Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/94 kr. 3-4
  • Kwati Kyakyatow Biara!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kwati Kyakyatow Biara!
  • Yɛn Ahenni Som—1994
Yɛn Ahenni Som—1994
km 5/94 kr. 3-4

Kwati Kyakyatow Biara!

1 Sika fam ahokyere mu kɔ so yɛ den bere a nneɛma nhyehyɛe yi bɛn n‘awiei koraa sen bere biara no. Eyi nti, ɛreyɛ den bere biara sɛ nnipa benya asetrade atitiriw wɔ mmeae a ennyaa nkɔso kɛse no titiriw. Ɔkwan foforo so no, sikasɛm a wontumi nhu nea ɛbɛyɛ no ama nnipa pii di ahonyade akyi sɛ ade a wɔnam so benya ahobammɔ. Esiane sɛ ɛtaa yɛ den sɛ wɔnam adwumaden a nokwaredi wom nkutoo so benya ahonyade pii nti, wiase a Ɔbonsam akɛntɛn so no taa ma nnipa nya akwan horow a wɔbɛfa so anya wɔn ho ntɛm a emu titiriw ne kyakyatow.

2 Dɛn ne Kyakyatow? Sɛnea Encyclopedia Americana kyerɛ no, “wɔtaa kyerɛ kyakyatow ase sɛ fi a obi fi ne pɛ mu de sika bi to asiane mu de tow nea ebefi agumadi anaa biribi foforo mu aba ho nkyia.” Enti kyakya a obi tow kyerɛ sɛ ɔto nea ebefi biribi mu aba a onnim ho nkyia. Kyakyatow kura din ahorow wɔ ɔman yi mu—loto, pools, raffle, sweepstakes, draws ne nea ɛkeka ho. Ntease ahorow bi nti, Yehowa nokware asomfo kwati kyakyatow biara koraa. Nea edi kan koraa no, kyakyatow kyerɛ sɛ obi de ne ho to “akraye“ anaa “biribi a esi kɛkɛ” so. Akraye a obi de ne ho to so na ama wadi ne nsɛnnennen ho dwuma no kyerɛ sɛ onni Yehowa ne ɔkwan a ɔfa so yɛ ade mu ahotoso, ɛyɛ abosonsom anaa ɔwae mpo.—Yes. 65:11, 12.

3 Nea Kyakyatow De Ba: Kyakyatow kanyan adifudepɛ ne anibere. Nkurɔfo tɔ loto tekit a wɔhwɛ kwan sɛ wobedi sika pii. Ɛda adi pefee sɛ eyi ne ɔsoro afotu a etia adifudepɛ a ebetumi ayɛ bɔne a anibere wom araa ma entumi mma obi ‘nnya Onyankopɔn Ahenni’ no bɔ abira. Enti, sɛ Kristoni kɔ so da adifudepɛ adi denam kyakyatow so a, wobetumi atu no afi asafo no mu. (1 Kor. 5:11; 6:10) Bible no san ka sɛ: “Awunnyade a wɔapere ho anya mfiase no, akyi renwie nhyira.” (Mmeb. 20:21) Sɛ Kristoni nya nkate bi sɛ ɔntow loto anaa akrade foforo bi ‘nhwɛ sɛ ebia ɛbɛyɛ yiye’ a, ɛsɛ sɛ osusuw adifudepɛ a loto gyina so no ho anibere so. Efesofo 5:3 ka sɛ ‘wɔmmmɔ adifudepɛ din mpo wɔ yɛn mu,’ na me ne sɛ yɛbɛma ho kwan.

4 Ɔyɔnkodɔ nso ho asɛm wom. (Luka 10:27) Ɛwom, nkurɔfo fi wɔn pɛ mu na wɔtow loto. Nanso wɔn a wodi no fa nnipa afoforo sika a wɔmmma wɔn hwee nsi ananmu. Sɛ loto tekit bo nsɛe obi ankasa anaa n’abusua sikasɛm kɛse mpo a, ɛnkyerɛ sɛ empira afoforo. Sɛ loto tekit no yɛ ₵100 pɛ na sika a ebedi no yɛ sidi ɔpepem biako a, ɛkyerɛ sɛ nea odi no fa nnipa afoforo 9,999 sika. So ɛne Onyankopɔn afotu a etia afoforo agyapade a ani bere no hyia? (Deut. 5:21; Lev. 19:18) Wobu no aniberesɛm te sɛ abosonsom ara pɛ. (Kol. 3:5; 1 Kor. 6:9, 10) Nnipa a wosuro Onyankopɔn yi ɔdɔ a ɛnyɛ pɛsɛmenkominya na “ɛnhwehwɛ n’ankasa de” adi kyerɛ.—1 Kor. 13:4, 5; 10:24; Rom. 13:8-10.

5 Kyakya a wɔtow de nya sika kɛse, te sɛ nea wɔde ma wɔ loto mu no hyɛ biribi foforo a ɛmfata ho nkuran—anihaw. Nnipa a wɔtow loto ne kyakya afoforo no mu pii pɛ sɛ wodi sika kɛse a wɔnyɛ ho adwuma biara na ama ‘asetra atumi ayɛ mmerɛw’ ama wɔn. Nanso Bible nka onihafo ho asɛmpa biara. (Mmeb. 6:6-11) Ɛwom sɛ Bible no nkasa ntia ade a obi fi ne pɛ mu de ma anaa akyɛde a obegye de, nanso wontumi mmu loto sɛ akyɛde a pɛsɛmenkominya nnim a efi ayamye mu. Afei nso, ɔkwan titiriw a nnipa a wosuro Onyankopɔn fa so nya ahode ne sɛ wɔbɛyɛ adwuma. Onyankopɔn Asɛm tu fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ anihafo na mmom ɛhyɛ nkuran sɛ yɛnhwɛ sika so yiye, nyɛ nsi ne adwumaden.—2 Tes. 3:10; Efe. 4:28.

6 Ade foforo a ɛho hia ne sɛ loto kanyan sika ho dɔ wɔ wɔn a wotow no komam. Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ wɔ 1 Timoteo 6:9, 10 no, ɛmfata sɛ nokware Kristofo nya saa ɔdɔ yi. Nea ɛbɛyɛ na wɔamma su a ɛwowɔ yawyaw mpɛn pii no amfa wɔn anyɛ nkoa no, nnipa a wosuro Onyankopɔn nyinaa paw sɛ wɔbɛkwati kyakyatow koraa.

7 “Raffle”—So Ɛyɛ Aguade ho Dawurubɔ Bi Kɛkɛ? Na raffle a nnwuma ahorow bi de di dwuma na ama wɔatɔ wɔn nneɛma no nso ɛ? Ɛtɔ mmere bi a, nnwuma bi ma adetɔfo akyɛde, na wɔpaw wɔn a wɔde ma wɔn no denam wɔn din a woyi fi wɔn a wɔbɛtɔɔ sotɔɔ no mu nneɛma anaasɛ wodii kan tɔɔ bi din a wɔakyerɛw mu. Adwuma bi betumi de saa raffle no abɔ n’aguade ho dawuru. Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɔkwan a sotɔɔ anaa adwuma pɔtee bi fa so yɛ no NYƐ kyakyatow. Sɛ ɛte saa a, Kristo betumi asi gyinae ma ɛne n’ahonim ahyia sɛ obegye akyɛde no anaa ɔrennye.

8 Bere a nokware Kristoni resusuw gyinae ko a ɛsɛ sɛ osi ho no, obetumi abisa sɛ: So akyɛde no a megye no betumi ato obi hintidua? Kristofo binom bɛpow biribiara a ɛte saa, esiane sɛ wɔmpɛ sɛ wɔto afoforo hintidua anaa wɔma wɔn adwene tu afra, na wɔpɛ nso sɛ wɔtwe wɔn ho fi afiri biara a ɛbɛma wɔde wɔn ho ato akraye so nti. Ebia wɔbɛte nka nso sɛ wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn ka dawurubɔ biara a wɔbɛhwɛ kwan sɛ wɔn a wonya akyɛde no benya mu kyɛfa no ho.—Fa toto 1 Korintofo 8:10-13 ho.

9 Nanso, wɔ ɔman yi mu no, raffle dodow ara hwehwɛ sɛ ɔdetɔfo no de aguade no ho biribi ma na wafata sɛ onya tekit a wɔde bɛto raffle no de ahu wɔn a wobedi no bi. Ɛwom mpo sɛ ɔdetɔfo no mfa sika ntɔ raffle tekit no tee de, nanso so ɛma eyi yɛ soronko wɔ kyakyatow afoforo, sɛ nhwɛso no, loto ho? Sɛ mfatoho no: Sɛ woyɛ wo yɔnko bi papa, na ɔde loto tekit kyɛ wo de kyerɛ ho anisɔ a, so wobɛka sɛ ɛnyɛ w‘ankasa na wotɔe nti wubegye? Sɛ Kristoni rennye akyɛde yi mfi obi hɔ efisɛ ɛyɛ kyakya nti a, so ɛteɛ sɛ obegye akyɛde koro no afi nnipakuw—adwuma—bi hɔ? Ɔbonsam yɛ anifere yiye wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛsɛe Kristofo mudi mu a wokura no. Enti, ɛho hia sɛ yɛkɔ so ‘yɛ anifere sɛ awɔ ne kronn sɛ mmorɔdoma’ wɔ mprempren Satan nneɛma nhyehyɛe yi mu.—Mat. 10:16; fa toto 2 Korintofo 2:11 ho.

10 Yɛn Tirimbɔ: Mprempren wɔregye nneɛma bɔne pii a anibere wom a anka kan no na wiase no kasa tia no atom, esiane biribiara a nnipa kɔ so ma ho kwan nti. Ebi ne asabow, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, aguamammɔ ne kyakyatow. (Fa toto Yesaia 5:20 ho.) Ɛwom sɛ wiase no abrabɔ bɛkɔ so asɛe de, nanso nokware Kristofo ma ɛtra wɔn adwenem sɛ Yehowa abrabɔ ho gyinapɛn ahorow nsakra. (Mal. 3:6) Enti, ɛsɛ sɛ yekura yɛn mudi mu pintinn sɛ Kristofo, na yɛkɔ so ‘nya yɛn ho nnwuma pa fam na yɛnam saayɛ so ato nhyɛase pa asie ama daakye akosi sɛ yebenya nkwa ankasa wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.’—1 Tim. 6:17-19; 1 Kor. 15:58.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena