Asemmisa Afã
◼ Ahwɛyiye bɛn na ɛho hia bere a yɛka asɛm wɔ asasesin a emu yɛ hu mu no?
1 Yɛkɔ so te nsɛmmɔnedi, nkurɔfo a wɔtow hyɛ wɔn so bɔ wɔn apoo, basabasayɛ, ne, nnansa yi, mmusua ntam akodi ho amanneɛbɔ mpɛn pii. Ɛwom sɛ ɛhaw yɛn de, nanso yenim sɛ nnipa komapafo a wobetie Ahenni asɛm no wɔ mmeae a basabasayɛ wɔ mpo. Enti wɔ bere a ɛfata mu no, ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru kɔ so yɛ yɛn asɛnka adwuma no a yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn so.—Mmeb. 29:25; 1 Tes. 2:2.
2 Sɛ yɛkɔ baabi a ɛhɔ yɛ hu a, Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ ahwɛyiye na yɛde atɛmpa adi dwuma. Ma w’ani nna hɔ. (Mmeb. 22:3) Adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw hu nyansa a ɛwom sɛ adawurubɔfo baanu baanu anaa pii mpo bɛbom ayɛ adwuma, sɛ tebea no ma eyi ho hia a. Ɔsɛnkafo 4:9, 12 ka sɛ: “Baanu ye sen obiako . . . Sɛ obi toa wɔn mu biako a, baanu no ne no besi anim.” Nsɛmmɔnedifo taa hwehwɛ nnipa a wɔn nkutoo nam ma enti ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ wɔn bɔne.
3 Yɛ ahwɛyiye kɛse bere a ade asa a worepue wɔ mmeae a wodi ako no. Yɛreka eyi de atwam sɛ ɛho da so ara hia sɛ Kristofo di nea Hebrifo 10:24, 25 ka no so na wɔkɔ nhyiam horow. Sɛ mubetumi ahyiam ansa na ade asa, sɛ ebia wɔ dapɛn no awiei a, ɛno ye paa. Sɛ muntumi nyɛ saa a, ɛyɛ papa sɛ mobom nantew sɛ akuw bere a moapɔn nhyiam no. Ɛsɛ sɛ wukwati mmeae a ntawntawdi rekɔ so wɔ hɔ, ɛwom mpo sɛ ebia ɛhɔ yɛ kwan tiaa a ɛkɔ faako a worekɔ no de. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fi fie ntɛm kɔ nhyiam horow no. Sɛ basabasayɛfo kuw bi hyia wo a, wo ne wɔn mu biara a ebia ɛte sɛ nea ɔrehunahuna wo anaa ɔretwa wo mpoa nnnye akyinnye. Na da wo ho adi ntɛm sɛ woyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Adawurubɔfo bi kura Bible, Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! nsɛmma nhoma no wɔ wɔn nsam bere nyinaa na ama wɔahu nnipa ko a wɔyɛ ntɛm.
4 Nyansa nnim sɛ wobɛhyɛ agude a ne bo yɛ den wɔ mmeae a ɛhɔ yɛ hu. Sɛ ɛsɛ sɛ wupue bere a ade asa a, nnantew akwan a esum wɔ so a lɔre ntaa mfa so so. Sɛ basabasayɛfo tow hyɛ wo so na wo sika anaa w’ahode nkutoo na wɔpɛ a, nko ntia wɔn; wo nkwa som bo sen honam fam ahonyade biara a wowɔ.—Marko 8:36.
5 Ɛho hia sɛ anuanom a wodi asɛnka adwuma no anim no ma wɔn ani da hɔ, na wɔma wɔn ani ku adawurubɔfo ho wɔ asasesin no mu. Ɛtaa yɛ papa sɛ wɔbɛma kuw no ayɛ adwuma wɔ faako sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo bɛbɛn wɔn bere nyinaa. Sɛ wofi ase di nsɛmmɔne anaa wɔyɛ basabasa bi wɔ mpɔtam hɔ a, ɛsɛ sɛ kuw no fi asasesin no mu ntɛm ara.
6 Sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛyɛ ahwɛyiye a, yebetumi akɔ so adu nnipa komapafo a wɔwɔ asasesin a emu yɛ hu mu nkyɛn na yɛakɔ so ahyiam asua Onyankopɔn Asɛm wɔ mmeae a ntawntawdi wɔ.