Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 5
Dwom 25
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Afei nso, tĩ nhoma a yɛde ma February sɛnea wɔakyerɛ wɔ Nkaebɔ Ahorow mu no mu. Bobɔ nhoma dedaw a mowɔ bi no din. Munsusuw nnianim nsɛm a wobetumi de ɛne mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no adi dwuma no ho.
20 min: “Ma W’ani Nna hɔ wɔ Bible Nhoma a Wode Bɛma Ho.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Monyɛ ɔyɛkyerɛ biako a ɛkyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi de akwan horow a ɔhwehwɛ di adanse wɔ asasesin no mu. Afei nso, bisabisa ɔdawurubɔfo bi a watumi adi adanse wɔ nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so yi mu no nsɛm.
15 min: “Nea Kristoni a Obi Bɛyɛ no Kyerɛ.” Ɔkasa a egyina Insight, Po 1, nkratafa 440-1 so. Si hia a ɛho hia sɛ yedi Yesu nhwɛso wɔ ɔdɔ ne ho a wɔde bɔ afɔre mu no akyi no so dua.
Dwom 24 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 12
Dwom 54
8 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a ɛfata. Ka asɛnka nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma dapɛn awiei no ho asɛm.
20 min: Medical Document ne Identity Card. Ɔkyerɛwfo ma wɔkyekyɛ nkratasin no na osusuw January 1, 1990 krataa a ɛfa Medical Document a wɔde bɛma adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu ne Identity Card a wɔde bɛma Adansefo ɔwofo anaa awofo mma nkumaa a wɔmmɔɔ wɔn asu no ho fefeefe. Wo ne atiefo nsusuw nea enti a ɛsɛ sɛ wodi akwankyerɛ ahorow no akyi yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma nkratasin no atumi atu mpɔn na abɔ yɛn ho ban no ho.
17 min: “Ahobrɛase Di Anuonyam Anim.” Ɔkasa a egyina June 15, 1989 Watchtower, nkratafa 25-7 so. Fa Bible mu nnipa ahorow a wɔka wɔn ho asɛm no nhwɛso di dwuma fa hyɛ asafo no nkuran. Mprempren animguase tebea no rentra hɔ daa.
Dwom 63 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 19
Dwom 4
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Fa ntoboa biara a Asafo ti no akyerɛ sɛ nsa aka sɛnea January Sika ho akontaabu ho krataa no kyerɛ no ka ho. Kamfo asafo no wɔ honam fam mmoa a wɔde ma Ahenni adwuma no mo asafo no mu ne wiase nyinaa no ho.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkratawa a Yɛde Bedi Dwuma Ɔkwan a Etu Mpɔn so So.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ moresusuw nkyekyem 5 ne 6 ho a, momfa ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde (1) Asetra wɔ Wiase Foforo bi a Asomdwoe Wom Mu ne (2) Nea Enti a Wubetumi de Wo ho Ato Bible no So di dwuma sɛ nnianim asɛm no fã nka ho. Ɛho nhia sɛ wɔka asɛm no nyinaa na mmom yɛ sɛnea wobetumi adan akɔ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no so ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Si bo a ɛsom sɛ yebedi kan de nkratawa adi dwuma wɔ hokwan biara mu no so dua. Bɔ asafo no asɛnka nhyehyɛe ho amanneɛ, na to nsa frɛ obiara sɛ onnya mu kyɛfa.
15 min: “Ɔkwan Bɛn So na Metumi Agyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano?” Ɔpanyin a ɔfata de anifere ne mmofra baanu a wɔyɛ nhwɛso pa susuw nsɛntitiriw a ɛwɔ Young People Ask nhoma no ti 9 mu no ho. (Sɛ Young People Ask nhoma no bi nni hɔ a, momfa asɛm a ɛwɔ July 22, 1982 Awake!, nkratafa 20-2 no nni dwuma.) Kyerɛ tiawa sɛ ɔpɛ a ɛwɔ hɔ sɛ wobegye din na atipɛnfo agye wɔn atom no mu yɛ den. Nhyɛso a ɛte sɛɛ no betumi aka mpanyimfo mpo. So ayɛ mmerɛw ama mmofra sɛ wobegyina eyi ano? Ɔkwan bɛn so na wobetumi ako atia? Fa “Questions for Discussion” (Nkɔmmɔbɔ Nsemmisa) a ɛwɔ kratafa 80 no di dwuma ma mmofra no nkasa na wɔnkyerɛ sɛnea ebetumi ayɛ yiye sɛ wobenya ahoɔden na wɔde agyina atipɛnfo nhyɛso ano. Kyerɛ mmofra a wɔwɔ asafo no mu nhwɛso pa a wɔreyɛ no ho anisɔ. Yehowa ani gye wɔn abrabɔ pa no ho na edi no ni.—Mmeb. 27:11.
Dwom 188 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 26
Dwom 171
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Munti asafo no asɛnka nhyehyɛe ma dapɛn no mu. Hyɛ wɔn a wobetumi nyinaa nkuran ma wɔnyɛ asɛnka nhyehyɛe mma dapɛn awiei yi.
17 min: “Kristofo—Wɔyɛ Pintinn Nanso Wɔyɛ Fakaa.” Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ September 15, 1988 Watchtower, nkratafa 28-30 so.
20 min: “Yɛn Nnamyɛ sɛ Asomfo a Yɛbɛma Anya Nkɔanim.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ho a, momfa nnianim nsɛm a wɔahyɛ ho nyansa a ɛwɔ September 1, 1988 Ɔwɛn-Aban mu nkratafa 15, nkyekyem 5 ne 6 no ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien nka ho. Ɛsɛ sɛ wɔde eyi ma wɔ ɔkwan a nokwaredi ne adwempa wom so.
Dwom 168 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 5
Dwom 135
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. “Ahenni Asa Ahorow a Yɛbɛma Wɔahu.” Ka sɛnea ɛfa mo ho no ho asɛm.
15 min: “Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim a Wɔwɔ Yɛn mu no Ahiade ho Dwuma a Wobedi—Kristofo Asɛnnennen.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina July 15, 1988 Watchtower, nkratafa 21-3 so. Si hia a ɛho hia sɛ ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu wɔn a wɔn mfe akɔ anim no honhom ne honam fam ahiade ahorow so wɔ yɛn mprempren nsɛm tebea no mu no so dua.
20 min: “Nnianim Nsɛm a Etu Mpɔn.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Monyɛ nnianim asɛm a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 5 mu no ho ɔyɛkyerɛ. Afei nso monyɛ nnianim nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no (nkrat. 9-15) a ɛbɛfata ama mo asasesin no mu biako ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka mu kyɛfa dapɛn awiei yi.
Dwom 108 ne mpaebɔ a wɔde wie.