Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/94 kr. 4-6
  • Mmere a Emu Yɛ Den Ano a Yebegyina sɛ Kristofo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmere a Emu Yɛ Den Ano a Yebegyina sɛ Kristofo
  • Yɛn Ahenni Som—1994
Yɛn Ahenni Som—1994
km 5/94 kr. 4-6

Mmere a Emu Yɛ Den Ano a Yebegyina sɛ Kristofo

1 Nnipa pii a wɔwɔ wiase nyinaa a ɔman yi ka ho fam no, ɛreyɛ den bere nyinaa sɛ wɔn akatua bɛso wɔn di. Afei de ɔsram no nwu na akatua no asa. Bere a nneɛma bo kɔ so yɛ den no, egye sika pii na wɔatɔ nneɛma koro no ara. Asetra mu nokwasɛm a ɛhaw adwene ne sɛ nneɛma bo rekɔ soro ntɛmntɛm sen akatua. Enti, wɔ nnipa pii fam no, wɔn mmusua a wɔbɛma wɔn aduan pa adi na bere koro no ara wɔasan adi asɛyɛde afoforo ho dwuma no ayɛ wɔn dadwen.

2 Hwɛ sɛnea Bible nkɔmhyɛ yi abam ma ɛyɛ nwonwa: “Awi susukora taku, na aburow susukora abiɛsa taku.” (Adi. 6:6) Nnipa pii fam no, sika a wɔde tɔ aduan pɛnkoro pɛ ma wɔn abusua no dɔɔso sen wɔn da koro akatua nnɛ. Nokwarem no, sikasɛm (ne nneɛma afoforo) kyerɛ sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu.—2 Tim. 3:1.

3 Ɔkwan Bɛn so na Ebinom Bɔ Mmɔden sɛ Wobegyina Ano? Wiase no mu nnipa bi sisi afoforo bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn akatua aso wɔn di no. Wowiawia nneɛma wɔ wɔn nnwumam de anoyi ma sɛ ‘akatua no sua.’ Nokwarem no, aguadifo bi wɔ ‘nsenia abien.’ Nanso, sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, eyi yɛ “[Yehowa] akyide . . . na nsisi nsenia nso nye.” (Mmeb. 20:23) Ɛyɛ papa sɛ Kristofo a wɔyɛ wɔn ankasa nnwuma bedi ahyɛde a Onyankopɔn de maa tete Israel yi so: “Munntwa . . . nkontompo adesusuw, adekari ne adehyɛ mu; nsenia tee, abrammo tee.”—Lev. 19:35, 36.

4 Esiane sɛ yɛte “abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea” mu nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hwɛ yiye na yɛamfa wiase no akwan. (Fil. 2:15) Wiase no mu nnwumawuranom bi kyinkyin kogyigye nkurɔfo sika hyɛ wɔn bɔ sɛ wɔbɛma wɔn nneɛma anaa wɔbɛtɔ nsase ama wɔn a wɔnyɛ da de bɔ mmɔden sɛ wobegyina mmere a emu yɛ den no ano. Akyiri yi sɛ wɔkɔtoa wɔn sɛ wontua sika a wɔabegyigye no a, wontumi nyɛ saa. Sɛ́ Kristoni a woyɛ w’ankasa adwuma no, so woretwe wo ho afi saa nnwumam nneyɛe bɔne no ho, anaasɛ ebia wote nka sɛ wobɛpaw akwan a ɛte sɛɛ?—1 Pet. 3:10.

5 Bio nso, wɔ wiase no mu no, ebinom ne afoforo bom yɛ adwuma nanso wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya ɔkwan bi wɔ adwuma nhyehyɛe no mu de asisi nea wɔne no bom yɛ adwuma no na wɔafa sika no bi. Tebea afoforo nso mu no, ebia na ebinom na wɔhwɛ nea wɔne no bom yɛ adwuma a ɔnte ɔman no mu no nneɛma so. Wontumi mmu akontaa pa efisɛ wɔfa sika no de ka wɔn de ho. So Kristoni betumi ayɛ saa nneɛma yi?—Aso. 20:33.

6 Ebinom ani nsɔ wɔn asetrade na wɔkɔpɛ ahode wɔ aman afoforo so. Ɛwom sɛ eyi yɛ obi ankasa asɛm de, nanso ɛsɛ sɛ Kristoni susuw tu a obetu akɔtra ɔman a edi yiye kɛse mu so mfaso ne mu asiane ho yiye. Asɛm a ɛne “Aman a Wodi Yiye So a Wotu Kɔtra ho a Wobesusuw” a epuei wɔ April 1, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 26 to 29 no ma yenya biribi a yebesusuw ho na ɛfata sɛ obiara a ɔpɛ sɛ otu kɔtra ɔman bi so na n’asetra ayɛ papa no susuw ho.

7 Dɛn na Wubetumi De Agyina Ano? Adwuma a obi bɛyere ne ho ayɛ no yɛ su pa. Enti wɔhyɛ Kristoni nkuran sɛ ɔnyɛ nsi. (Mmeb. 6:6; 2 Tes. 3:10) Ɛda adi yiye sɛ wonyi wɔn a wɔyere wɔn ho yɛ adwuma no adi te sɛ wɔn a wɔnteɛ wɔn ho nyɛ adwuma no. Nnipa pii ahu sɛ nsaanodwuma a wosua boa ma wotumi gyina sika fam ahokyere ano kɛse, ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɛba saa de.

8 Wɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa n’adwene nsi nneɛma a ohia no so na ɛnyɛ nneɛma a ɔpɛ sɛ onya nanso ontumi nnya ankasa. Onyankopɔn Asɛm se sɛ “yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno nnɔɔ yɛn so.” (1 Tim. 6:8) Mfaso wɔ so sɛ obi de n’akatua bɛtoto nneɛma a ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛtotɔ no ho na wahu nea obeyi afi mu. Sɛ wode ka a, mma ɛka foforo mmɛka ho, gye sɛ tebea bi a wuntumi nyɛ ho hwee sɔre. Ɛka a wobɛde bere nyinaa no betumi ayɛ asiane, titiriw sɛ ɔhaw bi si a. Sɛ ɔdefɛmfo tumi tua sika a ɔkɔfɔm no bere nyinaa mpo a, ɛho mfɛntom taa so araa ma otua sika pii sen nea anka ɛsɛ sɛ otua. Ɛno te sɛ nea wɔtow sika gu. Wɔda aniberesɛm a tebea no yɛ no adi wɔ abebusɛm a efi honhom mu yi mu sɛ: “Ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.” (Prov. 22:7) Enti Bible no hyɛ nkuran sɛ obi nni mmoro n’akatua so: “Trɔma kesee a asomdwoe wɔ mu ye sen ofi afɔrebɔde a wɔko ho ayɛ no ma.”—Mmeb. 17:1.

9 Mmea awarefo bi hu sɛ mfaso wɔ so wɔbɛma wɔn mmusua nnuan ne nnuaba a ɛba pii wɔ bere bi mu, efisɛ ne bo yɛ fow yiye. Afoforo nso di wɔn gua bere a gua no rebetu no, efisɛ na adetɔnfo no ho pere wɔn sɛ wɔbɛtɔn wɔn nneɛma, ma enti wɔntɔn no aboɔmmerɛw.

10 Nyɛ ɔdesɛefo. Yesu yɛɛ nhwɛso pa bi. Bere a Yesu nam anwonwa kwan so ama mmarima 5,000 aduan awie no, ɔhyɛe sɛ: “Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera.” (Yoh. 6:12) So wotow a aduan a ɛka no gu? So wubetumi asiesie aduan a aka no, ebia wɔ ɔkwan a ɛyɛ soronko kakra so ma akanyan akɔnnɔ? Wubetumi anya nyansahyɛ afoforo aka nea ɛwɔ atifi hɔ no ho. Ɛsɛ sɛ obiara san susuw ne tebea ho na ohu ɔkwan pa a ɛsen biara a ɔbɛfa so ahwɛ sika so sɛ Kristoni na watumi agyina mprempren tebea no ano.

11 Su Horow a Ɛsɛ sɛ Wɔhwɛ: Momma yɛnsan mfa Kristoni a ɔyɛ n‘ankasa adwuma nsi eyi so dua. Wɔ wiase no mu no, akansifo gye adanmude, wosisi adetɔfo, wɔkwati towtua ne nea ɛkeka ho. So mfaso bi wɔ so sɛ obi de Bible afotu bedi dwuma wɔ adwuma ho nsɛm mu?

