amanneɛ na wɔne ɔmansin sohwɛfo no betumi adi nkitaho ma wɔahu faako a mmoa ho hia.
5 Yɛn nyinaa betumi anya adwuma a ɛho hia yi mu kyɛfa. Ebia mmusua horow bɛpɛ sɛ wogye akwamma anaasɛ wɔde dapɛn awiei kɔ beae a ɛho hia sɛ wɔyɛ asasesin no mu adwuma. Ebia akuw horow a wɔwɔ kar no binom bɛpɛ sɛ wɔkɔ mmeae a ɛwɔ akyiri no kɔyɛ hɔ adwuma. Mubetumi ato nsa afrɛ adawurubɔfo a wɔanyinyin, ɛwom sɛ ebia wɔrentumi nyɛ afie pii mu adwuma de. Wɔn a wɔrentumi ntu kwan nkɔ akyiri no betumi ayɛ adwuma wɔ asasesin a ɛbɛn a ebia esiane nneɛma bi nti wɔnyɛɛ mu adwuma nnansa yi no mu. Susuw ɔkwan a wo nso wubetumi afa so aboa afoforo ma wɔate asɛmpa no ho!
6 Adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw ne wɔn a wɔyɛ afoforo nyinaa betumi anya mmɔdenbɔ kɛse a ɛbata Ahenni asɛnka adwuma no ho no mu anigye wɔ tebea horow titiriw a ɛte sɛɛ mu. Monyɛ nhyehyɛe mfa nyɛ asasesin no mu adwuma bere ano bere ano na ama moayɛ nea ɛsen biara wɔ bere a aka no mu! Biakoyɛ wɔ asafo ahorow no ntam, nnamyɛ ma ɔsom adwuma no ne mmɔdenbɔ ahorow ho nhyehyɛe pa bɛboa ma, anyɛ yiye koraa no, moayɛ asafo asasesin nyinaa mu adwuma pɛnkoro afe biara.
7 Nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin no mu nkwa ho asɛyɛde da yɛn nyinaa so. (Hes. 33:6-9) Ebia wɔn nkyɛn a wobɛkɔ no bɛyɛ hokwan ahorow a etwa to ma ‘wɔn a wɔayi wɔn ama daa nkwa’ sɛ wɔbɛba abɛyɛ gyidifo no mu biako. (Aso. 13:48) Wɔasoma yɛn sɛ yɛnkɔka asɛm nkyerɛ wɔn a wobetie nyinaa. Enti, momma yɛnyɛ saa “sɛ wɔn a woyi wɔn yam kasa, Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.”—2 Kor. 2:17.