Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma November: New World Translation of the Holy Scriptures ne nhoma The Bible—God’s Word or Man’s? December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. January: Adawurubɔfo begye nhoma a ekura nkratafa 416, anaa 384 anaa 192 a ayɛ kɔkɔɔ biara a ebia asafo no wɔ ₵350 na akwampaefo agye no ₵180 de ama anaa yɛde nhoma a ekura nkratafa 192 foforo biara bɛma de agye ne bo ankasa. February: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. Ɛsɛ sɛ yɛsan kɔsra wɔn a yɛde nhoma yi ma wɔn no, na yɛbɔ mmɔden fi Bible adesua ase. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wonnya nkraa atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa ɔsram biara Literature Request Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi. Nhoma dedaw a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no bi wɔ Betel.
◼ Nhoma Foforo a Ebi Wɔ Hɔ:
Engiresi: Watchtower Publications Index (1991-93). Twi: Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma (Nea wɔasakra mu).
◼ Nhoma Ahorow a Ebi Wɔ Hɔ Mprempren:
Engiresi: Watchtower bound volume ahorow (1964 & 1965). Learn to Read and Write.
Ga: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn.
◼ Ɛnsɛ sɛ daa akwampaefo afoforo fi wɔn dwumadi ase kosi sɛ wɔbɛte sɛ Asafo ti ama wɔn kwan. Yɛhyɛ mpanyimfo nkuran sɛ anyɛ yiye koraa no wɔmfa daa akwampae adwuma ho akwammisa nkrataa mmana asram abien ansa na bere a wobefi ase no adu.