So Woasiesie Wo Ho sɛ Wubegyina Aduruyɛ mu Tebea a Ɛsɔ Gyidi Hwɛ Ano?
Ɛwom sɛ yɛde krataa a ɛhyem yi baa January 1991 “Yɛn Ahenni Som” (Volume 34, No. 1) mu bere a na wɔde nsa ato yɛn dwumadi so no de, nanso yɛahu sɛ ɛho hia sɛ yɛka eyi ho asɛm bio. Nnansa yi ara na wɔahyehyɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow wɔ ɔman yi mu, enti wɔayɛ krataa a ɛhyem yi foforo. Bere biara a wɔbɛbɔ ɔdawurubɔfo foforo asu no, ɛsɛ sɛ wɔma no krataa a ɛhyem yi biako. Yɛreyɛ pii aka ho ma asafo no mu ɔkyerɛwfo no de asie ama saa atirimpɔw yi. Wobetumi nso ayɛ “photocopy” pii aka ho.
1 Obiara nsusuw ho pii sɛ obetumi akɔda ayaresabea nnɛ anaa ɔkyena. Nanso, ‘bere ne akwanhyia to yɛn nyinaa.’ (Ɔsɛnk. 9:11) Sɛ wunnye nnuru a wɔde sa yare ntom sɛ ɔkwan a wopɛ sɛ wofa so hwɛ w’akwahosan so mpo na sɛ ɛba sɛ akwanhyia bi ma wotɔ mum a wunhu hwee na wɔde wo kɔ ayaresabea ntɛm ara a, dɛn na wobɛyɛ de abɔ wo ho ban wɔ mogya a wɔde ma a wompɛ no ho? Yiw, akwanhyia anaa akwahosan a ɛsɛe mpofirim betumi ama woakɔ tebea a ɛbɛsɔ wo gyidi ahwɛ mu.
2 Sɛ biribi nti wokɔ ayaresabea na sɛ obi ka kyerɛ wo wɔ hɔ sɛ wɔamma wo mogya a wubewu a, dɛn na wobɛyɛ de akura wo mudi mu? Wode ahopopo begye atom sɛ saa na tebea a wowom no te ampa? Wugye di ampa ara sɛ wompɛ mogya? Woasiesie wo ho sɛ wubegyina wo gyidi ho sɔhwɛ yi ano na ‘woayi wo ho afi mogya ho’?—Aso. 15:28, 29.
3 Ade a edi kan a ɛbɛma yɛatumi ako atia mogya a wɔde ma a egu obi ho fĩ honhom mu ne gyidi a enhinhim. Ɛsɛ sɛ gyidi a ɛte sɛɛ no gyina nea Bible no ka wɔ mogya ho mu ntease a emu da hɔ a yɛwɔ so. Anyɛ saa a, wo nkate wɔ saa bere no mu betumi ama obi a ɔkyerɛ sɛ onim tebea no ho nsɛm pii sen wo no ayi wo hu ntɛm. So wobɛma wɔadaadaa wo ma woanya adwene sɛ ebia nnuruyɛfo nim mogya ho nsɛm pii sen Onyankopɔn? Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ ‘wusi wo bo pintinn’ sɛ ‘wobɛyɛ nea ɛteɛ’ wɔ Yehowa ani so wɔ saa tebea horow yi mu, ɛmfa ho nea ebia nnipa a yɛnsɛ hwee bɛka no. (Deut. 12:23-25) Nanso wo nkutoo na ɛsɛ sɛ wugyina asɛnnennen yi ano anaa?—Ɔsɛnk. 4:9-12.
AYARESABEA HO AMANNEƐBƆBEA NE AYARESABEA NTAM NKITAHODI BOAYIKUW AHOROW
4 Nea ɛbɛyɛ na Asafo ti no aboa wɔn a wohia mmoa bere a wohyia mogya ho asɛm no, wɔahyehyɛ Ayaresabea ho Amanneɛbɔbea bi wɔ Accra. Wɔahyehyɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow nso wɔ Ghana amantam nkuropɔn du no mu akron mu. Mpanyimfo 33 a wɔahyɛ da atete wɔn ama adwuma yi na wɔyɛ boayikuw yi mufo.
5 Ayaresabea ho Amanneɛbɔ Dwumadibea a ɛwɔ Brooklyn adwumayɛbea ti no na wɔde adwuma yi ho akwankyerɛ ma wɔ wiase nyinaa, na wotumi hwehwɛ wiase nyinaa aduruyɛ ho nsɛmma nhoma 3,600 ne akyi mu, na wɔanya oprehyɛn ne ayaresa ahorow pii a wɔmfa mogya nni dwuma wom a etu mpɔn ho nsɛm. Afei wɔde aduruyɛ mu nkɔanim yi ho nsɛm a ɛho hia saa bere yi ma yɛn Ayaresabea ho Amanneɛbɔbea no, na wɔn nso wɔde ma ɔman yi mu Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow, ayaresabea ahorow, ne nnuruyɛfo binom. (Ɛtɔ da bi a, Ayaresabea ho Amanneɛbɔ Dwumadibea no de aduruyɛ ho nsɛm a ɛkyerɛ nea wobetumi ayɛ bere a wɔmfa mogya nni dwuma no ma, na wɔatumi ama ntease a ɛnyɛ adwuma wɔ nsɛm mu wɔ ayaresabea bi no agyae.) Afei nso yɛn Ayaresabea ho Amanneɛbɔbea no kora Ghana nnuruyɛfo a wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn ho nsɛm so, sɛnea ɛbɛyɛ na boayikuw ahorow no anya kyerɛwtohɔ a edi mu de adi dwuma bere a mogya ho nsɛm sɔre no.
6 Ayaresabea ho Amanneɛbɔ Dwumadibea ne yɛn man yi mu Ayaresabea ho Amanneɛbɔbea no hwɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow ntetee ne wɔn adwuma nso so. Wɔ mmeae a Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow no wɔ no, wɔatete wɔn ma wɔtaa ma ɔkasa ahorow a ɛma ayaresabea adwumayɛfo hu nneɛma pii na ama wɔne wɔn ntam abusuabɔ anya nkɔso. Nea ɛka wɔn daa dwumadi ho no, wobisabisa adwumayɛfo yi nsɛm nso na ama wɔanya nnuruyɛfo afoforo a wɔbɛsa yɛn yare a wɔremma yɛn mogya. Anuanom yi ayɛ krado sɛ wɔbɛboa wo, nanso nneɛma atitiriw bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ de to nhyɛase ma wɔn na wɔatumi aboa wo wɔ ɔkwan a etu mpɔn sen biara so.
NNEƐMA ATITIRIW A ƐSƐ SƐ WUDI KAN YƐ—WOAYƐ DEDAW ANAA?
7 Nea edi kan no, hwɛ hu sɛ abusua no mufo nyinaa ahyehyɛ wɔn aduruyɛ ho nkratasin no awie koraa—wɔakyerɛw date wɔ so, wɔde wɔn nsa ahyɛ ase, na adansefo de wɔn nsa ahyɛ ase. Wɔagye anuanom bi a wɔkɔɔ ayaresabea no nkratasin ho kyim sɛ ɛmfata esiane sɛ na date nni so na/anaasɛ adansefo mfaa wɔn nsa nhyɛɛ ase nti. So yɛn mma a wɔmmɔɔ wɔn asu no nyinaa wɔ adansedi nkratasin a yɛahyehyɛ? Sɛ woanyɛ saa na sɛ wo ba kɔ tebea bi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm mu a, ɛbɛyɛ dɛn na ayaresabea adwumayɛfo ahu wo gyinabea wɔ mogya ho ne nea ɛsɛ sɛ wokohu no?
8 Afei hwɛ hu sɛ wɔn nyinaa de nkratasin yi hyɛ wɔn ho BERE NYINAA. Hwɛ sɛ ɛhyɛ wo mma ho ansa na wɔakɔ sukuu da biara, yiw, ansa na wɔakodi agoru anaa wɔakɔ anigyebea bi mpo. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hwɛ hu sɛ nkratasin yi hyɛ yɛn ho wɔ adwuma mu, wɔ akwamma bere mu, anaa bere a yɛwɔ Kristofo nhyiam akɛse ase no. Mma no mmpa wo ho da!
9 Susuw nea ebetumi ato wo no ho, sɛ ɛba sɛ wɔde wo du ayaresabea dan a wodi tebea a egye ntɛmpɛ ho dwuma wom mu a tebea a wowom no yɛ aniberesɛm, woatɔ mum a wunhu hwee na/anaasɛ w’ankasa wuntumi nkasa no. Sɛ kratasin no nhyɛ wo ho, na obusuani anaa asafo mu ɔpanyin biara nni ayaresabea hɔ a ɔbɛkasa ama wo, na wosi gyinae sɛ ‘wuhia mogya’ a, ɛda adi sɛ wɔde mogya bɛma wo. Awerɛhosɛm ne sɛ eyi ato ebinom. Nanso, sɛ yekura kratasin no a, ɛkasa ma yɛn, ɛda nea yɛpɛ adi.
10 Eyi nti na aduruyɛ ho kratasin ye sen aduruyɛ mu nkapo anaa kɔnmuade. Kɔnmuade nkyerɛkyerɛ yɛn gyinabea ho nsɛm a egyina Bible so no mu, na obiara mfaa ne nsa nhyɛɛ ase mfa mfoaa nea ɛka no so. Canada asennibea bi atɛn a ebui no kaa onuawa bi kratasin no ho asɛm sɛ: “[Ɔyarefo no] apaw ɔkwan biako pɛ a obetumi afa so aka akyerɛ nnuruyɛfo ne ayaresabea adwumayɛfo afoforo sɛ, ɔtɔ mum a onhu hwee anaasɛ biribi foforo nti ontumi nkyerɛ nea ɔpɛ a, ɔmpene so sɛ wɔbɛma no mogya.” Enti mma no mmpa wo ho da!
11 Esiane sɛ wɔayɛ yɛn aduruyɛ ho kratasin no na adi tebea a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm ho dwuma titiriw nti, nyansa wom sɛ wɔ oprehyɛn a w’ankasa na wopaw mu no, wubedi kan akyerɛw w’ankasa krataa a edi mu (a egyina yɛn aduruyɛ ho kratasin no so) na ama woatumi akyerɛw nneɛma pɔtee bi, te sɛ oprehyɛn ko, nnuruyɛfo no ne ayaresabea no din wom. Wowɔ hokwan sɛ woyɛ saa, na wonam so anya ayaresa a wopɛ. Ɛwom sɛ ebia wo ne oduruyɛfo no renhwɛ ɔhaw a anibere wom kwan de, nanso kyerɛkyerɛ mu sɛ sɛ ɛba sɛ biribi a monhwɛ kwan si a, ɛsɛ sɛ odi nea woakyerɛw no so.—Mmeb. 22:3.
12 Ade a edi hɔ a ehia sɛ woyɛ ne sɛ wo ne nnuruyɛfo a wɔbɛyɛ wo ho adwuma wɔ oprehyɛn a w’ankasa na wopaw ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ntɛm no mu no bɛkasa. Henanom paa na ɛsɛ sɛ wo ne wɔn kasa?
WO NE NNURUYƐFO NKASA
13 NNURUYƐFO KUW NO: Eyi yɛ bere a ɛnsɛ sɛ woma onipa ho suro ka wo. (Mmeb. 29:25) Sɛ wunhu nea ɛsɛ sɛ woyɛ a, ebia obi bɛyɛ n’adwene sɛ wunnye nea woka no nni. Sɛ oprehyɛn ho behia a, sɛ́ ɛyɛ nea w’ankasa na wopaw anaa nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ntɛm no, ɛsɛ sɛ wo anaa wo busuani a ɔbɛn wo yiye si ne bo bisa nea otua nnuruyɛfo kuw no ano nneɛma pɔtee bi ho nsɛm. Asemmisa biako a ehia ne sɛ, Nnuruyɛfo kuw no bɛyɛ nea ɔyarefo no pɛ ama no, na wɔmma no mogya wɔ tebea biara mu? Sɛ wɔamma wo saa awerɛhyem yi a, wɔrentumi mmɔ wo ho ban yiye.
14 Fa gyidi a nidi wom da nea wopɛ adi pefee. Ma wonhu pefee sɛ wopɛ sɛ wɔde nnuru afoforo a mogya nnim sa wo yare. Wo ne wɔn nsusuw w’ankasa w’aduruyɛ ho kratasin a woadi kan akyerɛw no ne afei ayaresabea kratasin a eyi asodi fi wɔn so no ho wɔ odwo ne ahotoso mu. Sɛ oduruyɛfo no mpene so sɛ ɔbɛyɛ nea wopɛ no, na woka kyerɛ ayaresabea no so panyin anaa nea otua nnuruyɛfo kuw no ano sɛ ɔnhwehwɛ oduruyɛfo foforo mma wo a, ɛremma wonsɛe bere pii. Ɛno ka n’adwuma ho.
15 ANESTHESIOLOGIST (NEA ƆHWƐ MA OBI TRA NKWA MU BERE A WƆREYƐ NO OPREHYƐN): Wɔ nnuruyɛfo kuw no mufo a ɛsɛ sɛ wo ne wɔn kasa ansa na wɔayɛ wo oprehyɛn no nyinaa mu no, ƐSƐ SƐ WO NE ODURUYƐFO YI KASA ƆKWAN BIARA SO. Esiane sɛ anesthesiologist no na ɛhyɛ ne nsa sɛ ɔbɛma woatra nkwa mu bere a oduruyɛfo no reyɛ oprehyɛn no nti, ɔno na osi nsɛm te sɛ mogya a wɔde bɛma wo ho gyinae. Enti sɛ wo ne oduruyɛfo a ɔbɛyɛ oprehyɛn no nkutoo kasa a, wunnyaa ahobammɔ nwiei. Enti, ɛsɛ sɛ wo ne anesthesiologist no kasa ma ogye wo gyinabea no tom, na wuhu sɛ ɔbɛkyerɛ obu wɔ ho anaa ɔrenyɛ saa.—Fa toto Luka 18:3-5 ho.
16 Ɛkame ayɛ sɛ nea anesthesiologist no taa yɛ ne sɛ ɔde bere tiaa bi bɛkɔ akɔsra ɔyarefo no anadwo a edi oprehyɛn no anim no—sɛ ɔsɔre tia wo gyinabea wɔ mogya ho no a, ɛbɛyɛ nea aka akyi dodo. Hyɛ oduruyɛfo a ɔbɛyɛ oprehyɛn no sɛ onni kan mpaw anesthesiologist a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa wo, na ama woatumi adi kan ne no akasa ansa na wayɛ oprehyɛn no. Saayɛ so no, sɛ nea odi kan no mpɛ sɛ ɔyɛ nea wopɛ no a, wubenya bere ahwehwɛ ɔfoforo. Mma obiara nnsesa w’adwene wɔ hokwan a wowɔ sɛ wubenya anesthesiologist a wopɛ wɔ oprehyɛn a wɔbɛyɛ wo no ho.
17 Ɛsɛ sɛ woma eyinom nyinaa hu wo gyinabea a wosakra a ɛnyɛ yiye no pefee: WUNNYE MOGYA. Kyerɛ sɛ wopɛ nnuru afoforo a mogya nnim. Bɔ biribi foforo biara a wunim sɛ wobetumi de asi mogya ananmu de asa wo yare din. Sɛ nnuruyɛfo kuw no te nka sɛ eyinom ho remma mfaso wɔ w’ayaresa no mu a, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnhwehwɛ akwan foforo a wobetumi afa so wɔ nnuruyɛ nhoma ahorow mu. Ma wɔn awerɛhyem sɛ sɛ wɔpɛ a, wubetumi ama wɔanya ho nsɛm bi denam wo asafo no mu mpanyimfo a wobɛka akyerɛ wɔn ma wɔakohu Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw a ɛbɛn wɔn no so.
FA HOKWAN AHOROW A WOWƆ DI DWUMA
18 Kenkan krataa a eyi asodi fi wɔn so ne nea ayaresabea no betumi ama wode wo nsa ahyɛ ase de apene nsɛm so bere a wogye wo to hɔ no yiye. Ɛtɔ mmere bi a, bere a akyerɛ sɛ wɔbɛyɛ nea wopɛ ama wo no, nea edi hɔ no bɛka sɛ nea ɔde ne nsa ahyɛ ase no pene so sɛ ayaresabea no betumi afa ayaresa kwan bi a “egye nkwa” so bere a wohyia nsɛnnennen no. Mogya betumi aka eyi ho. Wowɔ hokwan sɛ wosesa nsɛm a ɛte sɛɛ no yi mogya fi mu anaasɛ wutwa mu koraa. Ebia ayarehwɛfo bɛbɔ mmɔden aka akyerɛ wo sɛ wuntumi nyɛ saa, nanso wubetumi! Kyerɛkyerɛ mu sɛ krataa a ɛte sɛɛ no yɛ nhyehyɛe a wo ne wɔn reyɛ, na wuntumi mfa wo nsa nhyɛ nhyehyɛe a wunnye ntom ase. Sɛ obi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ wo ma wode wo nsa ahyɛ ase bere a wunnye ntom a, ka kyerɛ no sɛ ɔmma wo ne nea ɔhwɛ ayaresabea no so ne/anaa saa ayaresabea no ayarefo nanmusini no nkasa, sɛ nhyehyɛe a ɛte saa wɔ hɔ a.
19 Wubetumi ayɛ nneɛma a ɛte saa anaa? Yiw, wubetumi. Enti hu hokwan ahorow a wowɔ sɛ ɔyarefo. Sɛ wokɔ ayaresabea bi a, wunnyaw hokwan ahorow a wowɔ sɛ onipa yi wɔ abɔnten. Ɛnsɛ sɛ wode eyinom to nkyɛn na ama wɔasa wo yare. Mma obi nnka biribi foforo nnkyerɛ wo.
20 Hokwan a ɛte sɛɛ no biako ne sɛ wɔrentumi nsa wo yare bere a wommaa wɔn ho kwan. Sɛ wopɛ a, wubetumi mpo apow ayaresa biara. Ɛnsɛ sɛ wopene ayaresa no so kosi sɛ nnuruyɛfo kuw no bɛkyerɛkyerɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ, a asiane a ɛwom nyinaa ka ho mu akyerɛ wo pefee ansa. Nea edi hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔka nnuru foforo biara a ɛwɔ hɔ a wobetumi de asi ananmu ho asɛm kyerɛ wo. Afei bere a wɔaka akyerɛ wo akyi no, wobɛpaw ayaresa a wopɛ.
21 Nea ɛbɛyɛ na woahu nea woregye atom no yiye no, ƐSƐ SƐ wubisa biribiara a wonte ase ho nsɛm a ɛfata, titiriw bere a ayaresabea adwumayɛfo de nsɛmfua akɛse anaasɛ aduruyɛ mu nsɛmfua di dwuma no. Sɛ nhwɛso no, sɛ oduruyɛfo bi ka sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔde “plasma” di dwuma a, ebia esiane sɛ wunnim nti, ɛbɛyɛ wo sɛ ɔreka “plasma volume expander” ho asɛm, nanso na ɛnte saa. Ansa na wobɛpene so no, bisa no sɛ: “Ɛyɛ mogya mu ade bi anaa?” Bisa ɔkwan a ɔbɛfa so no biara ho asɛm sɛ: “Wode nnuru a wɔde mogya ayɛ bedi dwuma wom?” Sɛ ɔka afiri bi a ɔbɛpɛ sɛ ɔde di dwuma ho asɛm a, bisa sɛ: “Wɔde me mogya besie baabi bere bi, bere a wɔde afiri yi di dwuma no?”
22 Nanso, sɛ woyɛ nea yɛaka wɔ atifi hɔ no nyinaa, na wɔda so ara mpɛ sɛ wɔbɛboa, anaasɛ wuhyia ɔsɔretia bi mpo wɔ wo gyinabea no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ mmoa. Ebinom twɛn kyɛ dodo ansa na wɔahwehwɛ mmoa, ma enti wɔde wɔn nkwa ankasa to asiane mu.
MMOA A ƐSOM BO WƆ BERE A MMOA HO HIA MU
23 Hyɛ ɔkwan a wobɛfa so anya mmoa a wuhia, a edidi so yi nsow: (1) Bere a ɛsɛ sɛ wo anaa wo dɔfo bi yɛ oprehyɛn a obi ankasa na ɔpaw anaa nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ntɛm wɔ faako a ntease nyɛ adwuma esiane sɛ ayaresabea no pɛ sɛ wɔma wo mogya nti; anaa (2) sɛ wo anaa wo dɔfo bi yare mu reyɛ den paa a, ɛnde:
24 KOHU W’ASAFO MU MPANYIMFO, sɛ wonyɛɛ saa dedaw a. (Nokwarem no, esiane yɛn gyinabea wɔ mogya ho nti, bere biara a ɛsɛ sɛ yɛde ɔyare a emu yɛ den bi kɔ ayaresabea no, nyansa wom sɛ yɛbɛma yɛn asafo mu mpanyimfo aso ate.) Afei, sɛ ɛho hia a, MPANYIMFO NO BƐBƆ AYARESABEA NTAM NKITAHODI BOAYIKUW A ƐBƐN SEN BIARA NO AMANNEƐ. Sɛ wopɛ a, Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mufo binom betumi aba ayaresabea hɔ saa bere no abɛboa wo.—Yes. 32:1, 2.
25 Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw mpanyimfo yi nim mo mpɔtam hɔ nnuruyɛfo a wɔpɛ sɛ wɔboa, na wobetumi ama woakohu wɔn, na wɔafi ase ahwehwɛ nnuruyɛfo ne ayaresabea afoforo ma wɔaboa. Sɛ ebi nni mo mpɔtam hɔ a, mpanyimfo no bebisa boayikuw a edi hɔ a ɛbɛn sen biara no. Sɛ ɛno antumi anyɛ yiye a, wɔbɛbɔ Ayaresabea ho Amanneɛbɔbea a ɛwɔ Accra no amanneɛ. Wobetumi ayɛ nhyehyɛe nso ma woakohu oduruyɛfo bi a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa, a obetumi akyerɛkyerɛ nea wo mprempren nnuruyɛfo kuw no betumi ayɛ a wɔremma wo mogya no mu akyerɛ wɔn. Wɔatete Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mu anuanom no na ama wɔadi tebea a ɛtete sɛɛ ho dwuma.
26 Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mufo nso pɛ sɛ wɔboa wo anaa wo busuani bi ma ɔne oduruyɛfo, oduruyɛfo panyin anaa nea ɔhwɛ ayaresabea no so kasa, nanso wo na ɛsɛ sɛ wubisa saa mmoa no. Nokwarem no, anuanom yi rentumi nsi gyinae mma wo, nanso mpɛn pii no wobetumi aboa wo ma woasusuw Asafo ti no adwene wɔ nneɛma ho ho, na wɔama woahu nea wobetumi ayɛ wɔ aduruyɛ ne mmara mu.
27 Sɛ nnuruyɛfo kuw no da so ara nni ɔpɛ sɛ wɔbɛboa a, kɔka kyerɛ ayaresabea no so panyin no sɛ ɔmfa ne nnuruyɛfo afoforo a wɔbɛyɛ nea wopɛ no nsi wɔn ananmu. Sɛ ayaresabea so panyin no twentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛyɛ saa na sɛ wunim yiye sɛ wowɔ oduruyɛfo FOFORO wɔ baabi foforo a wobetumi ayi wo akɔ hɔ a, ɛnde wubetumi apaw sɛ wode nhoma a woakyerɛw a ɛbobɔ nnuruyɛfo a wɔmpɛ sɛ wɔboa wo no din a ɛkyerɛ sɛ woremma wɔnsa wo yare a date wɔ so na wode wo nsa ahyɛ ase no ama ayaresabea no so panyin no.
28 Wubetumi ayɛ saa anaa? Yiw, wowɔ saa hokwan no. Ebetumi abue kwan ma nnuruyɛfo afoforo apene so sɛ wɔbɛhwɛ wo yare. Nea ehia kɛse no, ebetumi ama woanya ayaresa a wuhia ansa na wo yare no mu ayɛ den kɛse. Ntwɛn mma ɛnkyɛ dodo!
29 Ɛwom sɛ yentumi nka nkyerɛ obi sɛ ɔnyɛ akwahosan ho insurance de, nanso ɛsɛ sɛ yɛma wuhu sɛ wɔ aman a wɔwɔ aduruyɛ ho insurance nhyehyɛe wom mu no, ɛtaa yɛ den yiye ma yɛn nuanom sɛ wobenya oduruyɛfo a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa asa wɔn a wonni aduruyɛ ho insurance a ɛkɔ anim anaa wonni bi no yare.
NSEMMISA A WƆDE SUM AFIRI A ƐSƐ SƐ WOHWƐ YIYE WƆ HO
30 Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a nnuruyɛfo ne afoforo bisa a ɛnyɛ bere nyinaa na wɔde adwempa bisa. Nea nnuruyɛfo taa bisa kɛse ne:
• “Wopɛ sɛ wuwu (woma wo ba wu) mmom sen sɛ wubegye ‘mogya a ebegye wo nkwa’?”
31 Sɛ woka sɛ yiw a, ɛbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ ɔsom fam. Nanso wɔtaa te mmuae no ase ɔkwan foforo so. Ɛsɛ sɛ wokae sɛ ɛnyɛ ɔsom adwuma no na woreyɛ wɔ saa tebea yi mu. Mmom no, woreka ayaresa a wuhia ho asɛm. Enti, ɛsɛ sɛ woma asɛm no fa w’atiefo a wɔwɔ aduruyɛ anaa mmara ho adwuma mu no ho.—Dw. 39:1; Kol. 4:5, 6.
32 Oduruyɛfo, anaa nea ɔhwɛ ayaresabea so fam no, “yiw” betumi akyerɛ sɛ wopɛ sɛ wuwu sɛ mogya dansefo anaa wode wo ba bɔ afɔre ma wo gyidi no. Gyidi a emu yɛ den a wowɔ wɔ owusɔre no mu ho asɛm a wobɛka akyerɛ wɔn no ntaa mmoa wɔ tebea yi mu. Wɔbɛka sɛ woyɛ katee wɔ ɔsom ho, na wuntumi nsi gyinae a nyansa wom bere a nkwa ho aba asɛm no. Wɔ mmofra fam no, wobebu wo sɛ ɔwofo a ɔtoto n’asɛyɛde ase a ɔpow nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ ayaresa a “egye nkwa.”
33 Nanso ƐNYƐ sɛ worepow ayaresa ankasa. Wo ne oduruyɛfo no adwene nhyia wɔ ƆKWAN A ƆBƐFA SO asa wo yare no ho kɛkɛ. Mpɛn pii no, gyinabea yi bɛma tebea no asakra ama wo ne wɔn nyinaa. Afei nso, ɛyɛ nnaadaa sɛ wɔbɛma ayɛ te sɛ nea asiane nni mogya mu, na ɛne ayaresa KORO PƐ a “egye nkwa.” (Hwɛ How Can Blood Save Your Life?, nkratafa 7-22.) Enti ɛsɛ sɛ woma saa asɛm no mu da hɔ pefee. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Wubetumi abua sɛ:
• “Mempɛ sɛ miwu (mempɛ sɛ me ba no wu). Sɛ mepɛ sɛ miwu (mepɛ sɛ me ba no wu) a, anka mɛtra fie. Nanso ayaresa nti na mebaa ha sɛnea ɛbɛyɛ a menya (me ba no benya) nkwa. Nea mehwehwɛ ne sɛ mode aduru foforo a mogya nnim bɛsa me (me ba no) yare. Nnuru afoforo wɔ hɔ.”
34 Nsɛm foforo a nnuruyɛfo taa bisa ne:
• “Mogya a wubegye anaa wɔbɛhyɛ wo de ama wo no bɛma wɔayi wo afi wo som mu anaasɛ daa nkwa abɔ wo anaa? W’asafo no bebu wo dɛn?”
35 Wɔ ɔman bi a ayaresabea no de asɛm no faa asennibea bi so na ama wɔde mogya ama wɔ ɔhyɛ so mu no, onuawa a asɛm no fa ne ho no buaa ɔtemmufo bi sɛ sɛ ɛba saa a, wɔremfa asodi no nto ɔno onuawa no so wɔ gyinae a ɔtemmufo no si no ho. Ɛwom sɛ ɛteɛ wɔ ɔkwan bi so de, nanso ɔtemmufo no faa no sɛ ɛkyerɛ sɛ esiane sɛ wɔremfa asodi no nto no so nti, obegye asodi no ato ne ho so ama onuawa no. Ɔhyɛe sɛ wɔnkɔma no mogya. Ɛwom sɛ ebia wɔmfa nsɛm a ɛte sɛɛ nkɔ asennibea wɔ yɛn man yi mu de, nanso sɛ woka asɛm a ɛte saa kyerɛ oduruyɛfo bi, oduruyɛfo panyin, anaa nea ɔhwɛ ayaresabea so a, ebia obesi gyinae sɛ ɔbɛma wo mogya wɔ oprehyɛn dan no mu a wunnim ho hwee.
36 Ɛsɛ sɛ wote ase sɛ sɛ wɔrebisa nsɛm yi a, mpɛn pii no ebinom taa hwehwɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so ama wo mogya. Ɛnsɛ sɛ woma wonya bi a w’adwene mma wo ho so! Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn akwati saa nsɛm a yɛbɛka a wɔrente yɛn ase yiye no? Wubetumi abua sɛ:
• “Sɛ wɔhyɛ me ma me mogya ɔkwan biara so a, ɛbɛyɛ me te sɛ nea wɔto me mmonnaa ara pɛ. Hyɛ a wɔbɛhyɛ me ayɛ me biribi a mikyi no bɛma m’adwene mu ahaw me me nkwa nna a aka nyinaa. Mede m’ahoɔden nyinaa bɛko atia basabasayɛ a ɛte sɛɛ a wɔde yɛ me nipadua a mempene so no. Mɛbɔ mmɔden a metumi biara asamana wɔn a wɔtow hyɛɛ me so no, sɛnea sɛ wɔto me mmonnaa a, mɛyɛ ara pɛ no.”
37 Ɛsɛ sɛ yɛma wohu pefee sɛ mogya a wɔde bɛma yɛn ɔhyɛ so no te sɛ basabasayɛ a yekyi a wɔde yɛ yɛn nipadua. Ɛnyɛ asɛm ketewa bi. Enti kura wo gyinaesi no mu. Ma ɛnna adi pefee sɛ wopɛ ayaresa foforo a mogya nnim.
DƐN NA WOBƐYƐ DE ASIESIE WO HO?
38 Yɛasusuw nneɛma bi a ehia sɛ woyɛ de bɔ wo ne w’abusua ho ban wɔ mogya a wompɛ no ho. (Akyiri yi, yɛwɔ anidaso sɛ yɛde sɛnea yebedi nsɛnnennen a ɛsɔre bere a wɔpɛ sɛ wɔma nkokoaa ne mmofra mogya ho dwuma ho nsɛm pii bɛma.) Yɛahu nea Asafo ti no fi ɔdɔ mu ayɛ na yɛanya mmoa wɔ ahokyere bere mu. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ nsɛm yi ho na ama woahu no yiye sɛ woasiesie wo ho sɛ wubegyina ayaresa tebea a ɛsɔ gyidi hwɛ no ano?
Nea edi kan: Mo abusua no nsusuw nsɛm no ho mfa nsua nsɛm a mobɛka ne nea mobɛyɛ, titiriw wɔ tebea a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm mu ho.
Nea edi hɔ: Hwɛ hu sɛ wowɔ nkratasin a wuhia no nyinaa bi.
Afei: Bɔ asɛm no ho mpae denneennen kyerɛ Yehowa sɛ onnyina w’akyi wɔ wo tirim a woabɔ pintinn sɛ ‘wubeyi wo ho afi mogya ho’ no mu. Ne mmara a ɛfa mogya ho no so a yedi no ma yenya awerɛhyem sɛ yebenya n’anim dom na yɛatra ase daa.—Aso. 15:29; Mmeb. 27:11, 12.
[Kratafa 5 adaka]
Sɛ aduruyɛ ho asɛm bi mu kɔ so yɛ den araa ma ekodu baabi a wɔpɛ sɛ wɔma wo mogya a, hwɛ adaka yi mu na woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ:
1. Kohu w’asafo mu mpanyimfo.
2. Sɛ ɛho behia a, ma mpanyimfo no mmɔ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw a ɛbɛn sen biara no amanneɛ.
3. Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no betumi aboa wo ma wo ne nnuruyɛfo ne afoforo akasa.
4. Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no betumi aboa wo ma woakohu nnuruyɛfo afoforo ma wɔne wɔn a wɔrebɛyɛ wo oprehyɛn no asusuw akwan foforo a wobetumi afa so ho.
5. Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no betumi aboa wo nso ma wɔayi wo akɔ ayaresabea foforo a wɔbɛkyerɛ obu wɔ nea wopɛ no ho.