Mmofra—Morekyerɛ Mo Awofo Mmɔdenbɔ ho Anisɔ?
1 Yɛn nyinaa ani gye sɛ yehu mmofra pii wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Wɔyɛ agyapade a efi Yehowa hɔ. (Dw. 127:3) Ɛsɛ sɛ wɔkamfo wɔn wɔ wɔn awofo ntetee a wogye tom denam Kristofo nhyiam a wɔkɔ daa na wonya mu kyɛfa no so no ho. Eyi sɔ Yehowa a ɔhyɛ awofo sɛ wɔnyɛ wɔn mma Kristofo asuafo no ani. (Deut. 31:12; Kol. 3:20) Esiane sɛ ɛnyɛ mpanyimfo nkutoo na wɔwɔ hokwan sɛ wɔkɔ asɛnka nti, wɔhwɛ kwan sɛ mmofra betumi agyina Kyerɛwnsɛm no so anya mu kyɛfa. Sɛ woyɛ abofra a, wunya asɛnka adwuma no mu kyɛfa dapɛn biara? Wɔhyɛ da hyɛ mmofra nkuran sɛ: “Wonyi [Yehowa] din ayɛ.”—Dw. 148:7, 12, 13.
2 Mmofra pii a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no gyee nsa a wɔto frɛɛ wɔn sɛ wonyi Yehowa ayɛ yi so. Mmofra de wɔn kasa a asete nyɛ den ne komam a wofi yɛ ade no akanyan mpanyimfo ma wɔayɛ biribi. Ná Naaman yɛ onipa kɛse, Siria hene asraafo panyin. Nanso na ɔyɛ kwatani nso. Israelni abeawa kumaa bi a na wɔafa no dommum de akokoduru ka kyerɛɛ n’awuraa sɛ: “Sɛ anka me wura wɔ odiyifo a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnde anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.” Ahobrɛase a Naaman de dii asɛm a abeawa kumaa bi kaa ho dwuma nti, wɔsaa no yare. (2 Ahe. 5:2, 3, 14) Bere a Yesu dii mfe 12 no, ɔdaa no adi sɛ otumi hwehwɛ honhom fam nneɛma. (Luka 2:46-50) Samuel bɛyɛɛ ‘Yehowa somfo’ bere a na ɔyɛ abarimaa kumaa koraa no.—1 Sam. 2:11.
3 Ebinom Reda no Adi sɛ Wɔwɔ Ɔpɛ sɛ Wɔbɛyɛ Osetie: Onyankopɔn ani nnye obi a ɔde amemenemfe som no a ɛsɛ sɛ afoforo piapia no bere nyinaa ansa na wayɛ N’apɛde no ho. (Dw. 110:3; fa toto Hebrifo 10:38 ho.) Wo sɛ abofra no, sɛ wodɔ Yehowa ampa a, wo nso wobɛpɛ sɛ wutie no denam ne din ne Ahenni ho asɛm a wobɛka akyerɛ afoforo no so, sɛnea mmofra pii reyɛ nnɛ no. Eyi ma Yehowa koma ani gye!—wTW90 7/1 nkr. 29-30; w87 12/1 kr. 21.
4 Ɛwom sɛ mmofra bi nam Bible no sua so anya nimdeɛ de, nanso wɔmpɛ sɛ wɔbɛka wɔn gyidi ho asɛm wɔ wɔn mfɛfo sukuufo ne afoforo anim. Sɛ wote saa a, dɛn na ɛhaw wo? Awofo, sɛ mohwɛ a, dɛn na ɛma ɛba saa? Dɛn nti na wo ne w’awofo mfa mpaebɔ nsusuw asɛm yi ho wɔ nhyiam yi akyi pɛɛ?
5 Gye Asɛyɛde no Nyinaa To Wo Ho So: Yehowa ne adesamma Agya ne abusua nhyehyɛe no Farebae nso. (Efe. 3:15) Ɔnam n’Asɛm ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no so a ɔnam kyerɛkyerɛ yɛn wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no so ayɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ ama agyanom nyinaa. (Yoh. 6:45) Kristofo a wɔyɛ awofo ma wɔn mma honhom fam aduan daa. Sɛ abofra no, so woreboa na wo ne wɔn nya asɛnka mu kyɛfa? So wusiesie nkratawa ne nhoma afoforo ho nsɛm a wobɛka akyerɛ? Sɛ wo ne w’awofo reyɛ asɛnka adwuma no a, wokenkan Bible kyerɛw nsɛm na woka nsɛmti a woapaw ho asɛm ntiantiaa kyerɛ? Awofo wɔ asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn sɛ wɔntete wɔn mma wɔ ɔsom adwuma no mu. (Efe. 6:4; fa toto Yeremia 35:6-10 ho.) Mmofra nso wɔ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn awofo mmɔdenbɔ ho anisɔ denam wɔn awofo ntetee a wobegye atom no so.—Efe. 6:1-3.
6 Wɔhwehwɛ sɛ awofo ne mmofra nyinaa kyerɛ hokwan a wɔwɔ sɛ wobeyi Yehowa ayɛ no ho anisɔ. Nanso, dɛn na mpanyimfo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu no betumi ayɛ de aboa awofo ne mmofra ma wɔadi wɔn asɛyɛde ho dwuma sɛ ankorankoro? Asɛm bi a ɛbɛba akyiri yi bɛka eyi ho asɛm.