Bere a Yɛnto Nkurɔfo Wɔ Fie
1. Ɔhaw titiriw bɛn na yɛtaa hyia bere a yɛreyɛ afie afie asɛnka adwuma no?
1 Yɛ ara na ɛreyɛ den wɔ mmeae pii sɛ yɛbɛto nkurɔfo wɔ fie. Wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no, tebea no ama nnipa de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ wɔn ho. (2 Tim. 3:1) Ebia na ebinom rekɔtotɔ nneɛma anaa wɔrekogye wɔn ani wɔ baabi. Yɛbɛyɛ dɛn aka asɛmpa no akyerɛ saafo yi?
2. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛaka asɛm no akyerɛ wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie no?
2 Yɛ Kyerɛwtohɔ Pa: Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛyɛ wɔn a wonto wɔn wɔ fie no ho kyerɛwtohɔ. Sɛ wotaa yɛ w’asasesin mu adwuma a, eyi ho hia paa. So wokyerɛw ofie no nɔma, asasesin kõ no, wo din ne date? Wubetumi agyaw baabi a wobɛkyerɛw nsɛm afoforo wɔ hɔ bere a wo anaa ɔdawurubɔfo foforo bɛsan akɔ wɔn a wonto wɔn wɔ fie nkyɛn no. Sɛ wopɔn asɛnka a, kae sɛ wode kyerɛwtohɔ a woayɛ no bɛma onii a ɛyɛ n’asasesin no, gye sɛ ɔpene so sɛ san kɔ wɔn a wonto wɔn fie no nkyɛn. Kyerɛw obiara a n’ani gyee asɛm no ho a wobɛsan akɔ ne nkyɛn no ho nsɛm wɔ kratasin foforo so.
3. Nyansahyɛ bɛn na wɔde ama a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie no?
3 San Kɔ Bere Foforo: Ebia wobɛto wɔn a wɔkɔ adwuma a wonto wɔn wɔ fie no anwummere anaa nnawɔtwe awiei. So wubetumi ayɛ nhyehyɛe asan akɔ bere a wobɛto wɔn? (1 Kor. 10:24) Sɛ worentumi nyɛ saa a, wubetumi de wɔn a wonto wɔn wɔ fie no ho kyerɛwtohɔ a wobɛyɛ no ama ɔdawurubɔfo bi a obetumi asan akɔ hɔ bere foforo. Sɛ ɛnte saa a, wubetumi akyerɛw wɔn a na wonni fie no krataa anaasɛ wobɛbɔ mmɔden afrɛ wɔn wɔ telefon so. Ebia adawurubɔfo a yare nti wontumi nyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi no ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo wɔ eyi yɛ mu.
4. Nhwɛso bɛn na ɛma yehu sɛnea ɛho hia sɛ yɛsan kɔ wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie no nkyɛn?
4 Nhwɛso bi ma yehu sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɛbɔ mmɔden asan akɔ wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie no nkyɛn. Bere a adawurubɔfo bi kɔɔ fie bi mu mpɛn pii wɔ mfe abiɛsa mu no, awiei koraa no, wonyaa ofiewura no. Ɛkɔbae sɛ saa bere no nyinaa na ɔretwɛn sɛ Ɔdansefo bi bɛba na wasan afi Bible adesua a na ɔyɛ ansa na ɔretu aba mpɔtam hɔ no ase.
5. Bere bɛn na yebetumi aka sɛ wɔayɛ asasesin bi mu adwuma awie?
5 Yɛ Asasesin no mu Adwuma Wie: Bere bɛn na yebetumi aka sɛ wɔayɛ asasesin bi mu adwuma awie? Bere a yɛabɔ mmɔden sɛnea ɛfata sɛ yebenya obi ne no akasa wɔ ofie biara mu no. Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ yebegyaw kratawa anaa nsɛmma nhoma dedaw bi ahyɛ baabi a ɛfata wɔ wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie no apon ano, titiriw wɔ nsasesin a yɛntaa nyɛ mu adwuma no. Ɛsɛ sɛ wode asram anan yɛ asasesin no mu adwuma wie. Sɛ wuwie a, ɛsɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ nea ɔhwɛ asasesin so no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ ho kyerɛwtohɔ.
6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ka asɛmpa no kyerɛ obiara wɔ yɛn asasesin mu?
6 Yɛpɛ sɛ yɛma nnipa dodow biara a yebetumi aka asɛm no akyerɛ wɔn no nya hokwan sua Yehowa ho asɛm na wogye wɔn nkwa. (Rom. 10:13, 14) Wɔn a yɛnto wɔn wɔ wɔn afie mu bere a yɛreyɛ afie afie asɛnka adwuma no nso ka ho. Fa yɛ wo botae sɛ ‘wubedi Onyankopɔn adom ho asɛmpa no ho adanse akyerɛkyerɛ mu fann’ sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no.—Aso. 20:24.