Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/88 kr. 1-2
  • “Nyi Wo Nsa Mfi Ho”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nyi Wo Nsa Mfi Ho”
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MMƆDENBƆ A WƆHYƐ MU DEN DE YƐ ADWUMA WƆ ASASESIN A WƆNTAA NYƐ MU ADWUMA MU
  • ASASESIN A WƆMMFA NHYƐƐ ASAFO BIARA NSA MU ADWUMA TITIRIW
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Nsasesin A Wɔntaa Mfa Nyan! Nyɛ Mu Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Wowɔ W’ankasa Asasesin?
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsasesin A Wɔntaa Nyɛ Mu Adwuma Ne Nea Wɔmfa Nhyɛɛ Obiara Nsa Mu Dwumadi
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • ‘. . . Ɛbɛyɛ Dɛn Na Wɔbɛte?’
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 8/88 kr. 1-2

“Nyi Wo Nsa Mfi Ho”

1 1988 Yearbook mu amanneɛbɔ no ma yɛn biribi a ɛbɛma yɛn ani agye bere a yesusuw Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ mmaa nyinaa no honhom fam yiyedi ho no. Bere koro no ara mu no, ɛkyerɛ sɛ ‘pii da so ara wɔ Awurade adwuma no mu a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.’​—1 Kor. 15:58, NW.

2 Wɔ Ghana no nnipa 133,017 na wɔkɔɔ Nkaedi no ase April 1, na 1,686 na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ “Yehowa mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam horow no ase. Esiane sɛ asasesin mu adwumayɛ a nsiyɛ wom na wɔahyehyɛ no yiye na ɛde abasow yi bae no nti, so ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ yɛn asasesin no mu adwuma fefeefe wɔ 1988 mu anaa? Yɛn brɛ rennyɛ kwa.

MMƆDENBƆ A WƆHYƐ MU DEN DE YƐ ADWUMA WƆ ASASESIN A WƆNTAA NYƐ MU ADWUMA MU

3 Sɛ mo asafo no wɔ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma a, wubetumi agye eyi bi sɛ w’ankasa asasesin. Wɔhyɛ mpanyimfo nkuran sɛ wɔnyɛ kuw nhyehyɛe a ɛfata mma wɔnyɛ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma mu adwuma.

4 Yesu Kristo a na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara no de asasesin mu adwumayɛ sii n’ani so kɛse. Wɔ n’asɛnka ɔsatu no asram asia a edi kan no mu no, ɔyɛɛ asasesin a ɛsõ mu adwuma. Ɛdefi Yordan anafo subon no mu hɔ no, ɔyɛɛ adwuma Palestina nyinaa de koduu Galilea Po no mpɔtam hɔ wɔ kusuu fam ne ɛde kosi mmepɔw so nkurow a ɛwɔ atɔe no mu na ɔsan dan ne ho yɛɛ adwuma faa kesee fam besii Yerusalem.

5 Ɛde rekɔ n’asase so som adwuma no awiei no nso wannyi ne nsa amfi ho. Aka afe biako ne asram akron ma wawie ne som adwuma no, odii nhyehyɛe akyi de yɛɛ Galilea nkurow ne nkuraa mu adwuma. Otwaa Galilea po no ho hyiae na okoduu Gadarafo man mu wɔ apuei. Efi hɔ no, ɔtoaa so koduu nkurow du a wɔfrɛ no Dekapoli no mu. ɔtoaa so kɔɔ Nasaret, na ɔkɔɔ Ntam (Mediterranean) Po no mpoano hɔ baabi a ɛbɛn Tiro ne Sidon nkurow no wɔ kusuu fam. (Wubetumi ahwɛ Palestina asase mfonini sɛnea na ɛte wɔ Kristo bere so no wɔ New World Translation Bible no akyi na eyi bɛma woanya akwansin a na ɛwom no ho adwene bi.) Nanso Kristo annwiinwii sɛ wanantew dodo, na saa ara na ɔhyew, awɔw, osutɔ, atɛkyɛ ne mfutuma ammu n’aba mu wɔ ne mmɔdenbɔ a etwa to wɔ adanse kɛse a obedi wɔ asasesin a ɛsõ mu akyerɛ nnipa pii no mu. Nhwɛso fɛfɛ bɛn ara na ɔyɛ maa yɛn wɔ asasesin mu adwumayɛ mu sɛɛ yi!​—1 Pet. 2:21.

6 Wɔ Yesu nhwɛso no akyidi mu no, ɛnyɛ asasesin a wɔde ahyɛ obi nsa nkutoo na Yehowa Adansefo de adwene kɔ so titiriw, na mmom nea wɔmmfa nhyɛɛ asafo biara nsa nso. Titiriw no, yɛn yam hyehye yɛn ma nnipa ɔpepem 2.4 a wɔwɔ ɔman yi mu ɔman hɔ a wɔn mu pii hia yɛn mmoa na wɔde ahu nokware Nyankopɔn no. (Yona 4:11) So wubetumi ayɛ adwuma titiriw wɔ asasesin a wɔmmfa nhyɛɛ asafo biara nsa wɔ ɔmantifi no mu?

ASASESIN A WƆMMFA NHYƐƐ ASAFO BIARA NSA MU ADWUMA TITIRIW

7 Saa asɛnka dwumadi yi ho kwan wɔ hɔ ma daa akwampaefo ne adawurubɔfo a wobetumi ayɛ nhyehyɛe ayɛ akwampaefo aboafo nyinaa. Asafo koro no ara anaasɛ wɔn a wɔbɛn no mufo betumi ayɛ nhyehyɛe asom abom a wɔ ɛno mu no kuw no betumi de krataa biako a asafo ɔsom boayikuw no mufo nsa hyɛ ase abebisa asasesin afi Asafo ti no hɔ.

8 Nea ɛne Dwom 110:3 hyia no, mmerante pii de wɔn ho rema wɔ asasesin a wɔmmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu adwuma titiriw a ɛte saa no mu. Ɛyɛ yɛn pɛ kɛse sɛ yɛbɛhyɛ asɛmpa no a yɛde bɛkɔ ɔmantifi no mu den. Kristo yɛɛ saa ara. Bere a wɔ n’asase so som adwuma no mfiase no ɔtetee asomafo baanu baanu akuw asia sɛ wɔnkɔka asɛm no, akyiri yi ɔhyɛɛ ne mmɔdenbɔ no mu den na ɔsomaa asuafo baanu baanu akuw aduasa anum kɔɔ otwa no mu. (Marko 6:7; Luka 10:1, 2) Yefi yɛn koma nyinaa mu to nsa frɛ ahoɔdenfo dodow biara a wobetumi de wɔn ho ama wɔ saa ɔsom mu hokwan wɔ ɔmantifi yi mu no. Wɔn a wɔn ani gye ho betumi akaakae wɔn adwene denam Asafo no krataa a wɔkyerɛw kɔmaa asafo ahorow nyinaa a wɔkyerɛw no CSN: BL May 18, 1982 mu no a wɔbɛkenkan no so. (Sɛ mo asafo no yɛ foforo a, mpanyimfo no betumi akogye saa krataa yi ahwɛ so akyerɛw bi afi asafo bi a ɛbɛn hɔ mu.)

9 Sɛ́ ɛyɛ nea woanya hokwan sɛ wobɛyɛ adwuma wɔ asasesin a wɔde ahyɛ asafo bi nsa anaa nea wɔmmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu no. “nyi wo nsa mfi ho” wɔ asɛmpa no a wobɛka akyerɛ no mu. (Ɔsɛnk. 11:6) Sɛnea wunim no, nea yɛde rema August ne nhoma nketewa dedaw no biako de agye ¢75. na yɛbɛbɔ mmɔden de abien ama de agye ¢150. Nhoma ahorow yi a Nokware, Asɛmpa a ɛbɛma Wo Ani Agye, ne Choosing the Best Way of Life nhoma no ka ho no kura anidaso nkrasɛm a ahoɔden wom a nkurɔfo hia no. Mma ɛnyɛ wo den sɛ wode bɛma wɔ hokwan biara mu.

10 Bere a yɛyɛ yɛn fam de sɛ ankorankoro no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira yɛn mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ “amanaman nyinaa asuafo” no so. Yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛde adawurubɔfo nkɔanim foforo bio bewie ɔsom afe no.​—Mat. 28:19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena