Honhom Bɛn na Woda no Adi?
1 Paulo de afotusɛm yi na ewiee ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa asafo a na ɛwɔ Filipi no: “Awurade Yesu Kristo dom nka mo honhom.” (Fil. 4:23) Ɔkamfoo wɔn wɔ nokware anigye a wɔde kaa asɛmpa no ne wɔn ho wɔn ho yiyedi a wofii anigye ne ɔdɔ mu susuw ho no ho.—Fil. 1:3-5; 4:15, 16.
2 Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛda honhom koro no ara adi wɔ yɛn asafo mu. Sɛ obiara da nsiyɛ, ayamye, ne ahɔhoyɛ adi a, ɛde honhom bi a nkurɔfo hu ba. Honhom a ɛfata a ɔdɔ wom de biakoyɛ ne honhom mu nkɔso ba. (1 Kor. 1:10) Honhom a ɛmfata de abasamtu ne anibiannaso ba.—Adi. 3:15, 16.
3 Mpanyimfo Di Anim: Mpanyimfo no wɔ asɛyɛde sɛ wɔda honhom a ɛfata adi wɔ wɔn ntam ne asafo no mu. Dɛn ntia? Efisɛ wɔn nneyɛe ne wɔn abrabɔ betumi anya asafo no so tumi. Yɛn ani sɔ sɛ yɛwɔ mpanyimfo a wɔda nsiyɛ adi wɔ asɛnka adwuma mu, wɔde anigye serew kyia yɛn, wofi ayamye mu kasa kyerɛ yɛn, na wɔn afotu, sɛ́ ɛyɛ nea wɔde ma wɔ kokoam anaa asɛnka agua so no, yɛ nea ɛfata na ɛma denhyɛ.—Heb. 13:7.
4 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ yɛn fam de ma asafo no da adamfofa, ahɔhoyɛ, ne nsiyɛ adi, na edwen honhom fam nneɛma ho. Yɛn mu biara betumi ada anigye ne ɔdɔ adi wɔ yɛne afoforo fekubɔ mu. (1 Kor. 16:14) Ɛnsɛ sɛ yegyina nkurɔfo mfe, abusua a wofi mu, wɔn nhomanim, anaa wɔn sikasɛm so yɛ nyiyim. (Fa toto Efesofo 2:21 ho.) Esiane yɛn anidaso no nti, yebetumi ada anigye, ahɔhoyɛ a efi ayamye mu, ne ɔsom adwuma mu nsiyɛ honhom adi.—Rom. 12:13; Kol. 3:22, 23.
5 Ɛsɛ sɛ yɛma wɔn a wɔne yɛn bɔ nyinaa, a afoforofo ka ho, te nka sɛ yegye wɔn tom, na wohu ɔdɔ ne ahofama a ɛwɔ onuayɛ no mu. Yɛnam yɛn som adwuma no ne Kristofo su pa ahorow a yɛda no adi so di adanse sɛ asafo no yɛ ‘nokware no dum ne ne nnyinaso.’ (1 Tim. 3:15) Afei nso “Onyankopɔn asomdwoe” a ɛhwɛ yɛn adwene ne yɛn koma so no ma yenya honhom mu ahobammɔ. (Fil. 4:6, 7) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛyere yɛn ho denneennen ada honhom a ɛbɛma yɛn awerɛhyem sɛ yebenya Yehowa dom a ɛnam Awurade Yesu Kristo so ba no adi.—2 Tim. 4:22.