Anigye A Wubenya Wɔ Kokoam Adesua Mu
1 Odwontofo no kae sɛ “anigye” ne wɔn a ‘Yehowa mmara sɔ wɔn ani’ na wɔkenkan no “brɛoo awia ne anadwo.” (Dw. 1:1, 2, NW) So wunya koma mu anigye a ɛte saa bere nyinaa, yiw, nokware anigye a yɛn ɔdɔ Nyankopɔn, Yehowa, ho nimdeɛ a edi mu a wonya de ba no? Pii nya. Nanso dɛn nti na adesua ne nneɛma ho a wosusuw yɛ adwuma ma ebinom, adwumaden ankasa a ɛde mfaso kɛse ba, yiw, nanso ɛnyɛ anigye ankasa bere a woreyɛ saa no? Dɛn na wobetumi ayɛ na ama nea ɛte sɛnea ɛyɛ adwuma yi ayɛ adeyɛ a ɛyɛ anigye?
ƆKWAN BƐN SO NA YEBETUMI AMA YƐN ANIGYE ADƆƆSO?
2 Nea edi kan no ɛsɛ sɛ yehu sɛ nimdeɛ a ɛte saa a yebenya no kyerɛ nkwa ankasa ma yɛn. (Yoh. 17:3) Eyi ho hia araa ma Ɔwɛn-Aban kae bere bi sɛ: “Sɛ ‘wuntumi nya bere’ mma Bible adesua a, na ɛte sɛnea woreka sɛ wompɛ nkwa.” Nanso so daa nkwa a yebenya no na ɛsɛ sɛ ɛyɛ adwene koro pɛ nti a yesua Bible no? Hyɛ mmuae a Yesu de maa Yudafo mpanyimfo a wɔpɛe sɛ wokum no no nsow: “Mohwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu, efisɛ mususuw sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na mahu mo sɛ munni Onyankopɔn dɔ wɔ mo mu.” (Yoh. 5:39, 42) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛn kokoam adesua no yɛ nea ɔdɔ ma Onyankopɔn ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛboa afoforo na ɛkanyan yɛn.—Aso. 20:35; 1 Kor. 8:1.
3 Sɛ nhwɛso no, yɛn ho a yebesiesie yiye ama asafo nhyiam horow nyinaa no bɛka yɛn kɛse ma yɛanya mu kyɛfa, na mmuae a yɛma no bɛyɛ nea ntease wom kɛse nso. Saa kwan yi so no yebetumi ahyɛ afoforo nkuran na yɛatwetwe wɔn akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. (Heb. 10:24, 25) Na ɔkwan bɛn so na eyi bɛka yɛn asɛnka adwuma? Di a yedi kan siesie yɛn ho ma nhyiam horow no bɛma honhom mu nokware horow a yesua wɔ Ahenni Asa so no aka yɛn adwene mu kɛse, na ɛbɛma yɛatumi akaakae nsɛm ahorow yiye bere a yedi afoforo adanse no. Ɛbɛma yɛasiesie yɛn ho yiye wɔ ɔsom adwuma no afã horow nyinaa mu sɛ yɛbɛkyerɛ afoforo ‘anidaso a ɛwɔ yɛn mu no ase,’ na yɛn som adwuma no bɛyɛ nea etu mpɔn kɛse nso.—1 Pet. 3:15.
BERE A WUBENYA
4 So adesua bere a wubenya yɛ den ma wo? Sɛ yehu sɛ Bible adesua kyerɛ yɛn nkwa ankasa na yɛpɛ sɛ nea yesua no ho ba afoforo mfaso nokwarem a, ɛbɛka yɛn ma ‘yɛatɔ bere’ afi dwumadi horow a ɛho nhia kɛse no mu. (Efe. 5:15, 16, NW) Ebia ebehia sɛ yɛtew television hwɛ anaa nhoma horow a ɛho nhia akenkan no so. Ebia yebetumi de bere adi dwuma yiye anwummere ansa na yɛakɔda, anaa yebetumi asɔre ntɛm kakra anɔpa. Simma 15 anaa 20 a wode bɛyɛ eyi da biara no mpo ye, titiriw sɛ woyɛ saa daa a. Simma 15 pɛ a wɔde yɛ kokoam adesua da biara ka bom yɛ nnɔnhwerew 91 afe biako!
5 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya anigye kɛse wɔ bere a yɛde sua ade no mu no, ɛsɛ sɛ yɛde bere no di dwuma yiye. Ɛnsɛ sɛ yɛma adwene no susuw nneɛma a ɛho nhia ho anaa ekyinkyin, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si asɛm pɔtee bi so. Ɛdenam botae bi a yɛde besi yɛn anim, na yɛatwe yɛn ho afi biribiara a ɛbɛhaw yɛn adwene te sɛ television anaa ɔdan a nnyigyei wom so no, yebetumi ayɛ pii. Kokoam adesua hwehwɛ sɛ wubesusuw bo ankasa a nea yɛresua no som ho. Sɛ yedi Paulo afotu a ese “eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na yere wo ho” no akyi a, yebenya akomatɔyam wɔ nea yetumi yɛ no ho, na yebenya anigye ankasa wɔ kokoam adesua mu.—1 Tim. 4:15.