Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. January: Yebetumi de nhoma a ekura nkratafa 416 anaa 384 anaa 192 a ayɛ kɔkɔɔ a asafo no wɔ nyinaa ama de agye bo a wɔakyerɛ no (hwɛ November 1994 Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow), anaa yɛde nhoma a ekura nkratafa 192 foforo biara a ɛho tew bɛma de agye ne bo ankasa. February: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So na yɛde bedi dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛsan kɔsra wɔn a yɛde nhoma yi ma wɔn no, na yɛbɔ mmɔden fi Bible adesua ase.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu December 1 anaasɛ wɔ ɛno akyi pɛɛ. Sɛ wɔyɛ saa wie a, wɔmmɔ asafo no amanneɛ.
◼ Ɛbere aso sɛ yɛsan hyehyɛ “Medical Directive Card” [Mogya Kratasin] ne “Identity Card” [Agyiraehyɛde Kratasin] no foforo January 1. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa hwɛ hu sɛ wɔasan ahyehyɛ “Medical Directive” foforo ama wɔn ho ne “Identity Card” ama mma nkumaa biara a wɔwɔ no.
◼ Monhwɛ nhu sɛ mobɛkyerɛw afe asɛm no abɔ mo Ahenni Asa so ntɛm ara January 1. Afe asɛm no ne: “Monyɛ Biako wɔ Ɔdɔ Mu.”—Kolosefo 2:2, New World Translation.
◼ Sodikuw no ayɛ nhyehyɛe sɛ Nigeria baa dwumadibea no ntintim nsɛmma nhoma a ɛwɔ kasa ahorow a wɔka wɔ Ghana, Togo, ne Benin asasesin mu no nyinaa (wɔ yɛn fam no, Ewe, Ga, ne Twi) mfa kɔla ahorow anan nyeyɛ emu mfonini no te sɛ Engiresi de no. January 1995 de no na wɔde befi eyi ase. Nigeria baa dwumadibea no betintim Engiresi ne yɛn man mu kasa mu Yɛn Ahenni Som nso, na ebefi ase afi February 1995 de no so. Eyi nyinaa betumi ayɛ yiye esiane sɛ seesei wɔde nnɛyi nhoma tintim mfiri aba Nigeria nti. Yɛwɔ anidaso sɛ nsɛmma nhoma a ɛwɔ yɛn man mu kasa mu no kyekyɛ benya nkɔanim.
◼ Nhoma Horow a Ebi Wɔ Hɔ: Engiresi: New World Translation of the Holy Scriptures (Bi12) (Nea akyi dennen no). Ewe, Ga, Twi: Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yebetie No.