Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/94 kr. 3-4
  • Monyɛ Aso Mma Nkɔmhyɛ Asɛm No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monyɛ Aso Mma Nkɔmhyɛ Asɛm No
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nya Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No Mu Gyidi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Adesamma Daakye Ho Mfonini a Wotumi De Ho To So
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • Asemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 12/94 kr. 3-4

Monyɛ Aso Mma Nkɔmhyɛ Asɛm No

1 “Yɛwɔ nkɔmhyɛ asɛm a wɔama atim yiye koraa.” (2 Pet. 1:19, New World Translation) Dɛn nti na Petro kaa eyi? Wɔnam nea Petro ne asuafo afoforo baanu hui na wɔtee wɔ ahosakra no mu wɔ bɛyɛ mfe 32 a na atwam no so sii Ahenni no ho nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ne nea efi Yesu Kristo ankasa hɔ no so dua, anaasɛ ‘wɔma etim yiye koraa.’ Saa anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi maa wonyaa awerɛhyem sɛ Yesu Kristo bɛba Ahenni tumi mu wɔ anuonyam a ɛharan mu a n’Agya taa n’akyi denneennen ampa. Ná Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu ‘reyɛ no yiye koraa sɛ wɔyɛɛ aso maa saa nkɔmhyɛ asɛm no sɛ ɔkanea a ɛharan,’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn komam nnuru sum. Na aso a wɔbɛyɛ ama nkɔmhyɛ asɛm a ɛharan no bɛma wɔn ani ada hɔ na akyerɛ wɔn kwan akɔ ɛda foforo bi mu, bere a “adekyee nsoromma,” Kristo, bɛsɔre agyina wɔ Ahenni anuonyam mu no.—2 Pet. 1:16-19; Mat. 17:1-9.

2 Ná ɛnyɛ yɛne Petro na ɛwɔ hɔ na yɛahu anuonyam ahosakra no. Nanso, ɛnyɛ Kristo Ahenni no nsusuwso bi na Kristofo a wɔwɔ awo ntoatoaso yi mu a wɔayɛ aso atie nkɔmhyɛ asɛm no anya hokwan kɛse ahu, na mmom adanse a enni ano a ɛkyerɛ sɛ anuonyam Hene no redi tumi ankasa! Efi 1914 no, afe biara a etwam no ma nkɔmhyɛ asɛm no ase tim yiye bere a yehu Yesu “sɛnkyerɛnne” a ɛyɛ nwonwa a ɔde mae wɔ “ba a waba” sɛ ɔhene no afã horow mmamu no. Sɛnkyerɛnne no fã titiriw ne sɛ wɔbɛbɔ ne nniso anaa Ahenni no ho dawuru wɔ amanaman nyinaa mu ansa na Ɔhene no de nneɛma nhyehyɛe yi aba awiei. Wɔ Kristo akwankyerɛ ase no, seesei wɔreyɛ ahenni ho asɛmpaka adwuma no wɔ nsase 231 so wɔ ɔkwan a wonsusuw ho saa da so. (Mat. 24:3-14) Afei nso, bere a “ahohia kɛse no” bɛn kɛse no, Ɔhene a wɔde no asi agua so no reboaboa “nnipakuw kɛse” bi ano ‘afi aman nyinaa mu’ ma wɔabenya “oguammaa no mogya” a ɛne agyede no mu gyidi.”—Adi. 7:9, 10, 14.

3 Esiane sɛ “adekyee nsoromma” no apue, a ɛkyerɛ sɛ Kristo aba Ahenni tumi mu nti, so ntease bi da so wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ aso ma nkɔmhyɛ asɛm no? Yiw! Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no de anisoadehu ahorow bi maa ɔsomafo Yohane a ɛno na ɛyɛ Adiyisɛm nhoma no. Ɛwom sɛ na eyinom yɛ nkuranhyɛ ne nkyerɛkyerɛ ma tete Kristofo no de, nanso ɛso wɔ mfaso titiriw ma wɔn a wɔte “Awurade da no,” a yɛwom seesei mu no. (Adi. 1:10) Ɛno nti na Yehowa nkurɔfo asafo ahorow no resua Adiyisɛm Awiei nhoma no anibere so no.

4 “Anigye ne nea ɔkan no den ne wɔn a wɔte nkɔmhyɛ yi mu nsɛm, ne nea odi nneɛma a wɔakyerɛw wɔ mu no so; na bere a wɔahyɛ no abɛn.” (Adi. 1:3, NW) Sɛ yebenya anigye a, ɛsɛ sɛ yɛte ase, yiw, ɛsɛ sɛ yenya saa nkɔmhyɛ anisoadehu ahorow yi mu ntease ankasa. Dɛn na eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ? Ɛho hia sɛ wotĩ Adiyisɛm kyerɛwtohɔ no mu kyerɛ yɛn, na mfaso a ɛwɔ so no asian akɔ yɛn koma mu. Ɔsomafo Petro a na ɔyɛ afeha a edi kan no mu sodikuw no muni no huu mfaso a ɛwɔ so sɛ obetĩ nokware atitiriw mu akyerɛ ne nuanom de ‘akanyan’ wɔn wɔ honhom fam. (2 Pet. 1:12, 13) Nnɛyi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nso nam twe a ɔkɔ so twe yɛn adwene si nkɔmhyɛ asɛm no so mpɛn pii no so boa yɛn ma yekura yɛn anisɔ mu.—Mat. 24:45-47.

5 Sɛnea Yɛyɛ Aso Ma: Aso bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ma nkɔmhyɛ asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm no? Ɔsomafo Paulo kae yɛn sɛ Onyankopɔn mfaa abɔfo anaa adiyifo so nkasa nkyerɛɛ Kristofo sɛnea ɔyɛe wɔ n’asomfo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba ho no. Mmom no, Yehowa nam ne Ba a ɔsɔ n’ani sen biara, nea wapaw no sɛ ‘ade nyinaa sodifo’ no so na akasa akyerɛ yɛn. (Heb. 1:1, 2) “Ɛno nti na ehia sɛ yɛde asoyɛ a ɛboro so tie nneɛma a yɛte no, na yɛamfi ho da.” (Heb. 2:1, NW) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso ma Onyankopɔn Asɛm, ne titiriw nkɔmhyɛ asɛm a ɛnam Yesu Kristo so no. Ɔkwan bɛn so na yebetumi afa de ayɛ aso soronko ama Adiyisɛm a yɛresua no?

6 Nea edi kan no, ɛho hia kɛse sɛ yɛbɛkɔ Asafo Nhoma Adesua dapɛn biara. Ɛyɛ nokware sɛ wɔ ebinom a wɔwɔ asafo ahorow a wɔde Engiresi kasa di dwuma fam no, eyi bɛyɛ nea ɛto so abien a wɔasua Adiyisɛm Awiei nhoma no. Enti, ebia ebinom remfa nhoma adesua kɔ aniberesɛm biara, na wɔabɛte nka sɛ, sɛ wɔhwere adesua no bi koraa a, wonim emu nsɛm no dedaw. Nanso, bere a afe biara twam no, saa nkɔmhyɛ nsɛm yi bɛyɛ nea ɛho hia na ɛyɛ ne bere mu de kɛse sen sɛnea na ɛte wɔ 1988 mu bere a yɛn nsa kaa Adiyisɛm Awiei nhoma no wɔ Engiresi kasa mu no. Ɛho hia sɛ yɛn nyinaa ma yɛn ani da hɔ wɔ nsɛm a ɛresisi nnansa yi a ɛrenya nkɔanim ntɛmntɛm a ɛyɛ Adiyisɛm nkɔmhyɛ ahorow no mmamu no ho. Afei yebetumi asiesie yɛn ho ayɛ ade ma ɛne Yehowa apɛde ahyia. Fa yɛ wo botae sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, worento nhoma adesua mu biako mpo wɔ Adiyisɛm adesua a ɛho hia yi mu.

7 Nea ɛto so abien, sua no yiye. Kenkan kyerɛw nsɛm a wɔtwe adwene kɔ so no, na susuw sɛnea ɛboa Adiyisɛm nkyekyem ahorow a yɛresua no ho nkyerɛkyerɛmu no ho. Saa kwan yi so no, wubenya pii asen nsemmisa no ho mmuae ara kwa. Bɔ mmɔden sɛ worenhwehwɛ nimdeɛ nko na mmom nyansa ne ntease. (Mmeb. 4:7) Nea ɛto so abiɛsa, nya mu kyɛfa kɛse denam mmuae a wobɛma ne kyerɛw nsɛm a wobɛkenkan so. Fa yɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛma mmuae biako na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma pii wɔ adesua biara ase. Saa a wobɛyɛ no bɛboa wo ma wode w’adwene asi adesua no so.

8 Aso a yɛbɛyɛ asen sɛnea yɛyɛ dedaw ama nkɔmhyɛ asɛm no hwehwɛ pii sen ahosiesie a yɛbɛyɛ, kɔ a yɛbɛkɔ, ne emu kyɛfa a yebenya. Ɛkyerɛ nso sɛ, wɔ adesua no akyi mpo no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ‘dwen nneɛma yi ho, de yɛn ho hyɛ mu koraa.’ (1 Tim. 4:15) Sɛ nkɔmhyɛ asɛm no bɛhyerɛn wɔ yɛn komam sɛ kanea a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛka yɛn koma mu nipa no kɛse—yɛn nsusuwii, akɔnnɔ, nkate, nneɛma a ɛkanyan yɛn ne botae ahorow. (2 Pet. 1:19) Enti, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho nsɛm yi sɛ: Dɛn na asɛm yi kyerɛ ma m’ankasa? Dɛn na masua wɔ Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo ho? Nnyinasosɛm bɛn na ɛwɔ asɛm no mu? So merenya adesua no mu ntease wɔ me koma mu? Ɔkwan bɛn so na metumi de nokware ahorow yi adi dwuma wɔ m’asetra mu? Wɔ m’abusua mu? Wɔ asafo no mu? Ɛdenam nea yesua no a yɛde bedi dwuma yiye no so no, yebetumi aka asɛm a odwontofo no kae no sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.”—Dw. 119:105; Hiob 29:3, 4.

9 Ma W’ani Nna Hɔ wɔ Nna a Emu Yɛ Den Mu: Wɔ afe 33 Y.B. mu no, Yesu bɔɔ n’asuafo kɔkɔ wɔ ɔsɛe a na ɛreba Yerusalem so ne tebea a na ɛbɛma wɔahu bere a ɛsɛ sɛ woguan kɔ baabi a ahobammɔ wɔ no ho. (Luka 19:41-44; 21:7-21) Afei, bɛboro mfe 30 twaa mu. Ebetumi aba sɛ ɛyɛɛ Yudafo Kristofo binom sɛ nsakrae biara remma wɔ daakye a enni akyiri no mu. Hwɛ sɛnea na afotu a ɛwɔ ɔdɔfo somafo Petro krataa a ɛto so abien a ɔkyerɛwee wɔ bɛyɛ afe 64 Y.B. mu sɛ ‘wɔnyɛ aso mma nkɔmhyɛ asɛm no’ yɛ ne bere mu de! (2 Pet. 1:19) Ɛno akyi bere tiaa bi, wɔ afe 66 Y.B. mu no, Roma asraafo betwaa Yerusalem ho hyiae. Bere a Roma asraafo no san wɔn akyi mpofirim a na ntease biara nnim no, Yudafo Kristofo a na wɔn ani da hɔ no dii Yesu akwankyerɛ akyi guanee. Afei, wɔ afe 70 Y.B. mu no, Roma asraafo no san bae, na wɔsɛee Yerusalem pasaa. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa Kristofo no ani gyei sɛ wɔyɛɛ aso maa Yesu nkɔmhyɛ asɛm no!

10 Dɛn ho na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo nnɛ no ma yɛn ani da hɔ? Wɔ Adiyisɛm mu anisoadehu ahorow no mu no, Yesu kaa nsɛm pii a ebesisi wɔ Awurade da no mu ho asɛm kyerɛɛ Kristofo a wɔte ase nnɛ no. Saa nsɛm yi mu pii asisi dedaw wɔ mfe 80 a atwam no mu: Ahenni no awo; ɔsoro ko no ne Satan ne n’adaemone nkogudi, ne nea edi hɔ a ɛne asase so a wɔde wɔn gui; Babilon Kɛse no asehwe; ne aboa kɔkɔɔ no, wiase tumidi a ɛto so awotwe no pue. Adiyisɛm mu nkɔmhyɛ asɛm no fã yi mmamu ma yenya awerɛhyem a etim hɔ koraa sɛ ɛnkyɛ yebehu saa anwonwasɛm a aka a ebesisi no mmamu: 144,000 no nkaefo no ano a wɔbɛsɔ, nnipakuw kɛse no ano a wɔbɛboaboa awie, Babilon Kɛse no sɛe, Harmagedon ko no, Satan a wɔde no bɛto bun mu, ne Kristo Mfirihyia Apem Nniso no. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛyɛ aso ma Yesu kɔkɔbɔ no: “Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu n’aniwu”!—Adi. 16:15.

11 Yɛrewɛn anaa? Yebu nkɔmhyɛ asɛm no anibere dɛn? Sɛ́ yehyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa mfe 5 a atwam ni anaasɛ mfe 50 a atwam ni no, Paulo nsɛm a ɔde kɔmaa Roma Kristofo no fa yɛn ho yiye: ‘Munim bere no, sɛ dɔn a yefi nna mu sɔre no anya adu, na afei yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no. Anadwo akɔ n’anim, adekyee abɛn.’ Afei Paulo tu Kristofo fo sɛ “momma yenyi sum mu nnwuma ngu” na “yɛnnantew fɛfɛɛfɛ.” (Rom. 13:11-13) Yɛte wiase bi a ne bra asɛe koraa mu. Mfomso biara nni nneyɛe ahorow bi a na anka ɛyɛ ahodwiriw wɔ mfe 30 anaa 40 a atwam ni no ho mma wiasefo pii wɔ afeha 20 yi mfe du a etwa to yi mu. Monhwɛ yiye, anuanom, na moamma wɔantwe mo ankɔ wiase no sum no mu na moantɔ nko wɔ abrabɔ fam. Sɛ mobɛyɛ nnipa a wɔpene wiase yi nsusuwii ne asetra kwan a ɛmfata anaa wɔma ho kwan so a, mo ani bɛpa ɔsɛmpɔw akɛse a ɛda yɛn anim nnɛ a wɔde bɛba awiei koraa nnansa yi ara no so: Yehowa tumidi a wɔbɛsan ho ne ne din ho a wɔbɛtew. Honhom fam nkotɔ de obi nkwagye a mprempren abɛn pɛɛ no bɛto asiane mu.

12 Nya Komam Anisɔ Ma Nkɔmhyɛ Asɛm No: Tete Hebri adiyifo no ani gyee Mesia no ho nsɛm a wofi honhom mu kae no mmamu ho kɛse. Wɔyɛɛ ‘mpɛɛpɛɛmu, hwehwɛɛ’ Onyankopɔn atirimpɔw mmamu mu. (1 Pet. 1:10, 11) Saa ara na sɛ woyɛ aso ma nkɔmhyɛ asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu a, wubenya honhom fam nneɛma ho anisɔ kɛse. Wo honhom fam nneɛma ho akɔnnɔ mu bɛyɛ den araa ma ɛbɛkanyan wo ma woapɛɛpɛɛ “Onyankopɔn ade a emu dɔ” mu. (1 Kor. 2:10) Sɛ wunya nkɔmhyɛ asɛm no ho anisɔ ne ɔdɔ wɔ wo komam a, ɛho renhia sɛ obi bɛhyɛ wo sɛ kɔ nhyiam horow; ɛbɛkanyan wo ma woakɔ daa na wode wo ho ahyem. (Luka 6:45) Na sɛ ‘asɛm no wɔ wo komam’ a, ɛbɛka wo ma ‘woaka ho asɛm wɔ baguam na woanya nkwagye.’—Rom. 10:8-10.

13 Bere dodow a yɛbɛn awiei bere no kɛse no, dodow no ara na fɛwdifo bedi yɛn ho fɛw wɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛ nsɛm no mu gyidi a yɛda so kura mu no ho. (2 Pet. 3:3, 4) Nanso, yɛbɛma yɛn ani ada hɔ wɔ nkɔmhyɛ asɛm no ho. Onyankopɔn Asɛm kanea no kyerɛ yɛn baabi a yɛadu wɔ bere no mu. Ɛkyerɛ yɛn pefee sɛ yɛwɔ wiase a esum wom yi nna a edi akyiri mu. Adekyee nsoromma no apue! Kristo wɔ Ahenni tumi mu! Yetumi hu dedaw sɛ ɛda foforo bi abɛn. Ɛmmra sɛ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no bɛkɔ so ayɛ paa ara ama yɛn sɛnea asomafo baasa a wonyaa hokwan huu Ahenni no nsusuwso wɔ Yesu ahosakra anisoadehu a ɛyɛ nwonwa mu no buu no no!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena