February Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase February 6
Dwom 73
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Asɛm “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” mu nsɛntitiriw. Ka nna a wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam a edi hɔ no.
15 min: “Asɛnka—Hokwan a Nidi Wom.” Nsemmisa ne mmuae. Fa nsɛm foforo a egyina July 15, 1990, Ɔwɛn-Aban, kratafa 19, nkyekyem 13-16 so ka ho.
18 min: “Tra Ase Daa Nhoma no a Yɛde Bɛma wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So.” Wo ne atiefo nsusuw emu nsɛntitiriw ne School Guidebook no nkratafa 46-7, nkyekyem 9-12 mu nsɛm ho. Mommɔ nnianim nsɛm a ebetumi atu mpɔn wɔ mo asasesin mu ho nkɔmmɔ. Ma wɔnyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 82 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 13
Dwom 103
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka ntoboa a Asafo ti kyerɛ sɛ ne nsa aka ho asɛm.
10 min: Asɛm “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woka Onyankopɔn ho Asɛm?” a ɛwɔ September 22, 1994, Engiresi Nyan!, nkratafa 13-15 ho ɔkasa. Si hia a ɛho hia sɛ mmofra yɛ adawurubɔfo so dua.
15 min: “Ahenni ho Asɛm No—Emu Ntease a Yebenya.” Nsemmisa ne mmuae. Ma nnipa baanu anaa baasa nka sɛnea wɔyɛ wɔn kokoam adesua anaa wosusuw daa asɛm no ho ne bere a wɔyɛ saa.
15 min: “Munnwen Afoforo Ho—Ɔfã 2.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin di ho dwuma. Ka ɔhaw biara a moahu wɔ mo hɔnom ho asɛm, na fa afotu a ɛfata ma.
Dwom 109 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 20
Dwom 134
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛ nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm a eye ma mo asasesin no. Yɛ sɛnea wɔde ma nkurɔfo ho ɔyɛkyerɛ ahorow.
15 min: Asɛm “So Woreboa Wo Ba ma Wapaw Yehowa?” a ɛwɔ October 1, 1994, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 26-30 ho ɔkasa.
18 min: “San Kɔ Anigyefo a Wunyaa Wɔn no Nkyɛn.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Ka nsɛm a wɔde kyerɛ Tra Ase Daa nhoma ho anisɔ. (Hwɛ October 1, 1986 Ɔwɛn-Aban, kratafa 32, ne July 1, 1987, Ɔwɛn-Aban, kratafa 32.) Ma wɔmfa nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no nyɛ ɔyɛkyerɛ biako anaa abien. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔne anigyefo bɛyɛ Bible adesua.
Dwom 147 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 27
Dwom 184
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
10 min: Asafo no ahiade.
15 min: Adiyisɛm Awiei nhoma a yɛde bɛma March mu. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa mma anigye so. Munsusuw nea enti a wotintimii a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma no kratafa 8 no ho. Ka nsɛm a wɔde akyerɛ nhoma no ho anisɔ kyerɛ atiefo. (Hwɛ March 15, 1989, Ɔwɛn-Aban, kratafa 32, ne April 15, 1989, Ɔwɛn-Aban, kratafa 32.) Munsusuw asɛm a wɔka kyerɛ a asemmisa, “So woate Adiyisɛm apɔnkɔsotefo baanan no ho asɛm pɛn?” na efi ase no ho na yɛ ho ɔyɛkyerɛ tiawa. (Hwɛ March 1994 Yɛn Ahenni Som, kratafa 4.) Kae wɔn nyinaa sɛ wonkogye bi nkɔ asɛnka dapɛn yi awiei.
15 min: “Mmofra a Wɔboa Wɔn ma Wɔyɛ Adawurubɔfo—Afoforo Bɛyɛ Dɛn Aboa?” Nsemmisa ne mmuae. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa mmofra a wɔwɔ yɛn mu no.
Dwom 221 ne mpaebɔ a wɔde wie.