Awofo, Mo Mma Rebɔ Asɛm no Dawuru?
1 Ɛsɛ sɛ wɔkamfo awofo yiye wɔ mmɔden kɛse a wɔbɔ wɔ wɔn ma nhomasua ne hwɛ a wɔhwɛ wɔn sɛnea ɛsɛ a yɛn “mmere a emu yɛ den” no mfa ho no mu. (2 Tim. 3:1) So ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ awofo bɛbɔ mmɔden kɛse saa ara akyerɛkyerɛ wɔn mma wɔ nokware no mu ayɛ nhyehyɛe a ɛfata de ahwɛ wɔn honhom fam? Wɔde anigye hyɛ awofo nkuran sɛ wɔnkɔ so nni eyi ho dwuma daa.
2 Asɛmpa no Ka Ho Hia: Adwuma foforo biara ho nhia Yehowa ne n’asase so ahyehyɛde no sɛ Ahenni ho asɛmpa a wɔka no. (Marko 13:10; fa toto Yohane 4:13, 14 ho.) Dɛn na woreyɛ sɛ ɔwofo na ama wo mma afi asɛnka ase ma ɛne Romafo 10:9, 10 ahyia? Sɛ wo mma anyin sɛnea ɛsɛ nanso wɔnyɛ adawurubɔfo a, mo sɛ awofo no, so mubetumi agyina asɛm yi so asusuw nea yɛreka yi ho anibere so bere a moakɔ fie no? Ɛyɛ nokware sɛ Yehowa Adansefo mma pii a afei na wɔadu mpanyin afe so anaa wɔreyɛ atra wɔ hɔ a wɔkɔ nhyiam horow daa nanso wɔnyɛ Ahenni adawurubɔfo. Dɛn nti na eyi te saa?
3 Awofo a wɔn ankasa yɛ adawurubɔfo a wɔyɛ nnam no de nhwɛso a ɛkyɛn so a ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔn mma bɛyɛ adawurubɔfo rema. (Fa toto Filipifo 4:9 ho.) Sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra a wosusua yiye na wotumi de nkratawa ma afiewuranom, anaasɛ mmofra a wɔn ani afi ma wotumi de nsɛmma nhoma ma a, hwɛ anigye a wonya! Mmofra a wotumi kenkan ade ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan Bible bere a wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa wɔ asɛnka mu no. Worekyerɛkyerɛ wo ba akenkan? Sɛ yɛkyerɛkyerɛ mmofra ma wotumi ka asɛm a asete nyɛ den a kyerɛwsɛm biako anaa abien wom kyerɛ wɔ apon ano sen sɛ wobedi yɛn akyi kɛkɛ a, wɔn ani gye asɛnka ho kɛse. Sɛ yɛreyɛ ofie Bible adesua a, yebetumi ahyɛ da abisa nsɛm a asete nyɛ den na yɛaka akyerɛ mmofra sɛ wommua. Afiewuranom ani taa gye Yehowa Adansefo ntetee ho na wobu no sɛ ɛkorɔn.
4 Hia a Ɛho Hia sɛ Wɔkɔ so Tete Wɔn wɔ Asɛnka Mu: Wobetumi de nsɛmti a asete nyɛ den a efi Bible Nsɛmti ma Nkɔmmɔbɔ ne Reasoning nhoma no mu akyerɛkyerɛ mmofra a wɔn ani afi no. Akyiri yi, awofo betumi de ahokokwaw akyerɛ wɔn sɛnea wɔn ankasa besiesie nsɛmti a asete nyɛ den afi nhoma ahorow yi mu. Sua a wobesua mpɛn pii wɔ fie no boa mmofra no ma wɔde ahotoso ka asɛm no kyerɛ. Wobetumi asua Yɛn Ahenni Som no mu nyansahyɛ ahorow no nso saa ara.
5 Awofo, munni Yesu Kristo a ɔtetee n’asuafo na n’ankasa ne wɔn kɔɔ asɛnka nhwɛso no akyi. (Mat. 10:1-12; Luka 10:1) Asɛnka ho hia na mmofra no anya honhom mu akwahosan, na ɛho hia Yehowa ahyehyɛde no yiye. Enti, nsɛm a ɛbɛba Yɛn Ahenni Som no mu akyiri yi bɛsan aka eyi ho asɛm. Awofo a wɔde nyansahyɛ ahorow a wɔde ama no di dwuma no betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira wɔn mmɔdenbɔ so.—Yoh. 13:17; Yes. 48:18.