Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/94 kr. 7
  • Nhyira Horow a Yenya Bere a Yɛne Afoforo Yɛ Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyira Horow a Yenya Bere a Yɛne Afoforo Yɛ Adwuma
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwampaefo Boa Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Wubetumi Aboa Nkurɔfo Ama Wɔabɛyɛ Asuafo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Akwan a Yɛfa So Ka Asɛmpa No
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Momma Yennya Anigye Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 11/94 kr. 7

Nhyira Horow a Yenya Bere a Yɛne Afoforo Yɛ Adwuma

1 Wususuw sɛ mfaso wɔ so sɛ wo ne afoforo bɛyɛ asɛnka adwuma no? Yesu yɛɛ saa. Ɛmfa ho sɛ na otwa adwuma no sõ na adwumayɛfo no sua no, ɔsomaa asuafo 70 “baanu baanu” kɔɔ asasesin no mu. Hwɛ mfaso ara a wɔn nyinaa nyae bere a wɔkaa asɛm wɔ “kurow biara ne baabiara a ɔno ankasa rebɛkɔ hɔ” no!—Luka 10:1, 17; Mat. 9:37.

2 Ɛma denhyɛ sɛ wo ne afoforo bɛyɛ adwuma. Yɛn mu bi fɛre ade na ɛyɛ yɛn den sɛ yɛbɛbɛn obi a yennim no. Sɛ onipa foforo ka yɛn ho a, ebetumi ama yɛn ahotoso ma yɛaka Onyankopɔn Asɛm no akokoduru so. Sɛ obi ka yɛn ho a, ebia ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ adwuma no wɔ ɔkwan a wɔakyerɛ yɛn so. (Mmeb. 27:17) Onyansafo no kae sɛ: “Baanu ye sen obiako.”—Ɔsɛnk. 4:9.

3 Ɛyɛ papa sɛ wo ne adawurubɔfo ne akwampaefo pii bɛyɛ adwuma. Ɔsomafo Paulo mfɛfo a ɔne wɔn yɛɛ ɔsom adwuma no binom ne Barnaba, Silas, Timoteo, ne Yohane a wɔfrɛ no Marko, na wonyaa nhyira pii bere a wɔboom kaa asɛm no. Saa pɛpɛɛpɛ na ebetumi ayɛ nnɛ. Wo ne obi a wakyɛ wɔ nokware no mu ayɛ adwuma pɛn? Bere a wohwɛɛ ahokokwaw a ɔde dii adanse no, ebia woasua nneɛma pa bi a aboa wo ma woanya nkɔso. Wo ne adawurubɔfo a wɔnkyɛe papa ayɛ adwuma da? Ɛnde ebia wutumi kyerɛɛ wɔn nea woasua no bi ma enti ebia aboa wɔn ma wɔatu mpɔn na wɔanya anigye kɛse wɔ wɔn som adwuma mu.

4 Mprempren woyɛ Bible adesua? Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na wonto nsa mfrɛ mpanyimfo no biako anaa ɔmansin sohwɛfo no mma ɔne wo nkɔyɛ? Mfaso wɔ so sɛ yɛn Bible asuafo behu ahwɛfo no. Sɛ wompɛ sɛ woyɛ adesua no wɔ ɔpanyin bi anim a, ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ ma wohwɛ. Ɛno akyi no, mma ɛnnhaw wo sɛ wubebisa ne hɔ nyansahyɛ ahorow a ɛfa ɔkwan a wubetumi afa so aboa wo suani no ma wanya nkɔso ntɛmntɛm ho.

5 Sɛ wo ne afoforo yɛ adwuma a, yɛ ɔyɔnko a ɔhyɛ nkuran. Ka mo asasesin no ho nsɛm a ɛfata. Nni nseku anaasɛ nnwiinwii wɔ asafo nhyehyɛe ahorow ho da. Fa w’adwene si ɔsom adwuma no ne nhyira horow a efi Yehowa hɔ no so. Sɛ woyɛ saa a, bere nyinaa wo ne wo mfɛfo nyinaa bɛsan akɔ fie a moanya honhom mu abotɔyam.

6 Ebia wo nsɛm tebea bɛma ayɛ den sɛ wo ne anuanom mmarima ne mmea afoforo bɛyɛ adwuma daa. Nanso, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe mfa bere bi nsi hɔ ne ɔdawurubɔfo foforo nyɛ adwuma? Mo baanu nyinaa benya nhyira!—Rom. 1:11, 12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena