Ɔsom Nhyiam Horow Ma August
Dapɛn a Efi Ase August 1
Dwom 159
15 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata. Yɛ nsɛmma nhoma a aba foforo mu nkɔmmɔbɔ nsɛm a wobetumi atwe adwene asi so wɔ asɛnka mu dapɛn yi awiei ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Kura Adwempa Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Fa bere tiaa bi bisabisa ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo a wakyɛ a ɔbɛka sɛnea watumi akura adwempa mu wɔ asasesin no mu anibiannaso anaa ɔsɔretia nyinaa akyi no nsɛm.
15 min: “Brochure Ahorow—Nnwinnade a Ɛsom Bo ma Ɔsom Adwuma No.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Yɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho ɔyɛkyerɛ abien a wɔasiesie no yiye. Fa brochure ahorow a wɔde bedi dwuma August no bi kyerɛ. Kae atiefo sɛ wonkogye bi na wɔde adi dwuma wɔ asɛnka mu dapɛn yi.
Dwom 142 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 8
Dwom 216
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma.
15 min: “Hu Wo Nuanom Yiye.” Nsemmisa ne mmuae. To nsa frɛ atiefo ma wɔnka osuahu ntiantiaa a ɛkyerɛ sɛnea wɔnam nkyekyem 6 no mu nyansahyɛ ahorow a wɔde dii dwuma so tumi huu afoforo yiye nkyerɛ.
20 min: Bɔnnɔ So Adansedi Pii a Yɛbɛyɛ. Adawurubɔfo baasa anaa baanan susuw sɛnea wɔbɛtrɛw dwumadi yi mu kyɛfa a wonya no mu ho. Wosusuw nea afoforo ayɛ ho, na wɔka sɛnea wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ adwuma yi pii ho asɛm bere a wɔde October 15, 1987, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 22-7 di dwuma no. Oguamtrani no hyɛ atiefo nkuran sɛ wonsusuw sɛnea wobetumi anya ɔsom adwuma no fã yi mu kyɛfa ho.
Dwom 182 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 15
Dwom 166
5 min: Asafo mu nkaebɔ a sika ho amanneɛbɔ ne ntoboa a nsa aka ho nsɛm ka ho.
15 min: “Sankɔhwɛ a Wode Bɛkanyan Anigye.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Yɛ ɔyɛkyerɛ abien a ebiara di simma 3 fa kyerɛ sɛnea wobetumi de nsɛm a wɔka kyerɛ no ayɛ sankɔhwɛ ahorow. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden mfi Bible adesua ahorow ase.
25 min: “Monkɔ so Nnantew Pɛpɛɛpɛ wɔ Adeyɛ Koro Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ mu ho.
Dwom 96 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 22
Dwom 218
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
20 min: Mɛyɛ Dɛn Atumi Abɛn Onyankopɔn? Abusua adesua ho ɔyɛkyerɛ. Awofo ne wɔn mma a wonnii mfe aduonu susuw Young People Ask nhoma no ti 39 no mu nsɛm ho. Munsusuw asɛmti ketewa “Publicly Declaring Your Friendship With God” ho wɔ nkratafa 315-18. Mmofra no nwiinwii sɛ wɔyɛ basaa bere a wɔkɔ afie afie, na wɔka sɛ wɔka nsɛm koro no ara wɔ nhyiam horow no mu na wɔyɛ no mpɛn pii dodo. Awofo ne wɔn susuw ho ayamye mu, na wɔkyerɛ wɔn Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ dwumadi ahorow yi ho hia, sɛ wɔbɛkɔ so ne Yehowa anya abusuabɔ pa a.
20 min:“Gu Anansesɛm Huhuw No” a ɛwɔ April 1, 1994, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 29-31 no ho ɔkasa a ɔpanyin ma. Da Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛkyerɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ woti nsɛm a ɛfa abayifo ne asumanfo nneyɛe ne adanse ho mu no adi. Kenkan nkyekyem atitiriw fa si nsɛm so dua.
Dwom 10 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 29
Dwom 199
13 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka asɛnka nhyehyɛe ma dapɛn no awiei ho asɛm. Bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wotumi yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no anaasɛ wɔtrɛw wɔn dwumadi mu ɔkwan foforo so wɔ ɔsom afe no mu nsɛm. Ka anigye a wonyae no bi.
15 min: “So Wubetumi Ayɛ Ɔkwampaefo Bio?” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Fa mo hɔnom osuahu biara a ɛkyerɛ sɛnea obi atumi asan de ne ho ahyɛ akwampae adwuma mu anaasɛ sɛnea abusua bi aboa emuni ma wagye hokwan yi ka ho.
17 min: Fa Tra Ase Daa Nhoma no Ma Wɔ September Mu. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden anigye so sɛ wɔde nhoma yi bɛma na wɔafi adesua horow ase wɔ September mu. Woyii no adi wɔ 1982 mu, na yɛde adi dwuma sɛ adwinnade titiriw a yɛde yɛ Bible adesua fi saa bere no. Nea woyii no adi wɔ ɔmantam nhyiam horow ase no kura nsɛm yi: “Adesua nhoma foforo yi kura nea ehia na yɛaboa afoforo pii ma wɔanya anidaso a yɛwɔ no bi. . . Ekura Bible mu nokware ahorow a ɛsɛ sɛ afoforofo te ase na wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa na wɔasom no ɔkwan a ɛsɔ n’ani so.” Nea afi mu aba no kyerɛ sɛ adawurubɔfo adɔɔso fi 2,652,323 wɔ 1983 mu abedu 4,709,889 wɔ 1993 mu. To nsa frɛ ankorankoro ma wɔnka sɛnea wɔnam nhoma yi sua so huu nokware no anaa sɛnea wɔboaa afoforo denam sua a wɔne wɔn suae so. Twe adwene si nhoma no afã afoforo a wobetumi asi so dua bere a wɔde rema no so.
Dwom 161 ne mpaebɔ a wɔde wie.