12 Ɔsomafo Paulo ne n’ayɔnkofo yɛɛ nea edi so yi: “Yɛapa aniwude a wohintaw so, na yɛnnantew anifere mu . . . na mmom [yeyi] yɛn ho kyerɛ nnipa ahonim nyinaa, Onyankopɔn anim.” (2 Kor. 4:2) Enti, ɛsɛ sɛ Kristoni biara si ne bo sɛ ɔbɛyɛ n’adwuma wɔ Onyankopɔn suro mu sen sɛ ɔbɛyɛ wiase yi ‘nneɛma a wohintaw so’ no. (Ɔsɛnk. 12:13, 14) So ɛnyɛ nokware sɛ, sɛ wohu sɛ adwumawura bi yɛ osisifo a, ɛnkyɛ na n‘adetɔfo kwati no? Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ adwumawura yɛ ɔnokwafo a, wɔn a ɔne wɔn di gua no nya ne mu ahotoso.

13 Ɛfene a aba so wɔ wiase ne sɛ nya wo ho ntɛm. Yɛn wiase no fa ɔkwan biara so, sɛ ɛmfata mpo a, nya sika a wɔhwehwɛ no. Ɔsomafo Paulo bere so no, ɔmaa aberante Timoteo huu asiane a ɛwɔ honam fam ahode a ɔbɛma n’ani abere mu. Saa bere no na Timoteo wɔ Efeso, Asia Kumaa, a na saa bere no ɛyɛ aguadi kurow a sika wom mu. Paul de kɔkɔbɔ mae sɛ: “Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” (1 Tim. 6:9, 10) So w’ankasa wokyerɛ afotu yi ho anisɔ? So woredi so? So woahu nokware a ɛyɛ no wɔ nnipa pii asetra mu nnɛ?

14 Sɛ anigye a obi wɔ sɛ obenya sika de atɔ asetra mu ahiade ahorow dan yɛ akɔnnɔ a emu yɛ den sɛ ɔbɛyɛ ɔdefo anaa obenya nneɛma a onhia a, na sika nyɛ n’akoa bio. Mmom no, adan ne wura ne “afiri” nso. Wɔka sɛ “sika kasa.” Enti sɛ sika dan obi wura a, ebesusuw nneɛma ho ama no mpo! Ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ Onyankopɔn akoa fam.

15 Ɛho hia sɛ yɛn nyinaa nya Yehowa mu ahotoso sɛ bere a yedi nokware wɔ asetra mu no, ɔbɛma nea ɔka abam. Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” Enti, “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu.” (Heb. 13:5) Nanso, adwumam nneyɛe a ɛnkyerɛ nokwaredi betumi de Kristoni ato ɔhaw kɛse mu. Ɛnsɛ sɛ Kristoni biara gye nokware a abebusɛm a efi honhom mu yi yɛ no ho kyim: “Aduan a wɔnam nnaadaa so nya yɛ obi dɛ, nanso akyiri no, mmosea yɛ n’anom ma.” (Mmeb. 20:17) So wote nea nsɛm yi kyerɛ no ase?

16 Adwene a Ɛkari Pɛ: Yenya asomdwoe ne adwuma mu anigye bere a yedwen Mmebusɛm 30:8, 9 ho no: “Mma me ohia anaa ahonyade, ma minnya m’aduan a ehia me no minni; na mammee mampa wo manka sɛ: Hena ne [Yehowa]? Nanso manni hia manwia ade mamfo me Nyankopɔn din.” Sɛ ebia yɛwɔ wiase yi mu nneɛma kakraa bi anaa bebree no, sɛ yɛankari pɛ annya adwene a ɛnteɛ a, emu biara betumi ayɛ asiane. Sɛ yɛkari pɛ saa na yenya adwene a ɛteɛ a, ɛbɛma yɛatumi agyina bere yi mu ahokyere no ano.

17 Mprempren nhyehyɛe no mu ahokyere a ɛreyɛ kɛse no di adanse pefee sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn. Yɛn awo ntoatoaso no behu Onyankopɔn Ahenni a wɔde besi hɔ no wɔ asase so. (Luka 21:28, 32) Enti, kɔ so yɛ pii wɔ Yehowa adwuma mu, kɔ so yɛ den bere nyinaa wɔ honhom mu. Wonam saayɛ so betumi agyina yɛn mprempren mmere a emu yɛ den no ano, ɛno ansa na ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ wo koma ne w’adwene so Kristo Yesu mu.’—Fil. 4:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena