Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma February: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. March: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma, ne brochure biara (gye Sukuu brochure no). Wubetumi ama wɔakra nsɛmma nhoma. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn ɔsram biara Literature Order Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu bi sɛ obetumi anya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe boa no. Monsan nkan Asafo ti no nkrataa a ɔkyerɛw no October 1, 1993, ne November 2, 1992 kɔmaa mpanyimfo akuw horow nyinaa no bio na moanya nyansahyɛ ahorow. Afei nso, monhwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 12-20.
◼ Yɛbɛyɛ Nkaedi no Memeneda, March 26, 1994. Ɛwom sɛ wobetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso yɛsrɛ sɛ monkae sɛ ɛnsɛ sɛ wofi ase de Nkaedi abodoo ne nsa no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Asɛnka nhyiam nkutoo na wɔbɛyɛ no saa da no. Sɛ mo asafo no yɛ nhyiam horow Memeneda a, mubetumi ayɛ no da foforo wɔ dapɛn no mu.
◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ March ne April mu no yɛ wɔn nhyehyɛe mprempren de wɔn akwammisa krataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ asɛnka ho nhyehyɛe a ehia na wɔanya nhoma a ɛdɔɔso.
◼ Wɔrehyɛ asafo ahorow no nkuran bio sɛ wɔnyɛ wɔn ankasa Nkaedi bobesa ho nhyehyɛe.—Monhwɛ February 1, 1985, Ɔwɛn-Aban no kratafa 27 na moahu bobesa a ɛfata ma Nkaedi no.
◼ Nhoma Afoforo a Ɛwɔ Hɔ:
Engiresi: Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom; Dɛn ne Asetra Atirimpɔw? Ewe: Dɛn ne Asetra Atirimpɔw? Ga: Dɛn ne Asetra Atirimpɔw? Twi: Dɛn ne Asetra Atirimpɔw?
◼ Asafo ti no wɔ nhoma dodow bi a Reasoning From the Scriptures ne nhoma a ekura nkratafa 192 ne nhomawa pii a ɛwɔ Engiresi kasa mu Grade-2 Braille mu ka ho wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw krataa a wɔde bisa ho nsɛm no so sɛ BRAILLE DESK.
◼ Nhoma Ahorow a Ebi Asan Aba:
Engiresi: Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye; Insight on the Scriptures; Monto Ayeyi Nnwom mma Yehowa (Ne nkyerɛwee yɛ akɛseakɛse, na nsɛm no nkutoo na ɛwom); Victory Over Death; 1990 Watchtower bound volume. Ewe: Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!; So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di? Ga: Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase So Daa!; Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye; Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di? (Kratawa a Ɛto So 14). Twi: Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye.
◼ Kasɛt a Ɛwɔ Hɔ:
Sing Praises to Jehovah (kasɛt 113 a ɛhyɛ album 5 mu a wɔde to dwom wɔ Ahenni Asa so)