Kokoam Adesua—Ɛyɛ Ahiasɛm
1 Nneɛma bɛn na yebu no ahiasɛm paa? Ɛsɛ sɛ yedwen abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Yehowa benya na yɛakura mu ho yiye. Kokoam adesua boa kɛse wɔ abusuabɔ a ɛte saa a yebenya no mu. Ɛnnɛ, yɛn mu kakraa bi pɛ na yɛn nsɛm tebea ma yenya bere tenten de dwennwen nneɛma ho na yɛyɛ kokoam adesua. Nanso, sɛ yɛankenkan Onyankopɔn Asɛm daa a, yebetumi ayɛ mmerɛw akodu baabi a yɛrennya ahoɔden a yɛde bɛko atia wiase no honhom ne ne honam fam akɔnnɔ ahorow no.
2 Nya Asɛm no ho Akɔnnɔ: Bere a yedii kan suaa Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho ade no, ebia na yɛn ho pere yɛn sɛ yebenya nimdeɛ pii. Nanso, bere bi akyi no, ebetumi aba sɛ honhom mu kɔm a ɛde yɛn no ano abrɛ ase. Ebia ɛho behia sɛ “yɛma yɛn kɔn dɔ” honhom fam aduan. (1 Pet. 2:2, NW) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya akɔnnɔ a ɛte saa?
3 Aduan bi a yɛpɛ ho hua bɛma yɛn kɔn adɔ esiane sɛ yɛkae ne dɛ nti. Kokoam adesua a yegye bere kakra yɛ no betumi anya yɛn so tumi saa ara wɔ honhom fam. Honhom fam aduan a ɛyɛ dɛ kakra a yɛbɛka ahwɛ no betumi akanyan yɛn akɔnnɔ wɔ nokware ahorow a emu dɔ ho. Akomatɔyam a adesua ma yenya no betumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛahwehwɛ Yehowa Asɛm mu akɔ akyiri.
4 Nya Nhyehyɛe a Eye ma Wo Paa: Ebinom de anwummere bi si hɔ de yɛ kokoam adesua nkutoo, na afoforo pɛ sɛ wosua no nkakrankakra. Sɛ wuhu sɛ wubetumi de w’adwene asi so yiye anɔpatutuutu a, wubetumi asua ade kakra ansa na woadidi anɔpa. Sɛ wutumi sua ade yiye anwummere a, ebia wubetumi ayɛ saa ansa na woakɔda. Sɛnea ɛte biara no, nea ɛho hia ne sɛ wobɛyɛ no daa na woadi nhyehyɛe a eye ma wo paa no akyi.
5 Sɛ wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ kokoam adesua kɛse a, ebia yɛbɛka ntɛm ara sɛ yɛwɔ nhyehyɛe a edi mu dedaw. Nanso, ɛho hia sɛ yɛn nyinaa de nokwaredi hwehwɛ sɛnea yɛde yɛn bere di dwuma no mu. So yɛde bere pii hwɛ television so dwumadi da biara? Yɛpɛ sɛ yɛde nneɛma bi a yɛn ankasa pɛ bɔ afɔre? Nokwaredi a yɛde bɛhwehwɛ sɛnea yɛde yɛn bere di dwuma mu no betumi ada no adi sɛ yɛwɔ mmere da biara da a yebetumi de ayɛ kokoam adesua ma mfaso kɛse aba so.—Efe. 5:15, 16.
6 Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene nyinaa si Onyankopɔn Asɛm sua so. Mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ biribi foforo bere a yɛresua ade no bɛtew ɛso mfaso no so. Sɛ yɛpɛ sɛ yesua ade bere a yɛredidi, yɛretie radio so nsɛm, anaasɛ yɛrehwɛ television a, ɛda adi sɛ yentumi mfa yɛn adwene nsi nea yɛrebɔ mmɔden asua no so. (1 Tim. 4:15) Enti ɛho hia sɛ yeyi nneɛma a ɛtwetwe adwene fi hɔ.—Hwɛ School Guidebook, nkratafa 33-4.
7 Adesua a yɛbɛyɛ no daa ne Bible mu afotu a yɛde bedi dwuma ho hia efisɛ ɛne ɔkwan a yɛnam so nya akwankyerɛ fi Yehowa hɔ. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛma nokware a wɔakyerɛw no aka wo komam. Ɛwom sɛ ebia bere a wode kenkan honhom fam nneɛma, tĩ mu, na wususuw ho no yɛ tiawa de, nanso fa hokwan biara di dwuma.—Deut. 6:6-8; Kol. 1:9, 10.