Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 10/1 kr. 26-30
  • So Woreboa Wo Ba ma Wapaw Yehowa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woreboa Wo Ba ma Wapaw Yehowa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Mmofra Binom Pow Yehowa
  • Fi Ase Ntɛm
  • Fa Wo Bere ma Wo Mma
  • Fekubɔ ne Nhwɛso Pa
  • Anigye wɔ Hu a Wohu sɛ Mmofra Paw Yehowa no Mu
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Mma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 10/1 kr. 26-30

So Woreboa Wo Ba ma Wapaw Yehowa?

ABERANTE bi kae sɛ: “Ná mete nka sɛ Bible no sua yɛ anihaw, ne ɔbrɛ ankasa. Misii gyinae me komam a manka ankyerɛ obiara sɛ sɛ minyin a, merenyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.” Ɛwom sɛ yɛwɔ anidaso sɛ awiei koraa no mmofra a wɔwɔ Kristofo afie mu dodow no ara bɛpaw sɛ wɔbɛsom Yehowa de, nanso ebia ɛbɛyɛ den ama mmofra a wɔte sɛ ɔno no no sɛ wɔbɛpaw Yehowa sɛ wɔn Nyankopɔn.

Ɛtɔ da bi a awofo ntumi nhu ɔkwampa a wɔbɛfa so de akwankyerɛ ama wɔn mma yiye ankasa. Wɔhwehwɛ wɔn ankasa ho mu yiye te sɛ agya bi a na wahaw a ɔkaa eyi bere bi no: “Sɛ mɛka nokware a, mmere bi wɔ hɔ a mehwɛ me mma a wɔadeda a abasamtu ho nusu da so sesan wɔn afono ho no anim, na misusuw ho sɛ ebia anka ɛbɛyɛ papa sɛ miyi mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn kɛse.” Ne mmabarima baanu no nyinii na wɔpawee sɛ wɔbɛsom Yehowa.

Nanso, mmofra bi wɔ hɔ a wogyaw Yehowa na wofi Kristofo mu kɔ Satan wiase no afã. Enti, ɔkwan bɛn so na awofo tumi boa wɔn mma ma wɔpaw Yehowa? Ansa na yebebua saa asɛm no, momma yenni kan nhwehwɛ nea enti a mmofra binom gyaw Yehowa bere a wɔn awofo wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔne no tra no.

Nea Enti a Mmofra Binom Pow Yehowa

Nneɛma ahorow nti a wɔtaa yɛ saa no biako ne sɛ mmofra binom nnim Yehowa anaa n’akwan ankasa. Ɛwom sɛ wofi wɔn mmofraase na wɔkɔ Kristofo nhyiam horow de, nanso wɔyɛ saa a wonni ho anigye biara, na wɔnhwehwɛ Yehowa ankasa. (Yesaia 55:6; Asomafo no Nnwuma 17:27) Ná abarimaa a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no ani haw wɔ Kristofo nhyiam horow ase efisɛ na ɔnte nsɛm a akasafo no ka wɔ asɛnka agua no so no ase ankasa.

Wɔde nokware no dua wɔn mu binom mu de, nanso wɔma kwan ma Satan wiase no mu ahofadi ne honam fam ade dodowpɛ asetra no daadaa wɔn koma. Ebinom ntumi nnyina ɔpɛ a emu yɛ den dodo a wɔwɔ sɛ wɔne wɔn atipɛnfo bɛbɔ na wɔayɛ sɛ wɔn no ano.—1 Beresosɛm 28:9; Luka 8:12-14; 1 Korintofo 15:33.

Nanso, mmofra pii a wɔwɔ Kristofo afie mu apaw sɛ wobegyina Yehowa afã wɔ wiase nyinaa. So yebetumi asua biribi afi akwampa a wɔn awofo faa so no mu?

Fi Ase Ntɛm

Ade a ɛho hia wɔ wo mma a wobɛboa wɔn ma wɔapaw Yehowa no ho ne sɛ wubefi ase ntɛm. Mpɛn pii no, nkyerɛkyerɛ ne adesuade ahorow a obi nya bere a ne koma nnyinii na egye nsɛm tom no tumi nya no so nkɛntɛnso ne nkwa nna nyinaa. (Mmebusɛm 22:6) Enti fi ase ntɛm ka Yehowa papayɛ, ne dɔ ne ne kɛseyɛ ho nsɛm kyerɛ wo mma, na bɔ mmɔden fa Yehowa ho dɔ ne nea wayɛ ama wɔn ho anisɔ hyɛ wɔn koma mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ eyi no, awofo pii atumi de Yehowa abɔde ahorow ho nsɛm pii a wohu wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu no adi dwuma yiye.

Osetie ne obu a wobenya ama Yehowa ne ne som ka su afoforo a ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ mmofra mu wɔ wɔn mmofraase no ho. Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ mmofra a wɔnsoo sukuukɔ rebɔ mmɔden akyerɛkyerɛw nsɛm ntiatiaa na wobuebue wɔn ankasa Bible mu wɔ Kristofo nhyiam ase hwehwɛ nsɛm anaasɛ wɔne wɔn awofo kɔ aguaree de nsuonwini kɔhohoro wɔn anim bere a wɔtɔ nko no. Eyinom yɛ nneɛma nketenkete de, nanso hwɛ sɛnea enya nkɛntɛnso a ɛho hia wɔ abofra adwene so ma ohu sɛ ɛsɛ sɛ ɔda obu ne osetie adi kyerɛ Yehowa!

Ɛsɛ sɛ wofi ase ntɛm kyerɛkyerɛ ankorankoro biara Bible no anibere so. Awarefo bi ne wɔn mmabarima fii ase boom kenkanee nhoma Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No bere a na wɔadi mfe abien no.a Akyiri yi, bere a mmarimaa no fii sukuu ase no, na wɔsɔre ntɛm ne wɔn maame sua Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ne Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So anɔpa biara.* Ná agya no ne wɔn susuw daa asɛm no ho wɔ eyi akyi ansa na wɔadidi anɔpa. Awofo no nyaa wɔn mmɔdenbɔ no so akatua kɛse bere a wɔn mmabarima no pawee nnansa yi sɛ wɔbɛsom Yehowa yi, na wɔde nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne bere a na wɔadi mfe 10 ne 11 no.

Aberante bi a ne ho dwo a ɔresom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Japan no kae sɛ bere a na onyinii koraa no, ne maame boaa no ma ɔne Yehowa nyaa abusuabɔ denam ne nkyɛn a na ɔtra anadwo boa no ma ɔbɔ mpae no so. Ne werɛ mfii ade a ɔkyerɛɛ no no da—ɛmfa ho baabiara a ɔkɔe anaa nea ɔyɛe no, ná Yehowa bɛn no bere nyinaa, na na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa no.

Awofo a wɔatumi atete wɔn mma sua sɛnea wobehu nkɛntɛnso bɔne a ɛwɔ wɔn mma mu esiane sintɔ a wɔde woo wɔn nti no, na wofi ase ntɛm boa wɔn mma no ma wɔyɛ nsakrae wɔ eyinom mu. (Mmebusɛm 22:15) Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ di komam adwene biara a ɛda pɛsɛmenkominya, mpiyɛ, ahantan, afoforo a wɔkasa tia wɔn dodo ho dwuma ntɛm so. Sɛ anyɛ saa a, su a ɛte saa benyin abɛyɛ atua a wɔtew tia Onyankopɔn ne n’akwan akyiri yi. Sɛ nhwɛso no, awofo a wɔwɔ adwempa nanso wɔyɛ ade ma ɛtra so taa ma wɔn mma nya ahopɛ su horow. Ɛyɛ den ma mmofra a wɔte saa no sɛ wobebu wɔn awofo anaa Yehowa, na wɔbɛyɛ te sɛ ‘bonniayɛfo’ a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no. (Mmebusɛm 29:21) Nea ɛne eyi bɔ abira no, mmofra a wɔma wɔn ofie nnwuma, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn ani nkũ afoforo ahiade ho no bɛyɛ wɔn a wɔde aseda ma wɔn awofo ne Yehowa.

Ade foforo a ɛho hia ne sɛ wobefi ase ntɛm de teokrase botae ahorow a ntease wom a abofra betumi adu ho asi n’anim. Sɛ wɔanyɛ eyi ntɛm anka ho asɛm mpɛn pii a, ebia afoforo de botae afoforo bɛhyɛ n’adwene ne ne koma mu. Ɛsɛ sɛ Bible no nyinaa a ɔbɛkenkan, Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow a ɔno ankasa besua, Teokrase Ɔsom Sukuu no a ɔde ne ho behyem, asɛmpa no ho ɔdawurubɔfo a ɔbɛyɛ, ne asu a ɔbɛbɔ ka saa botae ahorow no ho.

Takafumi ka sɛ ne maame maa ɔde yɛɛ ne su sɛ ɔbɛkenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no denam nsemmisa a ɛyɛ mmerɛw a na ɔkyerɛw to gyaade pon so na ofi sukuu ba fie a wabehu no so. Yuri kae sɛ nna kakraa a ɔne akwampaefob a na wɔresom wɔ baabi a Kristofo asomfo ho hia kɛse trae, ɔsom adwuma no a ɔkaa wɔn ho ne wɔn yɛe, nnuan pa a na wɔnoa a ohui, ne wɔn anigye ne wɔn nsiyɛ a ohui no nyaa ne so tumi kɛse ma onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛsom Yehowa wɔ saa kwan no so. Mmofra pii ka sɛ ná wɔn awofo de wɔn kɔ Betel, sɛnea wɔfrɛ Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea ti ne baa dwumadibea ahorow no, bere nyinaa, baabi a na wotumi hu mmerante ne mmabaa afoforo a wɔde anigye resom Yehowa no. Wɔn a wɔkɔsraa Betel bere a na wɔyɛ mmofra no mu pii som wɔ Betel ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no mu mprempren.

Fa Wo Bere ma Wo Mma

Bere a ɛdɔɔso na mfaso wɔ so a wunya ma wo mma no benya wɔn so tumi ma wɔapaw sɛ wɔbɛsom Yehowa anaasɛ wɔnyɛ saa. Wohu bere dodow ne ahosiesie a woyɛ wɔ Bible adesua a wo ne wɔn yɛ no ho ntɛm. Sɛ wuntumi nkae baabi a mode adesua a edi akyiri no sii anaa ade bi a ɛho nhia biara nti wutwa adesua no mu a, na worekyerɛ wɔn sɛ adesua no ho nhia biara. Nanso, sɛ wohu sɛ awofo de nneɛma bɔ afɔre ma adesua no, siesie wɔn ho yiye ma adesua no na wɔyɛ no bere nyinaa, ɛmfa ho nea ɛba biara a, wosua biribi foforo koraa. Ɛwom sɛ ɛnyɛ ahwehwɛde de, nanso ɛnanom bi siesie wɔn ho hyɛ ntade anaa wofura ntama ma wɔn mma adesua te sɛ nea wɔyɛ bere a wɔrekɔ nhyiam horow anaa wɔne ofipamfo bi rekɔyɛ Bible adesua no. Nea wɔde hyɛ wɔn adwenem ne sɛ Yehowa som ho hia.

Bere ne mmɔdenbɔ pii ho hia na woatumi ama wo mma Bible adesua no ayɛ anigye, na woadu wɔn koma mu. Sɛ mmofra nkumaa titiriw hu sɛ wɔyɛ biribi a wɔresua no wɔ ɔyɛkyerɛ kwan so kyerɛ wɔn a, enya wɔn so tumi. Sɛ nhwɛso no, agya bi boaa ne mma ma wɔyɛɛ owusɔre ho mfonini wɔ wɔn adwenem denam Bible mu asɛm a ɛfa Lasaro wusɔre no ho a ɔyɛɛ ho ɔyɛkyerɛ no so. Ɔkɔhyɛɛ ɔdan ketewaa bi mu na afei ofii adi te sɛ Lasaro a wɔanyan no.—Yohane 11:17-44.

Sɛ mmofra no du mpanyin afe so a, egye bere ne ahokokwaw pii na wɔde adi nkate, adwenem naayɛ, ne ɔhaw ahorow a wohyia no ho dwuma. Bere a awofo a wɔwɔ dɔ ne nhumu betu asi hɔ saa bere yi no ho hia yiye, sɛ mmofra no benya Yehowa mu ahotoso a. Agya bi a ɔwɔ mma baanan a otumi tetee wɔn yiye kae sɛ sɛ ne mma hyia nsɛnnennen bi a, ɔyɛ ho nhwehwɛmu, na ɔne wɔn susuw Ɔwɛn Aban Asafo nhoma ahorow mu nsɛm a ɛfa ɔhaw no ho ho da biara kosi sɛ wobedi so koraa.

Ɛna kwampaefo bi a onni adagyew a ɔwɔ mma baanu hui sɛ na ne babea retew ne ho na onni teokrase dwumadi ahorow ho anigye. Enti ɛna no bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma abofra no abɛto no fie bere biara a obefi sukuu aba fie awiabere, na ɔne ne babea no abɔ nkɔmmɔ bere a wɔrenom tii. Ɛdenam ɛna ne ne babea ntam nkɔmmɔbɔ a ɛmaa wohuu wɔn ho yiye so no, abeawa no nyaa mmoa a na ohia no. Afei, bere a owiee ntoaso sukuu no, wakɔka ne maame ho wɔ akwampae adwuma no mu.—Mmebusɛm 20:5.

Fekubɔ ne Nhwɛso Pa

Nea ɛka awofo bere a wɔde bɛma ho no, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn mma nya fekubɔ pa. Mmebusɛm 13:20 ka sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.”

Awofo pii a wɔatumi atete wɔn ma yiye no ahu nokware a saa abebusɛm no yɛ. Agya bi a ɔwɔ mma baanan ka sɛ: “Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, misusuw sɛ nnamfo pii a na yɛn mma no wɔ wɔ nokware no mu ka ho bi na ɛmaa wɔsom Yehowa. Mehyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa nnamfo wɔ asafo afoforo ne yɛn de no mu na wɔnhwɛ ma ennya nkɔso.” Kristoni panyin bi a wasom wɔ Betel mfe pii kae sɛ: “Bere a na minyinii no, na yɛte ofie ketewaa bi mu, nanso na yɛma ɔmansin sohwɛfo no dabere bere nyinaa. Nea ɛka ho no, ná akwampaefo atitiriw a wɔwɔ yɛn asafo mu no ne yɛn didi daa anwummere. Ná woguare wɔ yɛn fie na wɔne yɛn bɔɔ fekuw. Wɔn suahu ahorow a mitiei ne wɔn anigye a mihui no boaa me ma minyaa bere nyinaa som adwuma no ho anigye.”

Fekubɔ pa boa wɔn a wɔwɔ ɔhaw ahorow mu. Ɛna bi a na ne ba rehyia tebea bi a emu yɛ den ne Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo bi bɔɔ ɔhaw no ho nkɔmmɔ. Ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔne abarimaa no nkɔ asɛnka. Ɔhwɛfo no kae sɛ: “Sɛ woyɛ saa a, obenya nkɔso wɔ honhom fam ne nneɛma afoforo nyinaa mu.” Ɛna no bɔ amanneɛ sɛ: “Ná yɛn asafo no wɔ anwummere adansedi ho nhyehyɛe bi, na na mmofra pii a wɔaso sukuukɔ, ne daa akwampaefo pii a wɔn mfe akɔ anim, ne anyɛ yiye koraa no, ɔpanyin biako nya mu kyɛfa. Mfiase no na ɛyɛ den sɛ menya me ba no ma wakɔ daa, nanso ankyɛ na ɔde anigye kɛse baa fie bere nyinaa a fekubɔ pa no ahyɛ no nkuran. Ɔbɔɔ asu bere a na ɔkɔ ntoaso sukuu, na ɔsomee sɛ akwampaefo boafo ɔsram biara, na owiee sukuu no, ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo.” Fekubɔ pa a Yehowa apɛdeyɛ ka ho de nneɛma pa ba.

Ebia na mmofra nni mo hɔnom a wobetumi anya wo ba so nkɛntɛnso pa, nanso, nsɛm a mmofra pii a wɔpawee sɛ wɔbɛsom Yehowa aka no mpɛn pii no fa wɔn awofo nhwɛso ahorow ho. Mmofra pii nyaa obu maa wɔn awofo na wɔpɛe sɛ wosuasua wɔn. Yuri kae ne maame ahɔhoyɛ su ne sɛnea na odwen afoforo ho, ɔne wɔn kasa wɔ telefon so, na ɔnoa nnuan ma ayarefo no. Tatsuo a ofi abusua bi a na mmarimaa baanan na wɔwɔ mu mu a wɔn nyinaa anyinyin na wɔsom Yehowa no kae sɛ: “Ná Maame ntumi ne yɛn nsua ade bere nyinaa efisɛ na Papa nyɛ gyidini, na ohyiaa ɔsɔretia pii fii abusuafo no hɔ. Nanso sɛnea mihui sɛ ogyina nokware no afã ne anigye a ɔde som Yehowa no nyaa me so tumi kɛse. Ná ɔwɔ ɔpɛ nso sɛ ɔne yɛn bɛtra ase akosi ahemadakye de aboa yɛn ma yɛadi yɛn nsɛnnennen ho dwuma.” Tumi wɔ nyansasɛm a awofo ka mu, sɛ wɔde nnwuma pa ka ho a. Yoichiro kaa n’awofo ho asɛm sɛ: “Menkae sɛ wɔkaa afoforo a wɔwɔ asafo no mu ho nsɛmmɔne pɛn; na saa ara na wɔamma yɛn mmofra no nso anni afoforo mfomso ho nseku.”—Luka 6:40-42.

Anigye wɔ Hu a Wohu sɛ Mmofra Paw Yehowa no Mu

Ɔkwantiaa biara nni hɔ a wobɛfa so aboa wo mma ma wɔapaw Yehowa. Wubehyia mmere a emu yɛ den pii. Nanso agya a na wahaw a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kae sɛ: “Sɛ́ awofo no, yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛde nokwaredi bedi nyansahyɛ ahorow a Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no de ma no akyi. Eyi yɛ mmoa kɛse a ɛmaa yetumi dii ɔhaw ahorow so.” Wodii nkonim wɔ wɔn mmɔdenbɔ no mu.

Yiw, ɛdenam Bible no akwankyerɛ akyi a wubedi sɛnea wubetumi biara ama wo mma anya ntease pa a enti ɛsɛ sɛ wɔdɔ Yehowa, ɛne wo nhwɛso a efi nokwaredi mu ne mmɔden a wufi komam bɔ sɛ wobɛboa wɔn so no, ebia awiei koraa no wubedi nkonim wɔ wo mmɔdenbɔ no mu. So wokae abarimaa a yɛadi kan aka ne ho asɛm a osii gyinae bere bi sɛ ɔmmɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no? Bere a ne maame tumi boaa no yiye wɔ mfe a na emu yɛ den ma no no mu no, ɔkae sɛ: “Ɛyɛ me anigye sɛ wampa abaw da!” Ebia ɛbɛba saa ara wɔ wo mma fam.—Galatifo 6:9.

[Ase hɔ nsɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

b Wɔfrɛ Yehowa Adansefo a wɔde wɔn bere nyinaa som no akwampaefo. Akwampaefo boafo de anyɛ yiye koraa no nnɔnhwerew 60 yɛ ɔsom adwuma no ɔsram biara, daa ɔkwampaefo de nnɔnhwerew 90, na ɔkwampaefo titiriw de nnɔnhwerew 140 na ɛyɛ saa.

[Kratafa 30 mfonini]

So wubetumi de anigye abu kɔmpɔ ahwɛ mmofra ntetee mmere a ɛyɛ anigye no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena