Ahenni Asɛnka—Hokwan a Ɛsom Bo
1 Asase so nnipa ɔpepepem pii nya Yehowa ayamye so mfaso da biara. (Mat. 5:45) Nanso wɔn mu kakraa bi na woanya hokwan soronko reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa de rekyerɛ nea wɔn Bɔfo no ayɛ ama wɔn no ho anisɔ. (Mat. 24:14) Wokyerɛ hokwan a ɛsom bo yi ho anisɔ kɛse?
2 Ahenni asɛnka no hyɛ Onyankopɔn anuonyam na ɛma nnipa a basabasayɛ a ɛrekɔ so nnɛ haw wɔn no nya anidaso ne asomdwoe. (Heb. 13:15) Ɛkyerɛ daa nkwa ma wɔn a wotie asɛm a yɛka no. (Yoh. 17:3) Honam fam adwuma bɛn na ɛma obi nya mfaso a ɛte saa? Ɔkwan a ɔsomafo Paulo faa so yɛɛ ne som adwuma no daa ɛho anisɔ a ɔwɔ no adi. Obuu no sɛ agyapade.—Aso. 20:20, 21, 24.
3 Kyerɛ Hokwan Soronko no Ho Anisɔ: Ɔkwan biako a yɛnam so kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛde ka asɛm no ne sɛ yɛbɛma yɛn ani akũ sɛnea yɛyɛ no no ho. So yegye bere de siesie nsɛm a yɛbɛka ma aka yɛn atiefo koma? Yebetumi atu mpɔn wɔ sɛnea yɛde Kyerɛwnsɛm no di dwuma ne sɛnea yɛne nkurɔfo susuw nsɛm ho no mu? Yɛyɛ asasesin a wɔde ama yɛn no mu adwuma fefeefe? Yenim sɛnea yebefi Bible adesua ase na yɛatoa so ayɛ? Te sɛ tete ne nnɛ mmere mu Kristofo anokwafo no, adwuma yi ho adwempa a yɛwɔ no kanyan yɛn ma yɛkyerɛ hokwan a yɛanya no ho anisɔ.—Mat. 25:14-23.
4 Bere a onyin, yare anaa tebea foforo a emu yɛ den rehaw yɛn no, ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ mmɔden a yɛde yɛ ɔsom adwuma no wɔ tebea a ɛte saa mu no som bo kɛse. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ mmɔden a yɛbɔ de som Yehowa no som bo ma no, ɛmfa ho sɛ ebia afoforo renkyerɛ mmɔdenbɔ a ɛte saa ho anisɔ no.—Luka 21:1-4.
5 Yenya abotɔyam kɛse fi Ahenni asɛnka no mu. Onuawa bi a wadi mfe 92 kae sɛ: “Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ bɛboro mfe 80 a mede asom Onyankopɔn nokwarem no a, mihu sɛ ɛyɛ hokwan kɛse—minnuu me ho! Sɛ meresan ayɛ ababaa bio a, anka saa kwan yi ara so na mɛfa, efisɛ ‘Onyankopɔn adɔe ye sen nkwa’ ampa.” (Dw. 63:3) Yɛn nso, momma yɛnkyerɛ hokwan a ɛsen biara a Onyankopɔn de ama yɛn—Ahenni asɛnka adwuma—no ho anisɔ.