Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/99 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
Yɛn Ahenni Som—1999
km 1/99 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1985 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de True Peace and Security—How Can You Find It? anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no ama. February: Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛyɛ nhyehyɛe soronko de afi ofie Bible adesua horow ase. April: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kra. Ma nkurɔfo nsa nka Ahwehwɛde nhomawa no bi, na bɔ mmɔden fi ofie Bible adesua horow ase.

◼ Wɔbɛma adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu a wɔba Ɔsom Nhyiam ase wɔ January 4 dapɛn no mu nyinaa “Advance Medical Directive/Release” krataa no bi ne “Identity Card” a wɔde bɛma wɔn mma.

◼ Efi March no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “So Wubu Onyankopɔn Sɛ Obi Ankasa?”

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe de di afe yi Nkaedi no Yawda, April 1, bere a owia akɔtɔ no. Ɛwom sɛ wobetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde Nkaedi bobesa ne abodoo no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Baabi a asafo dodow bi kɔ Ahenni Asa biako so no, ebia asafo biako anaa nea ɛboro saa betumi akɔhwehwɛ ɔdan foforo de adi dwuma saa anwummere no. Sɛ ebetumi a, yɛhyɛ nyansa sɛ anyɛ yiye koraa no momma simma 30 nna dwumadi no ntam na ama moanya bere de akyiakyia ahɔho, ahyɛ wɔn a wɔakyerɛ anigye foforo nkuran, na moanya afahyɛ no so mfaso akosi ase. Sɛ ɛho behia a, ɛsɛ sɛ mususuw kar nkyereso ne mmeae a wɔde kar besisi ho haw ahorow, a baabi a wɔn a wɔbɛforo kar besi ne baabi a wɔbɛforo no nso ka ho no ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no si gyinae wɔ nhyehyɛe a ɛbɛyɛ papa ama mo asafo no ho.

◼ Wɔbɛma 1999 Nkaedi bere mu baguam ɔkasa titiriw no Kwasida, April 18. Ɔkasa no asɛmti bɛyɛ “Adamfofa Pa a Yɛne Onyankopɔn ne Yɛn Mfɛfo Nnipa Benya.” Wɔde krataa a wɔbɛhwɛ so ama ɔkasa no bɛma. Asafo ahorow a wɔn mansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 18, 1999 adu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena