Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/94 kr. 3
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1994
Yɛn Ahenni Som—1994
km 9/94 kr. 3

Asemmisa Afã

◼ Atade bɛn na ɛfata sɛ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase akasafo hyɛ kɔ asɛnka agua so?

Nnyinasosɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 2:9 no fa Onyankopɔn nkoa ho bere nyinaa ma enti baabiara a yɛwɔ no, ɛsɛ sɛ yɛde ‘ntade a ɛsɛ ne ani a ewu ade ne adwenemtew’ siesie yɛn ho.

Ɛsɛ sɛ ahosiesie no fata bere no. Sɛ́ nhwɛso no, ɛremfata sɛ okuafo befura ntama a ɔde kɔ baguam bere a ɔredɔw wɔ n’afuw mu no, nanso ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ obefura wɔ fie anaa kurom de akɔsrasra ne nnamfo. Saa ara na ɛremfata sɛ obi bɛhyɛ suit de akoguare nsu, nanso atade yi bɛyɛ nea ɛfata wɔ Ahenni Asa so.

Adeyɛ no kɛse nso kyerɛ atade ko a ɛfata titiriw ma bere no. Ɛyɛ nnipa su sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ‘asiesie wɔn ho yiye’ bere a wɔkɔ dwumadi bi a ɛho hia ase no. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo kari pɛ na wɔamfa ‘ntade a ɛwɔ bo yiye’ ansiesie wɔn ho, wɔ mmere a ɛtete saa mpo mu.—1 Tim. 2:9b.

Wɔkae yɛn sɛ bere a Ɔhemmaa Ester kopuee ɔhene no anim no na ɔhyɛ “ɔhemmaa atade.” (Ester 5:1) Nea ɛbɛyɛ na yɛde nnyinasosɛm yi adi dwuma no, wɔhwɛ kwan sɛ akasafo a wɔba asɛnka agua so wɔ mmere atitiriw te sɛ amansin ne amantam nhyiam ase no bɛma wɔn ahosiesie afata adeyɛ kɛse no. Wɔ ɔman yi mu no, yebetumi aka sɛ amansin ne amantam nhyiam ase akasafo a wɔhyɛ suit, anaa wofura ntama a ani tew a wɔde kɔ baguam no asiesie wɔn ho sɛnea ɛfata a wɔde bɛkasa akyerɛ wɔn atiefo. Wɔ Ghana atifi amantam no mu no, wobu fugu sɛ atade a ɛfata a wɔhyɛ kɔ baguam. Enti wobetumi ama kwan ma akasafo a wɔwɔ saa mmeae no ahyɛ fugu.

Ebinom abisa sɛ ebia wɔn a wɔma baguam ɔkasa wɔ asafo no mu no betumi ahyɛ political suit (wɔsan wɔfrɛ no French suit) anaa. Mmuae no yɛ yiw. Wɔ asafo no mu no, baguam ɔkasa no guamtrani nso betumi ahyɛ political suit (anaa French suit). Nanso, wɔmma kwan sɛ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase akasafo bɛhyɛ political suit anaasɛ French suit aba asɛnka agua no so. Wɔn a wɔwɔ dwumadi afoforo te sɛ ɔyɛkyerɛ, anaasɛ wobisabisa wɔn nsɛm wɔ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam ase no betumi ahyɛ political suit anaasɛ French suit, nanso ɛsɛ sɛ ɔkasafo no ankasa hyɛ suit anaa ofura ntama a ani tew a wɔde kɔ baguam anaasɛ wɔn a wɔwɔ atifi amantam no mu no hyɛ fugu a ɛfata sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no.

Wɔ asafo pii mu no, anuanom mmarima a wonya ɔkasa dwumadi, sɛ nhwɛso no, wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu anaa Ɔsom Nhyiam ase no hyɛ hyɛɛt bɔ tae de ba asɛnka agua no so. Wobu eyi sɛ ahosiesie a ɛfata ma bere no.

‘Momma yɛnyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano’ bere nyinaa.—1 Kor. 14:40.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena