Adesua a Yebefi Ase Wɔ Ahwehwɛde Nhomawa no Mu
1 Amanneɛbɔ a efi wiase nyinaa kyerɛ sɛ nhomawa, Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? no yɛ adwinnade a tumi wom a wɔde kyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no. Wɔde nhomawa yi fi Bible adesua ɔpepem pii ase dapɛn biara. So woatumi de Ahwehwɛde nhomawa no afi Bible adesua ase?
2 Bere a ɛyɛ mmerɛw ma nnipa dodow no ara sɛ wɔde nhomawa no bɛma no, ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobenya asɛm aka de afi adesua no ase. Akwan a etu mpɔn bɛn na afoforo atumi de afi Bible adesua ase wɔ Ahwehwɛde nhomawa no mu? Nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa.
3 Yɛ Sɛnea Wosua no Ho Ɔyɛkyerɛ Kyerɛ No: Sɛ yɛkɔ obi nkyɛn bere a edi kan anaasɛ yɛyɛ sankɔhwɛ a, sɛ́ anka yɛbɛka Bible adesua ho asɛm akyerɛ ofiewura no kɛkɛ no, yebetumi ayɛ ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ Bible adesua no ho ɔyɛkyerɛ akyerɛ no. Eyi bɛma sɛnea asɛm “adesua” hunahuna afiewuranom pii na ɛde adwennwen gyaa wɔn so no afi hɔ. Sɛ yesua sɛnea yɛbɛyɛ ho ɔyɛkyerɛ akyerɛ wɔn no a, yebehu sɛ yebetumi de nnianim asɛm a ɛnyɛ den afi adesua no ase ntɛm pa ara.
4 Ano Aduru ne Ahosiesie: Anigye a yebenya de afi Bible adesua ase no gyina sɛnea yɛasiesie yɛn ho yiye so pɔtee. Sɛ yedi kan siesie yɛn ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛadi osuro biara a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua adwuma no so. Sɛ yɛbobɔ nsɛm a yɛka kyerɛ no so mpɛn pii a, yɛbɛda nkɔmmɔbɔ su adi kɛse, na yɛatumi de yɛn ankasa nsɛm akyerɛkyerɛ nsɛm mu. Ɛnyɛ yɛn nko na eyi bɛboa yɛn a ɛremma yɛn ho mpopo, na mmom ɛbɛma ofiewura no nso ho asan no.
5 Sɛ worebobɔ nsɛm a wobɛka akyerɛ no so a, ɛbɛyɛ papa sɛ wode bere bɛto ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ama wo fiewura no ahu bere tenten a wode bɛyɛ adesua no ho ɔyɛkyerɛ akyerɛ no no. Bere a onua bi ada ne ho adi awie no, ɔka sɛ: “Mebɔ faa ha sɛ merebɛkyerɛ wo yɛn Bible adesua nhyehyɛe a wontua ho hwee no. Metumi de bɛyɛ simma anum akyerɛ wo sɛnea yɛyɛ no. So wubenya simma anum?” Yebetumi de bɛyɛ simma anum ayɛ Ahwehwɛde nhomawa no mu Adesua 1 ho ɔyɛkyerɛ. Ɛwom sɛ kyerɛw nsɛm a woapaw nkutoo na bere bɛma kwan ma woakenkan de, nanso bere a mode simma kakraa bi ayɛ adesua a edi kan awie no, ná ofiewura no anya adesua a edi kan. Afei ma onhu sɛ sɛ wosan ba a, mode simma 15 pɛ na ɛbɛyɛ Adesua 2 no.
6 Wɔatumi de asɛm a wɔka kyerɛ a edi so yi adi dwuma ma aboa: “Mepɛ sɛ meyɛ sɛnea wɔde nhomawa yi, Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?, yɛ ofie Bible adesua a ɛnyɛ den nanso ɛkɔ ntɛm ho ɔyɛkyerɛ kyerɛ wo. Nnipa pii abehu sɛ sɛ wɔde simma 15 tra ase dapɛn biara a, wobetumi anya Bible mu nsɛmmisa a ɛho hia yi ho mmuae a egyina Kyerɛwnsɛm so.” Fa bere tiawa kyerɛ no emu nsɛm a wɔahyehyɛ no. Bere a woadan akɔ Adesua 1 so no, ka sɛ: “Sɛ wubetumi ama yɛn simma anum a, anka yɛbɛpɛ sɛ yɛkyerɛ wo sɛnea ɛbɛkɔ so. Adesua 1 no ti asɛm ne ‘Sɛnea Wubetumi Ahu Nea Onyankopɔn Hwehwɛ.’” Afei kenkan nsɛmmisa abiɛsa no, na kyerɛkyerɛ nɔma a ɛhyɛ nkahyemde mu no mu. Kenkan nkyekyem 1, na kyerɛ ofiewura no sɛnea obehu mmuae no. Wubetumi ama ofiewura no akenkan nkyekyem 2 no. Afei ka sɛ: “Ɔkwan bɛn so na wubetumi agyina nsɛm yi so abua asɛmmisa yi? [Kenkan asɛmmisa no bio, na ma ofiewura no nkyerɛ n’adwene.] Wubehu kyerɛw nsɛm ahorow wɔ nkyekyem biara mu. Eyinom twe yɛn adwene si nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛwɔ Bible mu no so. Sɛ nhwɛso no, ma yɛnkenkan 2 Timoteo 3:16, 17 na yɛnhwɛ sɛ ɛne mmuae a wode mae a ɛfa nea ɔkyerɛw Bible ho no hyia anaa.” Bere a moakenkan nkyekyem 3 awie na moasusuw asɛmmisa no ho akenkan Yohane 17:3 no, tĩ Adesua 1 no mu fa twe ofiewura no adwene si nimdeɛ a wanya no so. Ɛde besi ha no, wubetumi adan akɔ Adesua 2 no so akenkan asɛmmisa a etwa to, “Akwan abien bɛn na yebetumi afa so asua Onyankopɔn ho ade?” no. Afei bisa sɛ: “Bere bɛn na wubenya bɛyɛ simma 15 sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asua Adesua 2 no ahu mmuae no?”
7 Ɛho hia sɛ woma nkɔmmɔbɔ no mu da hɔ na wokamfo ofiewura no bere biara a ɛfata. Sɛ woreyɛ nsrahwɛ foforo ho nhyehyɛe a, sɛ́ anka wubebisa no sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔtoa so no, hyɛ no nkuran ma onni ɔkwan koro no ara a wɔfa so sua no akyi wɔ adesua a edi hɔ no mu. Ma onhu sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛsan aba. Adawurubɔfo binom apaw sɛ sɛ bere ho nhyehyɛe no yɛ den a, wɔbɛyɛ adesua no bi wɔ telefon so. Afei wubetumi ahyɛ osuani no nkuran ma ɔde nhomawa no ato baabi a eye a sɛ wosan ba na ɔrehwehwɛ a ne nsa bɛka no ntɛm.
8 Si Wo Bo: Bere a ahosiesie yɛ nkonimdi ano aduru no, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛrennyae. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wode simma kakraa bi bɛkyerɛ adesua biako, enti si wo bo sɛ wobɛbobɔ nsɛm a wɔka kyerɛ no so mpɛn dodow biara a ebehia na ama sɛ woreyɛ adesua no ho ɔyɛkyerɛ a, w’ano amfomfom. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ adesua no ho ɔyɛkyerɛ akyerɛ obiara a wubehyia no wɔ pon ano, bɔnnɔ so, ne telefon so adansedi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubefi Bible adesua ase a, mpa abaw. Sɛ wubetumi afi Bible adesua ase a, ehia sɛ wusi wo bo na wunya ɔpɛ a edi mũ sɛ wobɛma afoforo ahu nokware no.—Gal. 6:9.
9 Sɛ wode nyansahyɛ ahorow yi yɛ adwuma a, ebia wo nso wubenya hokwan atumi aboa obi ma wafa nkwa kwan no so, denam Bible adesua a wubefi ase na woayɛ wɔ Ahwehwɛde nhomawa no mu no so.—Mat. 7:14.