Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/95 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1995
Yɛn Ahenni Som—1995
km 1/95 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma January: Yebetumi de nhoma a ekura nkratafa 416 anaa 384 anaa 192 a ayɛ kɔkɔɔ a asafo no wɔ biara ama de agye bo a wɔakyerɛ no anaa yɛde nhoma a ekura nkratafa 192 foforo biara bɛma de agye ne bo ankasa. February: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So na yɛde bedi dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛsan kɔsra wɔn a yɛde nhoma yi ma wɔn no, na yɛbɔ mmɔden fi Bible adesua ahorow ase. March: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! April ne May: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ahorow no.

◼ Sɛnea ɛne nhoma tintim ho mmara horow a wonim no wiase nyinaa hyia no, ɛrenyɛ papa sɛ obi bɛkyere Asafo ti no video ahorow no bi agu kasɛt foforo so bere a Ɔwɛn Aban Asafo no nkyerɛw hokwan krataa biara mmaa no.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow yɛ nhyehyɛe a ɛfata na wodi afe yi Nkaedi no Fida, April 14, bere a owia akɔtɔ. Faako a asafo pii na wohyiam wɔ Ahenni Asa bi so no, ebia asafo biako anaa abien betumi akɔhwehwɛ beae foforo a wobehyiam wɔ hɔ saa anwummere no. Ɛnsɛ sɛ ade sa dodo ansa na wɔafi Nkaedi no ase na anyɛ den amma anigyefo foforo sɛ wɔbɛba. Bio nso, ɛnsɛ sɛ wɔma bere nhyehyɛe no bobɔ so na ama wɔanya bere akyia ahɔho ansa na afahyɛ no afi ase anaa bere a wɔapɔn no, na wɔatumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔakɔ so de honhom fam mmoa ama ebinom, anaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔbae nyinaa betumi ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.

◼ Wɔbɛma baguam ɔkasa titiriw bi a n’asɛmti ne sɛ “Atoro Som Awiei Abɛn,” wɔ asafo ahorow nyinaa mu Kwasida, April 23, 1995. Hwɛ hu sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn a wɔba afe yi Nkaedi no ase no nyinaa. Yɛbɛbɔ mmɔden soronko de aboa adesuafo ɔpepem pii a yɛne wɔn reyɛ ofie Bible adesua no. Asɛm bi a wɔde bɛto gua wɔ nhyiam no akyi saa da no bɛkanyan wɔne yɛn nuanom nyinaa ma wɔahwɛ kwan sɛ wobenya kratawa soronko bi kyekyɛ mu kyɛfa.

◼ Efi March rekɔ no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Di Nkonim wɔ Wiase Nyinaa.” Eyi bɛyɛ mfonini a woyi kyerɛ a ɛfa “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” amanaman ntam Nhyiam atitiriw a wɔyɛɛ no wiase nyinaa wɔ 1993 ne 1994 ɔsom afe mu no ho. Wɔ mmeae a wɔn nsa renka mfonini a woyi kyerɛ no kosi sɛ bere bi betwam no, amansin so ahwɛfo bɛma ɔkasa a ɛne sɛ “Fa Wo Ho To Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn no So,” na wɔatoa so ama de kosi sɛ wɔn nsa bɛka mfonini a woyi kyerɛ no. Sɛ asafo ahorow nyinaa tie mfonini a woyi kyerɛ ho ɔkasa no wie a, amansin so ahwɛfo bɛkɔ so ama ɔkasa a ɛne sɛ “Fa Wo Ho To Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn no So” kosi sɛ wɔbɛyɛ amansin so ahwɛfo ɔkasa foforo ho nhyehyɛe wɔ 1996 mfiase.

◼ Wɔbɛma adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu a wɔba Ɔsom Nhyiam ase wɔ January 9 dapɛn mu no nyinaa Advance Medical Directive/Release krataa no bi ma wɔn ankasa de adi dwuma, ne Identity Card ahorow a wɔde bɛma wɔn mma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena