Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/95 kr. 1
  • Ahenni ho Asɛm No—Emu Ntease a Yebenya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahenni ho Asɛm No—Emu Ntease a Yebenya
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Ahenni—Worenya Mu Ntease?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Da Biara Da Honhom Fam Aduan—Ɛho Hia ma Kristofo Abusua
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Abusua Nhyehyɛe—Daa Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • ‘Monkɔ So Nhwehwɛ Ahenni No Kan’
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 2/95 kr. 1

Ahenni ho Asɛm No—Emu Ntease a Yebenya

1 Yesu kae wɔ ogufo ho bɛ no mu sɛ aba a eguu “asase pa” mu no gyina hɔ ma “nea ɔte asɛm no, na ɔte ase.” (Mat. 13:23) Bere a yɛate Ahenni no ho asɛm no, ‘yɛate ase’ anaa? Ɛka yɛn asetra dɛn? Yɛde Ahenni nneɛma adi kan de ada no adi sɛ yɛtee asɛm no ase anaa?

2 Egye kokoam adesua na obi ate Ahenni asɛm no ase yiye. Ɛho hia sɛ yegye bere de susuw honhom fam aduan a wɔde ma yɛn no ho. Ɔwɛn-Aban a yɛde ahopere bɛkenkan no te sɛ nea yɛrememene aduan bi a ahoɔden wom ntɛmso. So wugye bere de susuw honhom fam aduan no ho kɔ akyiri? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mu mfaso akosi ase no, ɛsɛ sɛ yenya biribi a ɛkanyan yɛn ne honhom fam akɔnnɔ a ɛfata. Sɛ eyinom nni hɔ a, nneɛma foforo betumi abrɛ mfaso a ɛwɔ kokoam adesua so no ase anaasɛ agye bere a ehia sɛ yɛde yɛ no. Adesua ho nhyehyɛe pa a wobɛbata ho no nna fam. Ɛwom sɛ ɛhwehwɛ sɛ yɛhwɛ yiye de nneɛma a ɛho hia toto yiye de, nanso honhom fam ahonya a yebenya no nni ano.—Mmeb. 3:13-18; Kol. 1:27.

3 Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ no boa yɛn da biara ma yenya Ahenni no ho adwene a ɛfata a ɛma denhyɛ. Wɔn a ‘wɔn ani kũ wɔn honhom mu ahiade ho’ no yɛ nhyehyɛe de simma kakraa bi kenkan kyerɛwsɛm no ne ɛho nkyerɛkyerɛmu da biara da. (Mat. 5:3) Kyerɛw nsɛm pii kyerɛkyerɛ Ahenni no afã horow mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ November 22, 1994 no, kyerɛwsɛm a wɔde dii dwuma ne Mateo 13:4. Ɛho nkyerɛkyerɛmu no kaa Ahenni anidaso no ho asɛm, na ɛkaee yɛn asiane a ɛwɔ fekuw a ɛmfata a yɛne abusuafo ne afipamfo bɛbɔ mu no. Nokwasɛm a ɛne sɛ wɔ Betel afie a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, wɔde simma 15 susuw da biara da asɛm no ho ɛda biara a wɔyɛ adwuma anɔpa no si mfaso a ɛwɔ so ne aniberesɛm a ɛyɛ sɛ wɔbɛbom asusuw da biara da asɛm no ho. Mo abusua no de nkɔmmɔbɔ a ɛte saa aka mo da biara da nhyehyɛe ho?

4 Bere a Ahenni no ho anisɔ a wowɔ yɛ kɛse no, ɛbɛkanyan wo kɛse ma woaka Ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no ma yɛn biribi a yebetumi de atoto adwene mu pɛtro, a ɛde nsɛm a wɔasiesie no yiye a ɛyɛ ne bere mu de hyɛ yɛn adwene mu ho. Ɛboa yɛn ma yɛkɔ so nya adwene kɛse sɛ wiase no hia Onyankopɔn Ahenni. Ɛboa yɛn ma yɛyɛ honhom mufo a ‘wɔwɔ Kristo adwene.’ (1 Kor. 2:15, 16) Eyinom nyinaa betumi ahyɛ yɛn anidaso mu den na ama yɛde nnamyɛ aka Ahenni ho anidaso no akyerɛ afoforo kɛse.—1 Pet. 3:15.

5 Ɛho hia sɛ yɛn ankasa te Ahenni asɛm no ase. Ahenni no ne nea Onyankopɔn nam so bɛma ne tumidi so, ama amumɔyɛ aba awiei, na ɔde wiase foforo—paradise—aba. Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nni kan wɔ yɛn asetra mu. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nkoa a wɔte sɛ nguan wɔ nniso no ase. (Mat. 6:10, 33) Fa hokwan a wowɔ sɛ wubenya emu nhyira horow no di dwuma kosi ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena