Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/95 kr. 8
  • Yɛn Nhoma Dedaw no a Yɛde Bedi Dwuma Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Nhoma Dedaw no a Yɛde Bedi Dwuma Yiye
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wode Nhomawa Yi Redi Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Boa Mmusua Ma Entu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Sɛnea Yɛde Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Bɛma
    Yɛn Ahenni Som—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 1/95 kr. 8

Yɛn Nhoma Dedaw no a Yɛde Bedi Dwuma Yiye

1 Yehowa ama yɛn honhom fam aduan a ɛyɛ dɛ pii. Saa nneɛma yi mu fã kɛse no ara yɛ nhoma a ekura nkratafa 192 a wɔatintim wɔ nnansa yi mfe mu. Yɛde nhoma biara a ayɛ kɔɔ anaasɛ ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1982 reba a ɛnsɛee no biara bɛma wɔ January mu. Mo asafo no wɔ bi wɔ hɔ? Sɛ saa a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkenken emu nsɛm no na woapaw nkɔmmɔbɔ nsɛm bi a wubetumi aka akyerɛ nkurɔfo.

2 Sɛ wode nhoma “Let Your Kingdom Come” rema obi a, wubetumi aka eyi de afi ase:

◼ “Bɛyɛ mfe 2,000 ni a Kristofo abɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra. Wususuw sɛ dɛn na Ahenni no bɛyɛ ama adesamma? [Twɛn ma ommua. Dan adwene kɔ adaka a ɛwɔ kratafa 25 no so, na kyerɛ nhyira horow a yebenya wɔ Ahenni no mu no bi.] Nhoma yi ka nneɛma a Ahenni no bɛyɛ ho asɛm na ɛkyerɛkyerɛ sɛnea wo ne w’adɔfo benya so mfaso. M’ani begye ho sɛ mede biako yi bɛma wo de agye ntoboa ₵800.”

3 Sɛ wode nhoma “Happiness—How to Find It” rema obi a, wubetumi asɔ eyi ahwɛ:

◼ “Ɛyɛ den ma nnipa dodow no ara sɛ wobenya anigye wɔ wiase yi mu efisɛ ɔhaw pii wom. Wususuw sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ yebenya anigye wɔ tebea a ɛwɔ hɔ seesei yi mu? [Twɛn ma ommua. Bue kratafa 41, na kyerɛ no ɔhaw ahorow a abu so a ɛma yedwennwen no bi.] Bible no kyerɛ sɛnea yebetumi agyina ɔhaw ahorow yi ano na awiei koraa no yɛanya anigye a enni awiei wɔ wiase foforo bi a asomdwoe wom mu. [Bue kratafa 190, na kenkan Yesaia 32:17, 18.] Bible no de afotu pɔtee a ebetumi aboa ama yɛanya anigye kɛse wɔ asetra mu ma. Nhoma yi ka saa afotu no ho asɛm na ɛkyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi de adi dwuma no mu.”

4 Sɛ wode “Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ—Ɛhe na Efi?” nhoma a ayɛ kɔɔ no rema a, wubetumi asɔ eyi ahwɛ:

◼ “Obiara bɛpɛ sɛ ɔtra wiase bi a asomdwoe ne ahotɔ wom mu. Awerɛhosɛm ne sɛ yennyaa eyi wɔ yɛn nkwa nna mu. Wususuw sɛ dɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ na yɛanya asomdwoe ne ahotɔ ankasa? [Twɛn ma ommua.] Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɛma asomdwoe aba asase yi so, na wahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛba.” Bue mfonini a ɛwɔ kratafa 4 no, na afei kenkan Mika 4:3, 4 na munsusuw ho bere a wode nkratafa 103-4 hɔ nsɛm di dwuma no. Fa nhoma no ma no, na yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.

5 Ebia wobɛpɛ sɛ wode “brochure” “So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?” no ma obi. Sɛ saa a, wubetumi aka eyi:

◼ “Nnipa pii nhu nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu pii ho kwan wɔ wiase. Esiane sɛ ɔne ade nyinaa so tumfoɔ nti, dɛn nti na ɔnyɛ biribi mma amanehunu to ntwa? Wote nka dɛn? [Twɛn ma ommua.] Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn nnyaw yɛn.” Bue kratafa 27, nkyekyem 22, na kenkan Dwom 37:11, 29. Twe adwene si mfonini a ɛyɛ fɛ a ɛkyerɛ nea ɛbɛba daakye no so. Fa brochure no ma no. Yɛ nhyehyɛe na woasan akɔ hɔ akofi Bible adesua ase.

6 Yɛn nhoma akanyan nnipa mpempem pii ma wɔahwehwɛ Bible no mu yiye. Nea wɔahu no ama wɔanya anidaso sɛ wɔn ani begye daakye. (Dw. 146:5) Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛboa wɔn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena