Nsasesin A Wɔntaa Nyɛ Mu Adwuma Ne Nea Wɔmfa Nhyɛɛ Obiara Nsa Mu Dwumadi
1 Adwene bɛn na wubenya wɔ okuafo a ɔyɛ adwuma bere nyinaa wɔ asase a ɛbɛn ne fie no so, nanso ɔnkɔ asase pa a ɛwɔ akyiri kakra no nso so nkɔyɛ adwuma no ho? Ɛda adi sɛ, sɛ ɔbɔ mmɔden yɛ adwuma wɔ n’asase no fã kɛse so a, obenya nnɔbae pii.
2 Nanso ɛtɔ da bi a ɛte saa wɔ asasesin mu adwumayɛ fam. Ebia yɛbɛyɛ asasesin bi mu adwuma mpɛn pii, nanso ebia yɛrenyɛ nsasesin afoforo bi mu adwuma. Ɛyɛ ampa sɛ nsasesin binom mu tetew anaasɛ ɛhɔ kɔ yɛ den, na akwantu bo a ayɛ den no nso betumi ahaw. Ɛyɛ ampa nso sɛ nsasesin binom sow aba sen afoforo. (Fa toto Mateo 13:3-8 ho.) Nanso, yɛpɛ sɛ yɛma obiara kwan ma ɔte “asɛmpa” no denam Ahenni aba no a yebedua no wɔ baabiara sɛnea yebetumi no so.
3 Bere a eyi wɔ n’adwene mu no, onua a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ asasesin kyerɛwtohɔ ahorow so no hyɛ adawurubɔfo ne akwampaefo nkuran sɛ wɔmfa nsasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma no. Ebia eyi renyɛ yiye mma obiara nanso ɛdenam nhyehyɛe pa so no ebia asafo no betumi ayɛ n’asasesin mu adwuma yiye. Ɛtɔ da bi a wobetumi ayɛ nsasesin a ɛwɔ akyiri mu adwuma denam akwampaefo ne akwampaefo aboafo anaa afoforo a wɔtaa kɔ adansedi no mmoa a wɔbɛhwehwɛ so. Adesua so ahwɛfo betumi ahyɛ wɔn akuw nkuran nso ma wɔanya mu kyɛfa. Ebia wubehu sɛ nnipa a wɔwɔ nsasesin a wɔnyɛɛ mu adwuma nnansa yi ara mu no betie asɛm no. Dɛn na wubetumi ayɛ na wode “asɛmpa” no akɔ wɔn nkyɛn?
4 Nsasesin yi mu nea ɛyɛ asafo horow de akyi no, ebinom wɔ hɔ a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa. 1982 afe no mfiase no, faako a wodi nsasesin ho dwuma wɔ Accra no bɔɔ amanneɛ sɛ nkurow 3,700 wɔ hɔ a nnipa 200 kosi mpempem pii wɔ ebiara mu a wɔmfa nhyɛɛ asafo biara nsa.
5 Sɛ mo asafo no betumi aboa ma wɔayɛ asasesin a ɛte saa mu adwuma wɔ asram a ɛreba no mu a, dɛn nti na monkyerɛw Asafo ti no. Afe a etwaam no mu no, asafo horow 476 no mu 161 na wobisaa hokwan ma wɔde nkurow yi mu 200 maa wɔn ma wɔyɛɛ mu adwuma wɔ nsasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu dwumadi bere no mu. Wɔyɛɛ adwuma pa na Yehowa hyiraa wɔn. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ afe yi asafo horow pii bebisa hokwan na wɔayɛ nkurow no pii mu adwuma. Ɛnkaa akyi dodo sɛ mubebisa hokwan. Na wɔde akwammisa nkrataa no bi amana mo asafo no dedaw. Enti, dɛn nti na munsi gyinae, sɛ monyɛɛ saa dedaw a, na monhyehyɛ kratasin no mfa mmana yɛn? Yɛbɛyɛ ho adwuma ntɛm ma mo nsa aka baabi.
6 Wobetumi de asasesin a ɛte saa ahyɛ akwampaefo anaa abusua bi mpo nsa, sɛ wɔde ho abisade brɛ Asafo ti no a. Wɔde nsasesin a ɛte saa no ma bere tiaa mu, bɛyɛ asram abiɛsa, nanso sɛ obi pɛ na ɔyɛ mu adwuma yiye a, wobetumi asan de ama no bere tenten bi bio. Eyi ho nsɛm wɔ yɛn krataa CSN:BL a yɛkyerɛw no May 18, 1982 no mu. Adawurubɔfo a wɔn ani gye ho no betumi ahu ɔkyerɛwfo no na wɔasan akenkan saa krataa yi.
7 Ebi mpo a na wubetumi atu akɔtra baabi a mmoa ho hia kɛse. Asafo ti no betumi akyerɛ wo beae a mmoa ho hia, anaasɛ mo mansin sohwɛfo no betumi aka asafo bi a ɛbɛn mo a wohia mmoa na wɔatumi ayɛ wɔn asasesin mu adwuma daa ho asɛm akyerɛ wo. Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛkyerɛw Asafo ti no a, wo ne mpanyimfo no nni kan nka ho asɛm na tie wɔn afotu. Yɛsrɛ wo ka kyerɛ wɔn ma wɔmfa krataa tiaa nka wo de no ho mma yenhu nea wosusuw. Nhyehyɛe nhoma no de eyi ho nsɛm pii ma wɔ nkratafa 128 ne 129.
8 Afe Nhoma no bɔ nsase a, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biako kasa kyerɛ nnipa ɔpehaha pii anaasɛ ɔpepem mpo wɔ ɔman no mu ho amanneɛ. Mprempren wiase nyinaa nkontaabu no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biako kasa kyerɛ nnipa 1,900—adwuma a ɛsõ ma Kristoni biara a wahyira ne ho so. Enti ma obiara nyɛ nea obetumi mfa mmoa nsasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa ne nea wɔntaa nyɛ mu adwuma mu dwumadi bere a bere da so wɔ hɔ yi. (Marko 13:10) Ampa yehyia ɔtaa ne ɔhaw afoforo wɔ saa “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu. Nanso, nea ɛne Yesu ahyɛde a ɛwɔ Mateo 24:14 hyia no, yɛpɛ sɛ yɛkɔ so na yɛka asɛm kyerɛ asase so nnipa dodow a yebetumi. Ɛdenam yɛn fam de a yɛbɛyɛ ansa na Harmagedon aba so no, yebetumi de nea ebefi mu aba no ahyɛ Yehowa nsa.