January Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase January 2
Dwom 83
7 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata.
18 min: “Yɛwɔ Pii Yɛ Bere Nyinaa.” Nsemmisa ne mmuae. Yɛ nhyehyɛe fa bere tiaa bisabisa nnipa baanu anaa baasa a wonni adagyew, te sɛ ɔpanyin, ɔbaa warefo, anaa ɔkwampaefo bi, nsɛm; ma wɔnkyerɛ nea ɛma wotumi yɛ nneɛma pii ho nhyehyɛe na bere koro mu no wɔda so ara wɔ anigye.
20 min: “Yɛn Nhoma Dedaw no a Yɛde Bedi Dwuma Yiye.” Ɛne atiefo nsusuw ho. Ma asafo no nhu nhoma dedaw ahorow a mowɔ; hyɛ wɔn nkuran ma wonnye bi nkɔ asɛnka. Yɛ nhyehyɛe ma wɔnyɛ asɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho ɔyɛkyerɛ ntiantia abien.
Dwom 188 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 9
Dwom 183
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka dapɛn no awiei asɛnka adwuma ho nhyehyɛe ho asɛm.
17 min: “Nguanhwɛ a Ɛma Denhyɛ.” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina asɛm a ɛwɔ September 15, 1993, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-3 hɔ asɛmti ketewa no so. Si Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛboa ma wogyina ɔhaw ahorow ano so dua.
18 min: “So Woasiesie Wo Ho sɛ Wubegyina Aduruyɛ mu Tebea a Ɛsɔ Gyidi Hwɛ Ano?”—Ɔfã 1. Ɔkasa a ɛkanyan nkate a ɔpanyin a ɔfata ma no anibere so a egyina krataa a ɛhyem no nkyekyem 1-17 so. Hwɛ January 1994 Yɛn Ahenni Som, kratafa 2, wɔ “Dapɛn a Efi Ase January 10” ase, na woahu ɔkwan a wɔfa so hyehyɛ nkrataa no na wɔde nsa hyɛ ase ho nsɛm pii. Si hia a ɛho hia sɛ wobenya krataa a entwaam bere nyinaa no so dua; afei nso mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔne nnuruyɛfo bedi nkitaho.
Dwom 198 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 16
Dwom 182
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm a yebetumi agyina so de ama nkurɔfo ho asɛm. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ asɛnka adwuma mu dapɛn yi awiei.
18 min: “So Woasiesie Wo Ho sɛ Wubegyina Aduruyɛ mu Tebea a Ɛsɔ Gyidi Hwɛ Ano?”—Ɔfã 2. Ɔkasa a atiefo tumi ka bi a egyina krataa a ɛhyem no nkyekyem 18-38 so. Boa atiefo ma wɔnte Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow atirimpɔw ne wɔn dwumadi ase yiye. Si hia a ɛho hia sɛ wɔde nhumu di dwuma bere a wɔrebua nsɛm a ayaresabea adwumayɛfo hyɛ da bisa de sum afiri no so dua. Yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien: biako fa mmuae a ɛfata a wɔde ma ho, na nea ɛka ho no fa mmuae a ɛmfata a wɔde ma ho, a egyina nkyekyem 30-37 so.
17 min: “Yɛ Sankɔhwɛ Ahorow Fa Kyerɛ sɛ Wudwen Afoforo Ho.” Adawurubɔfo baasa anaa baanan susuw atirimpɔw nti a yɛyɛ sankɔhwɛ ahorow ne ɛso mfaso ho. Si so dua sɛ wɔmfa nyɛ wɔn botae sɛ wobefi adesua ase. Ka asɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho asɛm. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ biako anaa abien, na kuw no mufo mfa nkamfo ne nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma wɔanya nkɔso mma.
Dwom 196 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 23
Dwom 161
12 min: Asafo mu nkaebɔ. “Sɛnea Wɔhyehyɛ Teokrase Nhomakorabea.” Ɔkasa a egyina November 1, 1994 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 28-31 so.
18 min: “Munnwen Afoforo Ho—Ɔfã 1.” Nsemmisa ne mmuae. Fa hia a ɛho hia sɛ mpanyimfo yɛ biako na wɔhwɛ hu sɛ Ahenni Asa no suhyɛ, n’adorobɛn, anyinam ahoɔden ho nhyehyɛe, ne nsiesie a wɔayɛ ama ɛho bammɔ no di mũ nso ho nkaebɔ ahorow ma.—Hwɛ June 1985 Yɛn Ahenni Som, Asemmisa Afã, ne November 1986 Yɛn Ahenni Som, kratafa 7.
15 min: “Kokoam Adesua—Ɛyɛ Ahiasɛm.” Nsemmisa ne mmuae. Yiyi December 1, 1985 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 19-24 mu nsɛm bi nso ka ho.
Dwom 116 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 30
Dwom 157
7 min: Asafo mu nkaebɔ.
20 min: “Mmofra—Morekyerɛ Mo Awofo Mmɔdenbɔ ho Anisɔ?” Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Bisabisa mmofra baanu a wɔyɛ adawurubɔfo pa nsɛm. Mmɔden bɛn na wɔabɔ na ama wɔafata sɛ adawurubɔfo? Mmoa bɛn na wonya fii wɔn awofo hɔ?
18 min: Fa Tra Ase Daa nhoma no ma wɔ February mu. Kyerɛkyerɛ nea enti a nkurɔfo hia saa nhoma yi. (Hwɛ June 1, 1988 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 25-6, nkyekyem 17, 18.) Ka nsɛm bi a akenkanfo a wɔkyerɛ anisɔ aka ho asɛm tiawa. (Hwɛ September 1, 1989 Engiresi Ɔwɛn-Aban, kratafa 32, ne December 1, 1991 Ɔwɛn-Aban kratafa 32.) Fa ɔkwan a yebetumi afa so ne anigyefo a yɛmaa wɔn Tra Ase Daa nhoma no bi afi Bible adesua ase ho nyansahyɛ ma. Yɛ asɛm a wɔka kyerɛ a ɛto so abien wɔ asɛmti “Life/Happiness” ase wɔ Reasoning nhoma no kratafa 13 no ho ɔyɛkyerɛ tiawa.
Dwom 199 ne mpaebɔ a wɔde wie.