Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/86 kr. 4
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Nkurase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Nkurase
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YƐN HO A YEBEDI KAN ASIESIE HO HIA
  • BIAKOYƐ HO HIA
  • So Mo Asafo no Wɔ Asasesin Kɛse?
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • ‘. . . Ɛbɛyɛ Dɛn Na Wɔbɛte?’
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsasesin A Wɔntaa Nyɛ Mu Adwuma Ne Nea Wɔmfa Nhyɛɛ Obiara Nsa Mu Dwumadi
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Nsasesin A Wɔntaa Mfa Nyan! Nyɛ Mu Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1986
km 9/86 kr. 4

Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Nkurase

1 Wɔ ɔman yi mu no, asafo ahorow no mu fã kɛse no ara asasesin wɔ nkuraase. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no, yebedi obiara a ɔwɔ nkurow ne nkuraa yi ase no adanse pɛnkoro afe biara. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ yi?

YƐN HO A YEBEDI KAN ASIESIE HO HIA

2 Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ asasesin a ɛwɔ nkuraase no nyinaa mu adwuma no, ɛho hia sɛ yedi kan siesie yɛn ho, ne titiriw, mpanyimfo no. Wobesusuw ho ahu sɛ ebia ɛsɛ sɛ nnipa a wɔn dodow bɛyɛ kar anaasɛ bɔs biako ma na wɔbɛkɔ na ama obiara anya biribi ayɛ na wɔatumi ayɛ adwuma no mu fã kɛse. Wɔ nkuraa bi ase no, afie no bemmɛn ho na enti ama adan nkurow. Wɔ afoforo ase no, ɔsese biako anaasɛ afum adan a ɛmmemmɛn ho na ɛwɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ wosusuw eyinom ho bere a wɔreyɛ nhyehyɛe wɔ kar anaa lɔre a wɔde bɛkɔ ho no. Ɛtɔ bere bi a, wobetumi ama adawurubɔfo no asisi wɔ baabi na ofirikafo no abɛfa wɔn akyiri yi. Ɛsɛ sɛ wɔde atɛmpa di dwuma.

3 Ɛsɛ sɛ wosusuw wim tebea ne sɛnea ɔkwan no te nso ho bere a wɔreyɛ adwuma wɔ nkuraase no. Wɔ nsasesin binom mu no, ebia osu a ɛtɔ, atɛkyɛ, ne twene a abubu ma ɛyɛ den sɛ wobetu kwan wɔ mmere horow bi mu. Nkuraa afoforo nso nni lɔre akwan a ɛkɔ hɔ na ɛsɛ sɛ adawurubɔfo nantew. Ebia eyi yɛ bɛyɛ den wɔ osutɔ bere mu. Enti ebia mpanyimfo no bɛyɛ nhyehyɛe ma wɔayɛ adwuma wɔ nsasesin bi mu wɔ ɔpɛ bere mu ne afoforo nso wɔ osutɔ bere mu.

BIAKOYƐ HO HIA

4 Asasesin a ɛwɔ nkuraase mu adwumayɛ hia biakoyɛ ne nneɛma ho a yɛn nyinaa besusuw. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛho hia sɛ wɔtra lɔre mu kɔ baabi a ɛhɔ ware a, nnipa a wɔbɛtra mu no betumi atua petrol no ho ka bi. Bio nso, wɔ baabi a adan no mmemmɛn ho no, ɛsɛ sɛ wɔde atɛmpa di dwuma na amma adawurubɔfo no nyinaa ankɔ ofi no mu ankobunkam ofiewura no so. Ebia afoforo betumi anantew anaasɛ wɔatra lɔre no mu akɔ ofi a ɛwɔ wɔn anim no mu. sɛ ɛware kakra a, anaasɛ wobetumi atwɛn wɔ lɔre no mu. Wɔ eyi mu no, ɔdawurubɔfo a ɔwɔ fie hɔ no rempɛ sɛ ɔne ofiewura no bɛkasa akyɛ pii bere a onim sɛ afoforo retwɛn no no. Obetumi ayɛ nhyehyɛe asan akɔsra no.

5 Monyɛ nhyehyɛe na ama mode bere pii ayɛ adwuma wɔ asasesin a ɛwɔ nkuraase a ɛhɔ ware no mu. Adawurubɔfo betumi ayɛ nhyehyɛe na wɔde wɔn awia aduan ne nhoma a ɛdɔɔso aka ho akɔ. Esiane sɛ egye mmɔdenbɔ na moatumi akɔ nkuraase a ɛhɔ ware yi nti, monhwɛ sɛ mode bere no bedi dwuma yiye bere a mowɔ hɔ no.

6 Sɛ montaa nyɛ asasesin a ɛwɔ nkuraase no mu adwuma a, ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ mubegyaw nsɛmma nhoma dedaw anaasɛ kratawa bi wɔ afie a moanto nnipa wom no mu. Nnipa binom de anigye akenkan nhoma a ɛte saa no bere a wɔsan ba fie no na ama wɔahu nokware no. Yɛ anigyefo a wubenya wɔn no ho kyerɛwtohɔ a edi mũ na bɔ mmɔden sɛ wobɛsan akɔsra wɔn akyiri yi. Asasesin a ɛwɔ nkuraase mu adwumayɛ yɛ adwumaden na ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre wom. Nanso, nea ebefi mu aba no betumi ayɛ nea mfaso kɛse wɔ so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena