Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/12 kr. 1
  • Yɛ Anifere Bere a Wowɔ Asɛnka Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ Anifere Bere a Wowɔ Asɛnka Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Ma W’asɛnka Adwuma Ntu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Akwan a Yɛfa So Ka Asɛmpa No
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 5/12 kr. 1

Yɛ Anifere Bere a Wowɔ Asɛnka Mu

1. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ anifere wɔ asɛnka mu?

1 Onyankopɔn asomfo reka asɛm no “wɔ awo ntoatoaso a akɔntɔn na akyea” mu te sɛ ‘nguan a wɔwɔ mpataku mfinimfini.’ (Mat. 10:16; Filip. 2:15) Ɔmanko, basabasayɛ, ne nkurɔfo a wɔkyere wɔn atirimɔden so sie ho asɛm a ɛyɛ hu abu so, na edi adanse sɛ nnipa bɔne ‘rekɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ’ mu. (2 Tim. 3:13) Kyerɛwnsɛm mu asɛm bɛn na sɛ yɛde di dwuma a, ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛayɛ anifere’ wɔ asɛnka mu?—Mat. 10:16.

2. Tebea bɛn na ɛbɛma ayɛ papa sɛ wufi asasesin bi mu kɔka asɛm no wɔ baabi foforo?

2 Yɛ Onitefo: Mmebusɛm 22:3 da no adi sɛ nyansa wom sɛ ‘yɛde yɛn ho behintaw’ mmusu. Ma w’ani nna hɔ! Baabi a ɛhɔ nyɛ hu betumi abɛyɛ hu mpofirim. Ebia wubehu sɛ polisifo pii aba kurom anaa nnipadɔm bi reboaboa wɔn ho ano wɔ abɔnten. Ɛtɔ mmere bi a, ofiewura yamyefo bi beyi wo asotiw. Sɛ́ anka asɛmpɛ nti wobɛkɔ so anantenantew hɔ no, nyansa wom sɛ wubefi hɔ ntɛm akɔtoa asɛnka no so wɔ baabi foforo.—Mmeb. 17:14; Yoh. 8:59; 1 Tes. 4:11.

3. Ɔsɛnkafo 4:9 fa yɛn asɛnka adwuma no ho dɛn?

3 Mommom Nyɛ Adwuma: Ɔsɛnkafo 4:9 ka sɛ: “Baanu ye sen obiakofo.” Ebia wo nkutoo taa kɔ asɛnka a ɔhaw biara nsi de, nanso so ɛfata sɛ wobɛyɛ saa seesei? Wɔ mmeae bi no, asiane nnim sɛ obi bɛyɛ saa. Nanso wɔ mmeae foforo no, asiane wom sɛ onuawa, aberante anaa ababaa bi nkutoo bɛkɔ afie afie asɛnka, titiriw anadwofa. Osuahu kyerɛ sɛ, sɛ yɛne obi a n’ani da hɔ kɔ a, ɛboa. (Ɔsɛnk. 4:10, 12) Ma w’ani nkɔ wɔn a wo ne wɔn kɔ asɛnka no ho. Fa yɛ wo su sɛ, sɛ worefi asasesin no mu akɔ a, wobɛka akyerɛ wɔn a wo ne wɔn reyɛ adwuma no.

4. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama wɔabɔ asafo no mufo nyinaa ho ban?

4 Esiane sɛ mpanyimfo no na ‘wɔrehwɛ yɛn kra so’ nti, ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔhwɛ baabi a wɔwɔ no nsɛm tebea de ho akwankyerɛ a mfaso wɔ so ma. (Heb. 13:17) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase sɛ Kristofo na yɛne mpanyimfo no yɛ biako wɔ biribiara mu a, Yehowa behyira yɛn. (Mika 6:8; 1 Kor. 10:12) Momma yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa nni adanse a etu mpɔn wɔ yɛn asasesin mu, na yɛnyɛ anifere sɛnea ɛsɛ bere nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena