Asɛnka—Hokwan a Nidi Wom
1 Asɛmpaka adwuma no yɛ hokwan a nidi wom a Yehowa de ama yɛn. (Rom. 15:16; 1 Tim. 1:12) Saa na wubu no? Ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma bere dodow a abɛsen anaa fɛw a afoforo di brɛ hia a ɛho hia no ase. Onyankopɔn din a ɛda yɛn so no yɛ nidi a wɔde ma nnipa kakraa bi. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama anisɔ a yɛwɔ ma saa hokwan yi ayɛ kɛse?
2 Ahenni no ho asɛm a yɛka no mma yennya wiase no anim dom. Nnipa pii yɛ anibiannaso wɔ yɛn adwuma no ho. Afoforo di ho fɛw na wɔsɔre tia. Ɔsɔretia a ɛte saa betumi afi mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo, anaasɛ abusuafo mpo hɔ. Ebia yɛbɛyɛ wɔn ani so te sɛ nea wɔadaadaa yɛn na yennim nyansa. (Yoh. 15:19; 1 Kor. 1:18, 21; 2 Tim. 3:12) Wɔpɛ sɛ wɔde nsɛm a ebu abam a wɔka no brɛ yɛn mmɔdenbɔ ase na ama yɛatoto adwuma no ase anaa yɛapow hokwan a nidi wom a yɛwɔ no. Satan a ‘wafura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn’ no na ɔhyɛ adwemmɔne ho nkuran. (2 Kor. 4:4) Woyɛ w’ade dɛn wɔ ho?
3 Ɛho hia sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ Ahenni no ho asɛm a yɛka no ne adwuma a ɛho hia sen biara a yɛn mu biara betumi ayɛ nnɛ. Yɛn na yɛwɔ nkwagye asɛm a wontumi mfa ɔkwan foforo biara so nnya. (Rom. 10:13-15) Onyankopɔn anim dom a yebenya ne ade a ɛho hia, na ɛnyɛ onipa de. Adwemmɔne a wiase no wɔ wɔ yɛn asɛnka adwuma no ho no mmu yɛn abam sɛ yɛbɛka asɛmpa no akokoduru so.—Aso. 4:29.
4 Yesu buu hokwan a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ n’Agya apɛde no sɛ ɛsom bo kɛse. (Yoh. 4:34) Ɔde ne ho maa ɔsom adwuma no koraa, na wamma nneɛma a ɛtwetwe adwene anaa asɔretiafo amma wantoto adwuma no ase. Ahenni ho asɛnka dii kan wɔ n’asetram bere nyinaa. (Luka 4:43) Wɔhyɛ yɛn sɛ yenni ne nhwɛso akyi. (1 Pet. 2:21) Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛresom sɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo.” (1 Kor. 3:9) Yɛde hokwan yi redi dwuma akosi ase? Yɛhwehwɛ hokwan ahorow de ka asɛmpa no kyerɛ afoforo, bere a yɛkɔ asɛnka ne bɔnnɔ so? Sɛ́ Yehowa Adansefo no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado bere nyinaa sɛ “yɛbɛbɔ ne din wɔ baguam.”—Heb. 13:15, New World Translation.
5 Adwuma no mu kyɛfa a yenya no gyina yɛn suban so kɛse. Yɛwɔ anisɔ kɛse ma nea Yehowa ayɛ ama yɛn nyinaa no? Yɛanya Yehowa ho dɔ yɛn komam, na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ne som adwuma mu? Yehowa nhyira ahorow a yenya mprempren ne nea wahyɛ bɔ sɛ yebenya daakye no boa yɛn ma yenya ɔdɔ kɛse ma yɛn Bɔfo no. Ɔdɔ a ɛte saa no kanyan yɛn ma yɛyɛ biribi—yɛma Ahenni asɛnka adwuma a yɛyɛ no daa nya nkɔanim kodu baabi a yɛn nsɛm tebea ma yɛn kwan. Yɛn mmɔdenbɔ kyerɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko.—Marko 12:30, 31.
6 Yɛnam dwuma a yɛde biribi di ne ɛho asɛm a yɛka so kyerɛ sɛnea dekode no som bo kɛse ma yɛn. Yebu hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛka Ahenni no ho asɛm no sɛ ɛsom bo ampa? Yebu yɛn som? Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ adwuma a ɛho hia yi, a ɔsɔretia mfa ho? Sɛ yebu hokwan a ɛyɛ anigye yi sɛ ɛsom bo kɛse a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛyɛ nsi na yɛafi yɛn koma nyinaa mu adi ho dwuma.—2 Kor. 4:1, 7.