So Mo Asafo no Wɔ Asasesin Kɛse?
1 Yesu dii adanse fefeefe wɔ tete Israel asasesin kɛse no mu nyinaa fi Yudea nkurow mu kosii Galilea nkuraa ase. (Marko 1:38, 39; Luka 23:5) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛka asɛmpa no kyerɛ nnipa pii sɛnea yebetumi. (Marko 13:10) Nanso, eyi betumi ayɛ adwumaden. Dɛn ntia?
2 Asafo ahorow a ɛwɔ Ghana no mu pii nsasesin yɛ nkuraa ase titiriw, na ɛtrɛw kilomita pii. Ebia na asafo ahorow a wɔka aman foforo so kasa yɛ adwuma wɔ nkurow akɛse a nnipa pii wom mu, de hwehwɛ nnipa a wɔka wɔn kasa. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa nnipa a wɔte nsasesin akɛse a ɛte saa mu ma wɔasua Yehowa, Yesu, ne Ahenni no ho ade?
3 Monyɛ Ho Nhyehyɛe Yiye: Ehia sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo ne asasesin sohwɛfo no hwɛ mmɔden a asafo no bɔ sɛ wɔbɛyɛ nea eye sen biara no so. Ebia wobetumi ayɛ nhyehyɛe atitiriw Memeneda bere a wɔn mu dodow no ara betumi de da mũ nyinaa ayɛ adwuma no. Sɛ moreyɛ nsasesin a ɛwɔ akyirikyiri mu adwuma na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, monyɛ nhyehyɛe sɛ mode nna no mu nnɔnhwerew pii bɛyɛ asɛnka adwuma, na momfa aduan a mubedi no awia nkɔ. Mubetumi ahyiam ntɛm ama asɛnka sen sɛnea motaa yɛ no na ama moanya bere de atwa kwan akɔ asasesin no mu anaa moayɛ asɛnka nhyiam no wɔ beae a ɛbɛn faako a mobɛyɛ adwuma no. Ɛsɛ sɛ moma nnipa kakraa bi tra kar biako biara mu na ama wɔn nyinaa anya afie a ɛdɔɔso ayɛ mu adwuma. Monyɛ nhyehyɛe na moayɛ nkuraase adwuma bere a wim tebea ne kwan no yɛ papa no.
4 Wɔn a wɔyɛ nsasesin a wɔka aman foforo so kasa wom mu adwuma no betumi akwati beresɛe denam nnipa no din ne wɔn address ne asase mfonini a ɛyɛ foforo koraa a wobenya no so. Monkyekyɛ asasesin no na ama asɛnka kuw biara atumi akɔ nnipa a mowɔ wɔn address a wɔwɔ beae pɔtee bi no nyinaa nkyɛn.
5 Monhwɛ nhu sɛ mobɛfa nhoma a ɛdɔɔso. Sɛ montaa nyɛ asasesin no mu adwuma a, ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ mubegyaw kratawa anaa nsɛmma nhoma dedaw bi wɔ afie a moanto nnipa wom no mu. Sɛ mowɔ So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho kratawa no wɔ mo kasa mu a, momfa bi mma obiara a muhyia no na munnyaw biako wɔ afie a moanto nnipa wom no mu.
6 Mommoa Kɛse: Asasesin kɛse mu adwumayɛ hwehwɛ sɛ asafo no muni biara boa. Sɛ ehia sɛ wɔde onua bi kar twa kwantenten a, wɔn a wɔtra mu bi no betumi atua pɛtrol ka no bi. Sɛ munya afiewuranom a wɔpɛ sɛ wɔne mo kasa a, ɛsɛ sɛ moda nhumu adi. Momma hia a ehia sɛ mokɔ asasesin no muni biara nkyɛn no ntra mo adwenem bere nyinaa, na munsusuw wɔn a mo ne wɔn faa kar biako a wɔretwɛn wɔ mu no ho. Sɛ wopɛ sɛ wo ne onigyeni bi bɔ nkɔmmɔ kyɛ a, so wubetumi ayɛ nhyehyɛe na ama kuw no mufo a aka no atumi atoa asɛnka no so?
7 Monyɛ nhyehyɛe pɔtee a ɛbɛma moasan akɔsra anigyefo nyinaa. Wɔ onigyeni no address a wubegye akyi no, bɔ mmɔden gye ne telefon nɔma na ama woatumi ne no adi nkitaho na woasan adi no adanse wɔ telefon so. Sɛ wɔmmaa nkuraa no ase akwan anaa afie nɔma a, montɔ mo bo ase nyɛ asasesin mfonini anaasɛ kyerɛw biribi a ɛbɛma woahu onigyeni no bere a wosan kɔsra no no.
8 Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yebedi Yesu ahyɛde yi so: “Na kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔsɛ wɔ hɔ.” (Mat. 10:11) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ so bere a woyere wo ho yɛ adwuma a mfaso wɔ so sen biara yi no!