Yɛ Sankɔhwɛ Ahorow Fa Kyerɛ sɛ Wudwen Afoforo Ho
1 Anigyefo a wobɛhwehwɛ wɔn wɔ afie afie no kyerɛ ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛma afoforo anya hokwan ate Ahenni ho asɛm no. Enti hwɛ hu sɛ wobɛsan akɔsra obiara a woma no nhoma wɔ January ɔsram yi mu no, efisɛ eyi yɛ ɔkwampa a wonam so bɛkyerɛ sɛ wudwen afoforo ho.
2 Sɛ wode nhoma “Let Your Kingdom Come” mae a, wubetumi afi nkɔmmɔbɔ ase bio sɛ:
◼ “Nnaano yɛbɔɔ Onyankopɔn Ahenni ne nneɛma a ɛbɛyɛ ama yɛn ho nkɔmmɔ. Ɛrenkyɛ, saa Ahenni no bɛdan asase yi paradise. Esiane sɛ yenhuu paradise da nti, ebia ɛbɛyɛ yɛn den sɛ yɛbɛyɛ ho mfonini wɔ yɛn adwenem. Sɛnea ebetumi ayɛ ni. [Twe adwene kɔ mfonini a ɛwɔ nkratafa 4 ne 5 no so.] Wɔahyɛ paradise a ɛte saa ho bɔ wɔ Bible no mu.” Kenkan Dwom 72:7. Sɛ ɔkyerɛ anigye a, bue kratafa 175, nkyekyem 3 ne 4, na kyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra Paradise a ɛreba no mu a.
3 Nyansahyɛ a wubetumi de akɔyɛ “Happiness—How to Find It” nhoma no a wode mae ho sankɔhwɛ ni:
◼ “Yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yenya anigye. Nnipa pii susuw sɛ yentumi nnya nokware anigye wɔ wiase yi mu. Wote nka dɛn wɔ ho? [Twɛn ma ommua.] Wɔaka sɛ anigye gyina adwene mu tebea so. Sɛ afoforo ho dɔ, obu a yɛwɔ ma Onyankopɔn, ne daakye ho anidaso a ahotoso wom ahyɛ yɛn adwenem mã a, yebetumi anya nokware anigye, ɛmfa ho nsɛnnennen a yɛwɔ.” Kenkan Dwom 119:1, 2. Kyerɛkyerɛ mu sɛ Bible sua kyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛdɔ afoforo, yebenya obu ama Onyankopɔn, na yɛanya daakye ho anidaso a awerɛkyekye wom.
4 Wubetumi de nkɔmmɔbɔ tiatiaa te sɛ eyi akɔyɛ “Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ—Ɛhe na Efi?” nhoma no a wode mae ho sankɔhwɛ:
◼ “Wiase atumfoɔ a wɔwɔ hɔ nnɛ ntumi mmaa asomdwoe ne ahotɔ mmae. Yehowa Nyankopɔn nkutoo ne obi a obetumi ayɛ saa. Bible no kyerɛ yɛn nea ehia sɛ yɛyɛ. [Munsusuw nsɛm a ɛwɔ kratafa 178, nkyekyem 1 ne 2 ho, na afei monkenkan Yesaia 26:4.] Mɛpɛ sɛ mekyerɛ wo sɛnea nhoma yi betumi aboa wo.”
5 Wubetumi de nyansahyɛ yi akɔyɛ “So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?” “brochure” a wode ma ho sankɔhwɛ:
◼ “Nnaano memaa wo brochure yi a ɛde asemmisa bi a ɛho hia ba no biako: ‘So Onyankopɔn dwen yɛn ho ampa?’ Bere a woahwehwɛ brochure yi mu no, adwene bɛn na woabenya? [Twɛn ma ommua.] Ɛda adi sɛ kyerɛw nsɛm a ɛhyɛ paradise wiase foforo a yebetumi atra ase asomdwoe mu ho bɔ a wokenkanee no hyɛɛ wo nkuran. [Fa mfonini a ɛwɔ nkratafa 2 ne 3 no kyerɛ no, na kyerɛ no wiase foforo no mu nneɛma a ɛyɛ anigye no bi.] Mewɔ awerɛhyem sɛ wobɛpɛ sɛ wo ne w’adɔfo tra wiase a ɛte saa mu. Hyɛ nea kratafa 31 nkyekyem 16 ka fa eyi ho no nsow.” Kenkan nkyekyem no, na kyerɛ sɛ nea Yehowa a wɔhwehwɛ no no kyerɛ ne sɛ obi besua n’Asɛm Bible no de ahu ɔno ne n’atirimpɔw ahorow ho ade pii.
6 Yehowa ayɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ sɛ Oguanhwɛfo a ɔwɔ dɔ a odwen ne nguan ho. (Hes. 34:11-14) Koma mu a yefi bɔ mmɔden sɛ yebesuasua ne hwɛ a ɔdɔ wom no sɔ n’ani, ɛda yɛn dɔ adi, na ɛde nhyira brɛ afoforo.