Mmofra a Wɔboa Wɔn ma Wɔyɛ Adawurubɔfo—Afoforo Bɛyɛ Dɛn Aboa?
1 Yehowa atemmu ka nnipa nyinaa—mmofra ne mpanyin. (Hes. 9:5, 6; Gen. 7:22, 23) Enti ɛyɛ nokware Kristofo asɛyɛde sɛ wɔboa nnipa ahorow nyinaa ma wonya Yehowa anim dom ansa na n’abufuw da kɛse no aba.—Sef. 2:2, 3.
2 Yɛkaa awofo asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛboa wɔn mma nkumaa ma wɔayɛ adawurubɔfo ne asɛyɛde a mmofra wɔ sɛ wɔbɛkyerɛ saa ntetee no ho anisɔ ho asɛm wɔ nsɛm abien a aba dedaw mu. Yɛwɔ ahotoso sɛ awofo ne mmofra nyinaa renya nkɔso fɛfɛ wɔ saa nsɛm no a wɔde di dwuma no mu. Ɛwom sɛ awofo adwuma titiriw ne sɛ wɔbɛtete wɔn mma de, nanso ɔkwan bɛn so na adawurubɔfo afoforo betumi aboa ma wɔadu botae a ɛne sɛ wɔbɛboa asafo no mu mmofra nyinaa ma wɔabɛyɛ adawurubɔfo no ho?
3 Nea nkamfo pa de ba: Nneɛma a ɛtaa bu obi abam ayɛ asetra mu ma. Ɛka mmofra nso. (Rom. 8:20) Enti hwɛ sɛnea yɛn nyinaa ani sɔ nkamfo! Sɛ mpanyimfo kamfo abofra no wɔ ne suban pa te sɛ ahotew, nneyɛe pa, nhyiam a ɔba daa ne/anaa ne mmuae, nsiyɛ a ɔde siesie Ahenni Asa so, ne nea ɛkeka ho ho a, wɔnam saayɛ so kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ ne mmɔdenbɔ fɛfɛ no na bere koro no ara na wɔretu no fo sɛ ɔnyɛ pii nka ho.
4 Sɛ nhwɛso no, sɛ awofo pene so a, adawurubɔfo a wɔanyinyin betumi ayɛ nhyehyɛe ne mmofra akɔ asɛnka akɔkyekyɛ nsɛmma nhoma ne nkratawa. Gyina abofra biara ankasa mmɔdenbɔ ne ne nsɛm tebea so kamfo no. (1 Kor. 12:4-7) Bere a wo ne mmofra bɔ no, yi ɔdɔ adi na fa nea woyɛ ne nea woka nyinaa hyɛ wɔn den.
5 Mpanyimfo mmoa: Mpanyimfo betumi ahyɛ mmofra a wɔma mmuae anaasɛ wɔkenkan kyerɛw nsɛm wɔ nhyiam horow ase no nsow, akamfo wɔn anigye so, na wɔahyɛ wɔn nkuran ma wɔakyerɛw wɔn din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu bere a wɔne wɔn awofo asusuw ho no. Eyi bɛboa wɔn ma wɔayɛ akasafo a wɔn ho akokwaw wɔ asɛnka mu. Sɛ abofra bi ka sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a, ɛsɛ sɛ n’awofo ne mpanyimfo no di n’abisade no ho dwuma ntɛm ara. (om-TW nkr. 99-100; WTW89 6/15 kr. 17) Nhoma adesua so ahwɛfo betumi ahwɛ nkɔso a wɔn kuw mu mmofra renya, ahwɛ ahu sɛ obi ne wɔn mu biara yɛ Bible adesua daa, na wɔde mmoa a efi ɔdɔ mu ama wɔn.—Mmeb. 27:23.
6 Ebia na ebinom a wɔadu mpanyin afe so a wonim nokware no fi wɔn mmofraberem hyia ɔhaw ahorow a ɛmma wonhyira wɔn ho so, nanso wɔn nhyiamkɔ kyerɛ sɛ wɔda so ara wɔ nokware no ho anigye. Ɔdɔ a mpanyimfo no wɔ ma Yehowa ne ne nguan a wodwen wɔn ho yiye no bɛka wɔn ma wɔaboa mmofra a wɔtete saa no ma wɔadi ɔhaw biara ho dwuma na wɔanya nkɔso.
7 Obiara betumi aboa: Nea ɛsen ne nyinaa no, adawurubɔfo a wɔanyin nhwɛso pa, nsiyɛ a woyi adi wɔ asɛnka mu, ne wɔn mmuae pa bɛhyɛ asafo no mu mmofra nkuran kɛse ma wɔanya asɛmpa a eye sen biara ma adesamma, Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no, a wɔbɔ no dawuru no mu anigye no bi.—Luka 6:45; Fil. 3:17.